Daniel Botwe

Ɛfi Wikipedia

Daniel Kwaku Botwe (wɔwoo no Ɔgyefoɔ da a ɛtɔ so aduonu nsia wɔ afe apem ahankron aduonum nwɔtwe mu, February 26, 1958)[1] yɛ Ghana Mmarahyɛbadwani[2][3] ma Okere abatoɔ Mpɛsoa so wɔ Apueeɛ MantamGhana.[4] Ɔyɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Information ne

Hon.
Dan Botwe
MP
Image of Dan Botwe
Member of the Ghana Parliament
for Okere
Mprenpren
Bere
7 January 2009
OdikanfoBrandford Kwame Daniel Adu
Minister for Information and National Orientation
Bere
2005–2006
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoNana Akomea
AnanmusiniKwamina Bartels
Ministry of Regional Reorganization and Development
Mprenpren
Bere
February 2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Odikanfo(New Ministry)
Ne ho asɛm
Awo bere
Dan Kweku Botwe

26 February 1958 (1958-02-26) (age 66)
Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma3
Sukuu a w'akɔAchimota School
N'adwumaICT specialist

National Orientation wɔ Ɔmanpanin dada John Agyekum Kufour ammamuo mu. Ɔsane bɛyɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Regional Reorganisation ne Development. Ɔsan bɛyɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Local Government, Decentralisation ne Rural Development wɔ Nana Akufo-Addo[5] ammammuo mu.[6]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Dan Kwaku Botwe wɔwoo no Ɔgyefoɔ da a ɛtɔ so aduonu nsia wɔ afe apem ahankron aduonum nwɔtwe mu, (February 26, 1958) wɔ Apueeɛ Mantam wɔ Ghana. Ɔfiri Abiri Akuapem.[1] Ɔkɔɔ sukuu wɔ Presbyterian Primary and Middle Schools wɔ Mabang wɔ Ahafo-Ano Mansini wɔ Asante Mantam wɔ ahyesia sukuu. Ɔyaa ne GCE Ordinary level certificate ɛfiri Kumasi Academy, na ɔyaa GCE Advanced level certificate wɔ 1977 ɛfiri Achimota School. Ɔyaa sukuu mu kwan kɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology kɔ sua computer science.[7]

Adwumayɛ[sesa]

Wɔ 1985, Ghana Cocobod faa Botwe adwuma sɛ kɔmputa analyst.[8] Ɔyɛ adwuma no kɔ pem afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa (1993), na ɔgyaeɛ kɔ yɛɛ akorankora adwuma. Yɛ yi sɛ director ma Danmaud Limited, akorankoran adwuma ɛwɔ Accra.[7]

Amanyɔsɛm[sesa]

Bere a na ɔwɔ KNUST, ɔmo yi no sɛ kyerekyere foɔ panyin ma National Union of Ghana Students (NUGS) ɛfiri 1982 kɔsi 1983. N'abatoɔ no ne asolgyafoɔ manmou a Provisional National Defence Council nsa hyɛ asie. Ɛna sɛ ɔkasa tia sogyafoɔ amamou nti, ɔmo hu no sɛ ɔha adwene. Ɔmo de ɔno ne Ghanafoɔ bi kɔto afiase wɔ Ivory Coast.[2] Ɔsan ba a Ghana bɛyɛ adwuma sɛ computer analyst wɔ Ghana cocoa board ɛfiri 1985 kɔsi 1993 ansa na ɔkɔyɛ n'adwuma.[9]

Botwe kɔ gyina sɛ New Patriotic Party tweretwerefoɔ panin na ɔdi nkunim wɔ 1998.[10] Na ɔdi akotene wɔ Ɔmanpanin dada John Kufour abatoɔ sɛ ɔmanpanyin wɔ 2000 abatoɔ.[2] Ɔsan som amanyoɔ kuo wɔ akwan bebree, ɔkɔ yɛɛ National Treasurer ma Mmabunu kuo wɔ New Patriotic Party, ɔsan bɛyɛ Director of Operations and Research wɔ National Headquarters.[2][10] Ɔmanpanyin Akufo-Addo kyere sɛ ɔyɛ nipa a ɔsom bo sɛ ɔyi New Patriotic Party ɛfiri opposition ɛde ɔmo ɛba aban mu wɔ 2001.[11]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Dan Botwe kɔgyina sɛ mmarahyɛbadwani wɔ Okere wɔ afe 2008, bere na nea ɔgyina mmarahyɛbadwa mu deda, Brandford Kwame Daniel Adu yɛɛ n'adwene sɛ ɔtua so bioam sɛ mmarahyɛbadwani. Botwe yaa 11,974 mba ɛfiri 19,684 mma no nyinaa a ɛgyina hɔ ma 60.8% a ɛtumi ma no bɛyɛ mmarahyɛbadwani.[12] Ɔtua so di nkonim wɔ 2012, 2016 ne 2020.[2]

Na ɔyɛ minority chief whip wɔ mmarahyɛbadwa ɛtɔ so nsia ɛfiri 2013 kɔ si 2017. Ɔyɛ mmarahyɛbadwani w'aboa ne npesoa so bebree. Ɔhyɛɛ bo sɛ Dreams FC, agoro kansie kuo ɛwɔ Ghana Premier League sɛ ɔbɛboa mɔ ma wɔ abo wɔ bɔɔ wɔ Dawu a ɛwɔ ne mpɛsua so.[13]

