Brandford Kwame Daniel Adu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Brandford Kwame Daniel Adu
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Okere mpɛsoa
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Member of Parliament for Okere Constituency
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Awo bere2 June 1942 (1942-06-02) (age 81)
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔGhana Institute of Management and Public Administration
N'adwumaBusiness executive

Wɔwoo Brandford Kwame Daniel Adu Ayɛwohomumɔ da a ɛtɔ so mmienu, afe apem ahankron aduanan mmienu mu. Ɔyɛ Ghanani amanyɔni a na ɔka mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa ne nan no ho wɔ repɔblik a ɛtɔ so nan no mu wɔ Ghana. Ɔgyinaa Okere abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ Mantam mu wɔ Ghana no anan mu. [1]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Wɔwoo Brandford Kwame Daniel Adu Ayɛwohomumɔ da a ɛtɔ so mmienu, afe apem ahankron aduanan mmienu mu. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Institute_of_Management_and_Public_Administration, GIMPA kɔgyee nteteɛ nyaa abodin krataa Diploma in Piant Technology.[1]

N'adwumasɛm[sesa]

Adu Adwuma titire ne sɛ ɔyɛ ɔpanin a ɔda ɔhwɛ nnwumakuo bebree so. Afei nso, ɔsane yɛ amanyɔni.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Adu yɛ New Patriotic Party, Ɔsono amanyɔkuo no mu ni.[1] Ɔsomm wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa ne nan no mu wɔ Republik a ɛtɔ so nan no mu wɔ Ghana wɔ Okere abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ Mantam mu no mu.[1] Ɔgyee mmarahyɛ badwa adwa no firii Fuzzy Dapaah Torbay a na ɔgyina mu ma National Democratic Congress, Kyiniiɛ Amanyɔkuo no anan mu berɛ na mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so mmienu no di wɔn dwumadie reba awieeɛ wɔ Repɔblik a ɛtɔ so nan no mu. Nanso, berɛ a cde ne som afe a ɛtɔ so mmienu no baa awieeɛ no, Owura bi a wɔfrɛ no Daniel Botwe a na ɔno nso firi Ɔsono Amanyɔkuo no mu bɛtuu no adeɛ so. [3][4]

Mfeɛ mpenu abatoɔ[sesa]

Wɔtoo aba maa Adu sɛ mmarahyɛ badwani wɔ Okere abatoɔ mpasua no mu wɔ mfeɛ mpenu ɔman abatoɔ no mu.[5] Wɔto maa no sɛ Ɔsono Amanyɔkuo no ananmusini.[6] N'akonnwa no ka ho bi na Ɔsono Amanyɛkuo no tumi nyaa mmarahyɔ badwa nkonnwa aduonu nsia a na ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu no mu dunwɔtwe wɔ saa abatoɔ no mu.[6] Ɔsono Amanyɛkuo no na wɔnyaa mmarahyɛ badwa nkonna no mu dodoɔ no ara. Wɔnyaa nkonnwa ahanu a na ɛwɔ mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu ɔha wɔ Repɔblik a ɛtɔ so nan no mu. Ɔnyaa abatoɔ no mu mpem nson, ahasa aduonu-mmienu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduanan-nson akyiri pɔ aduasa. [7] Nnnipa a ɔdii ɛɔn so nkunim wɔ abatoɔ no mu no ne Fuzzy Dapaah Torbay a na ɔgyina hɔ ma National Democratic Congress amanyɔkuo no, Seth Otibu Mpare a na ɔgyina hɔ ma Convention People's Party, David Opare a na ɔno nso ɔgyina hɔ ma National Reform Party ne Simson Samuel Duodu a na ɔgyina hɔ ma People's National Convention amanyɔkuo no. Saa nnipa yinom nyaa abatoɔ no mu 7,313, 508, 264 ne 77 (Wɔahyehyɛ no sɛdeɛ wɔahyehyɛ edin no ara pɛ) wɔ ababtoɔ no nyinaa mu.[7] Yei gyina hɔ ma ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduanan-nson akyiri pɔ aduonu, ɔha mu nkyɛmu mmiɛnsa akyiri pɔ aduasa, ɔha mu nkyɛmu baako akyiripɔ aduoson ne ɔha mu nkyɛmu hwee akyiripɔ aduonum wɔ aba dodoɔ a wɔtoeɛ no nyinaa mu.[7]

