Daniel Kwame Ampofo

Ɛfi Wikipedia

Daniel Kwame Ampofo a yɛwoo no Kɔntɔnimaa bosome da a ɛtɔ so nsia wɔ afe apem ahankron ne aduonum (1950) mu yɛ Ghana amanyɔni ne Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan mu mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so naan mu nnipa a ɔgyina hɔ ma South Dayi mpɛsoa wɔ Fraw mantam wɔ Ghana.[1]

Hon
Daniel Kwame Ampofo
South Dayi Mpɛsoa Mmarahyɛbadwani
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 2001 – Ɔpɛpɔn 6, 2009
OdikanfoAlexander R. Ababio
AnanmusiniSimon Edem Asimah
Ne ho asɛm
Awo bereKɔntɔnimaa 6, 1950
South Dayi, Fraw Mantam, Gold Coast
Ne manGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress (NDC)
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana, University of Pennsylvania
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaChemical Engineer

Abrabɔ Ahyɛase ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Ampofo wɔ Dayi a ɛwɔ Fraw Mantam mu wɔ Ghana wɔ Kɔntɔnimaa bosome da a ɛtɔ so nsia wɔ afe apem ahankron ne aduonum (1950) mu. Ɔnyaa Bachelor of Science degree abasobɔdeɛ wɔ University of Ghana mu. Ɔtoaa so kɔɔ University of Pennsylvania a ɔnyaa ne Masters of Science abasobɔdeɛ.

Adwuma[sesa]

Ampofo adwuma a ɔyɛ ne chemical engineer.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ampofo yɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Bagua no muni. Na ɔyɛ South Dayi Constituency mmarahyɛ baguani wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so mmiɛnsa akyi a ɔdii nkonim wɔ afe 2000 Ghana amansan abatoɔ mu.[2]

2000 Abatow a Wɔyɛe[sesa]

Wɔpaw Ampofo sɛ mmarahyɛ baguani mma South Dayi mantam no wɔ afe 2000 Ghana amansan abatow no mu .[3] Odii nkonim wɔ abatow no mu wɔ National Democratic Congress tekiti so .[3]

Na ne mansin no yɛ mmarahyɛ bagua nkongua 17 a ɛwɔ nkongua 19 a National Democratic Congress dii wɔ saa abatow no mu maa Volta Mantam no mu no fa . National Democratic Congress dii nkonim kakraa bi a ne nyinaa yɛ mmarahyɛ bagua nkongua 92 wɔ nkongua 200 a ɛwɔ mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛwɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mu.

Wɔde abatow 10,392 paw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 14,239 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 74.1% yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Kofi Sabon Asare a ofi Convention People's Party, Agyepong D. Odoba a ofi New Patriotic Party ne Yao Peter Nkrumah a ofi People's National Convention .[4]

Eyinom nyaa abatow 2,662,920 ne 49 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 19%, 6.6% ne 0.3% yɛ pɛ.[5]

2004 Abatow a Wɔyɛe[sesa]

Wɔsan paw no sɛ ɔmmɛyɛ Mmarahyɛ Bagua no wɔ National Democratic Congress tekiti so wɔ December 2004 Ghana Amansan abatoɔ a ɔgyinaa South Dayi Mansin ananmu wɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana. Ɔnyaa abatoɔ 3,168 wɔ abatoɔ 6,305 a ɛfata a wɔtoo no mu a egyina hɔ ma 50.20%.

Wɔpaw no sen Ernest Patrick Mallet a ofi New Patriotic Party no mu ne Bernard Duose a ɔyɛ obi a ɔde ne ho. Eyinom nyaa abatow 2,284 ne abatow 853 f abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 36.2% ne 13.5% yɛ pɛ.[6]

Na ne mantam no yɛ amansin 20 a National Democratic Congress dii nkonim wɔ Greater Accra mantam mu wɔ saa abatow no mu no fa. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, National Democratic Congress no nyaa mmarahyɛ bagua nkongua 94 wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nnan no mu.

Ankorankoro asetra[sesa]

Ampofo yɛ Kristoni.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. https://www.modernghana.com/news/11451/mps-volta-region.html
  2. Ghana Parliamentary Register (2004 - 2008). Ghana: The Parliament of Ghana.
  3. 3.0 3.1 Electoral Commission of Ghana -Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 57.
  4. Electoral Commission of Ghana -Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 57.
  5. Electoral Commission of Ghana -Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 57.
  6. Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections (PDF). Ghana: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 202.