Frakaatuo[sesa]

Botwe kɔ gyina wɔ afe 2007 sɛ New Patriotic Party frankaatuofoɔ akansie. Saa akansie no nea amanyɔ kuo no hyehyɛ sɛ wode bɛyi obi ama no agyina mu ama wɔn mo ɛbere a Ɔmanpanyin dadaw John Agyekum Kufour ɛfiri aban mu sɛ Ɔmanpanyin. Botwe ne nipa 16 na ɛgyina wo saa akansie. Abatoɔ kɔ so wɔ Nkran ɛwɔ 22 Opɛnima, 2007.[14] Botwe susu sɛ frakaatuo no hyia obi ɔyɛ ɔbabunu na nyɛ obi a wayin.[14] Ɔdii nkuguo maa Nana Akufo-Addo dii nkunim.[10]

Ɔsoafoɔ ɔhwɛ amanneɛ so[sesa]

Ɛfiri 2006 kɔsi 2007, ɔsom sɛ Ɔsoafoɔ ɔhwɛ amanneɛ so wɔ Ɔmanpayin dada John Agyekum Kufour amanmuo mu. Ɔbɛ dii Kwamina Bartels adeɛ wɔ asoa hɔ.

Ɔsoafoɔ ɔhwɛ regional reorganisation so[sesa]

Wɔ Opepon 2017, Ɔmanpanyin Akufo-Addo bɔɔ Botwe din sɛ ɔsoafoc a ɔhwɛ asoɔyɛ foforo wate, Regional Reorganization ne Development. Akufo-Addo tee asoayɛ sɛ ɛhyɛ mantam foforo ɔmo rebɛte. Ɔmo kyɛɛ Firaw Mantam yaa Oti Mantam, Atɔeɛ Atifi Mantam.[15]

Aban asoafoɔ mpanimfoɔ[sesa]

Wɔ Kotonimma 2017, Ɔmanpanyin Nana Akufo-Addo bɔɔ Dan Botwe din sɛ ɔka asoafoɔ 19 ɔde tea n'aban mpanimfoɔ.[16] Ɔde wɔn asoafoɔ 19 din no kɔ mmarahyɛbadwa fie maa mmarahyɛbadwa kasamafoɔ, Rt. Hon. Prof. Mike Ocquaye[16] ka kyerɛ mmarahyɛbadwafoɔ no. Ɔka asoafoɔ mpanimfoɔ nti Dan Botwe ka asoafoɔ wɔn mo tu Ɔmanpanyin foɔ.[16]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Dan Kwaku Botwe aware wo nkwadaa mmiɛnsa. Ɔyɛ Kristoni a ɔkɔ asore wɔ Baasere.

Nsɛm a ɛwɔ saa atwerɛwsɛm yi mu sua. Wobɛtumi di bi aka ho aboa Wikipedia.

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Ghana HomePage, resource for News, Sports, Facts, Opinions, Business and Entertainment, retrieved 2023-10-01
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 Ghana Economic Update, June 2017: Shifting Ghana's Competitiveness into a Higher Gear, 2017-06, doi:10.1596/27520, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. Kwadwo Addo Tuffuor (2023-12), "Peace, justice and security in Ghana: The need for peace education", World Development Sustainability, vol. 3, p. 100086, doi:10.1016/j.wds.2023.100086, ISSN 2772-655X, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  4. Benjamin Botwe (2018-07-11), Sediments in the Tema Harbour (Ghana), CRC Press, ISBN 978-0-429-83648-0, retrieved 2023-10-01
  5. 2nd Ministerial list out: Akufo-Addo creates new ministries, re-aligns old - MyJoyOnline.com, 2017-07-31, archived from the original on 2017-07-31, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  6. Felipe Fernández-Armesto (2000-02), Columbus, Christopher (?–20 May 1506), explorer, American National Biography Online, Oxford University Press, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  7. 7.0 7.1 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  8. GNA (2021-02-16), Profile of Mr Dan Botwe (in American English), retrieved 2023-10-01
  9. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  10. 10.0 10.1 10.2 ghananewsagency.org, archived from the original on 2023-06-09, retrieved 2023-10-01
  11. "Dan Botwe", Wikipedia (in English), 2023-09-06, retrieved 2023-10-01
  12. Peace FM (2014-12-17), Parliament - Okere Constituency Election 2008 Results, retrieved 2023-10-01
  13. "Berejiklian, Hon. Gladys, (born 22 Sept. 1970), MP (L) Willoughby, New South Wales, since 2003; Premier of New South Wales, Australia, since 2017", Who's Who, Oxford University Press, 2017-12-01, retrieved 2023-10-01
  14. 14.0 14.1 Presidency not retirement package – NPP Dan Botwe – GhanaPoliticsOnline.com (in American English), 2007-09-17, retrieved 2023-10-01
  15. 2nd Ministerial list out: Akufo-Addo creates new ministries, re-aligns old - MyJoyOnline.com, 2017-07-31, archived from the original on 2017-07-31, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  16. 16.0 16.1 16.2 Arts Minister Catherine Afeku makes it to Cabinet | Entertainment 2017-05-31, 2017-07-31, archived from the original on 2017-07-31, retrieved 2023-10-01