Mfeɛ mpenu ne nan abatoɔ[sesa]

Wɔtoo aba maa Adu sɛ mmarahyɛ badwani wɔ Ɔsono Amanyɔkuo no din mu wɔ mfeɛ mpenu ne nan Ɔpɛnima abatoɔ no mu maa no kɔgyinaa Okere abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ Mantam mu wɔ Ghana no anan mu sɛ mmarahyɛ badwani.[7] Nnipa a wɔtoo aba saa berɛ no nyinaa dodoɔ yɛ mpem dunwɔtwe, ahanan ne dumienu. Yei mu no, nnipa mpem du, ahankron ne mmienu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu kyɛmu aduonum-nkron akyiripɔ aduonu na wɔtoo aba maa no. Nnipa a ɔdii wɔn so nkunim no ne Gloria Adu Nartey a na ɔgyina hɔ ma National Democratic Congress amanyɔkuo no ne Akoto Kwasi a na ɔno nso gyina hɔ ma Convention People's Party no.[8] Gloria Adu Nartey nyaa abatoɔ no mu mpem nsia, ahanwɔtwe ne aduosia nson a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduasa nson akyiripɔ mmiɛnsa, ɛnna Akoto Kwasi nso nyaa abatoɔ no mu ahansia ne aduanan-mmiɛnsa a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu mmiɛnsa akyiripɔ num wɔ aba a wɔtoeɛ no nyinaa mu.[7] Na ne mpasua no ka mpasua aduonu-mmienu a Ɔsono Amanyɔkuo no dii so nkunim wɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ saa abatoɔ no mu no ho.[9] Yɛka ne nyinaa bɔ mu a, Ɔsono Amanyɔkuo no nyaa mmarahyɛ badwa nkonnwa a ne dodoɔ yɛ ɔha aduonu-nwɔtwe wɔ mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nan wɔ Repɔblik a ɛtɔ so nan wɔ Ghana abatoɔ no mu.[10]

N'abrabɔ[sesa]

Adu yɛ Kristo[2]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 Paul Seaward (2008-03-17), "The History of Parliament in 2004", Parliamentary History, vol. 23, no. 3, pp. 417–420, doi:10.1111/j.1750-0206.2004.tb00511.x, ISSN 0264-2824, retrieved 2022-09-01
  2. 2.0 2.1 G. M. Ditchfield, David Hayton, Clyve Jones (2008-03-17), "British Parliamentary Lists, 1660-1800: A Register", Parliamentary History, vol. 13, no. 3, pp. 388–388, doi:10.1111/j.1750-0206.1994.tb00312.x, ISSN 0264-2824, retrieved 2022-09-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  3. Peace FM, Ghana Election 2008 Results - Okere Constituency, retrieved 2022-09-01
  4. "Friedrich Ebert Stiftung", SpringerReference, Berlin/Heidelberg: Springer-Verlag, retrieved 2022-09-01
  5. "The Electoral Framework and Election Administration", Ghana Presidential and Parliamentary Elections, 7 December 2012, Commonwealth, pp. 13–20, 2013-03-12, ISBN 978-1-84859-154-7, retrieved 2022-09-01
  6. 6.0 6.1 "New Patriotic Party", Wikipedia (in English), 2022-07-18, retrieved 2022-09-01
  7. 7.0 7.1 7.2 7.3 7.4 "Frontmatter", Demilitarizing Politics, Lynne Rienner Publishers, pp. i–iv, 2005-01-01, retrieved 2022-09-01
  8. "The Electoral Framework and Election Administration", Ghana Presidential and Parliamentary Elections, 7 December 2012, Commonwealth, pp. 13–20, 2013-03-12, ISBN 978-1-84859-154-7, retrieved 2022-09-01
  9. "Frontmatter", Demilitarizing Politics, Lynne Rienner Publishers, pp. i–iv, 2005-01-01, retrieved 2022-09-01
  10. "Voting, Counting and Results", Ghana Presidential and Parliamentary Elections, 7 December 2012, Commonwealth, pp. 26–37, 2013-03-12, ISBN 978-1-84859-154-7, retrieved 2022-09-01