Cornelius Kweku Ganyo

Ɛfi Wikipedia
Cornelius Kweku Ganyo
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameCornelius Sesa
date of birth26 Ɔsanaa 1937 Sesa
date of death20 Ogyefuo 2003 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationuniversity teacher, percussionist Sesa
employerCalifornia Institute of the Arts, University of California, Los Angeles, Arizona State University Sesa

Cornelius Kweku Ganyo,[1] (wɔwoo no ɔsanaa bosome no da a ɛtɔ so aduonu nsia, wɔ afe apem ahankron aduasa nson mu)[2]yɛ Ghanani a ɔyɛ sankubɔfoɔ a ne ho akokwaw wɔ anansesɛm mu. Ɔwuiɛ wɔ ɔgyefuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu (20), wɔ afe 2003 bere a na wadi mfeɛ 65.[3] Ná nnipa pii nim no sɛ Onua C.K. anaa Nana C.K., nsɛmfua a wɔde kyerɛ ɔbarima a ɔde n’asetena hyiraa ne nkwa so sɛ ɔbɛkora amammerɛ asa ne nnwom so na wakyerɛkyerɛ titire afiri Ghana, Togo, ne Benin, Afrika Atɔe fam mmeae.

Ɔbra Ahyɛaseɛ[sesa]

Wɔwoo Owura Ganyo Ɔbɛnem 26, 1937 wɔ Adafienu, Ghana, na ɔyɛ ɔtemmufoɔ ne Ewe anaa Anwona abusuakuo muni bi ba. Wɔmaa no sankubɔ ne asa akyɛdeɛ ahodeɔ na ɔsuaa abusuabɔ a ɛda kankyee ne sanku kasa ntam kɔɔ akyiri.

Ne Dwumadie[sesa]

Wɔ afe 1957 mu bere a Ghana nyaa ahofadie no, ɔmampɛ kuo bi a emu yɛ den maa aberante C.K. wɔ mfeɛ aduonu nhwehwɛmu asɛmpatrɛ adwuma bi a Ghana aban de sika maeɛ de sua atetesɛm asa ne nnwom a mmusuakuo ahodoɔ te sɛ Asanti, Dagbamba, ne Ga.

Uncle CK - Cornelius Kweku GanyoAkyiri yi wɔpaw no sɛ ɔnkyerɛ Arts Council National Dance Company kwan na ɔne saa kuo no kyinkyin wiase nyinaa firi 1966-1983. Ɔfirii Ghana wɔ afe 1983 mu na ɔtenaa Amerika daa, na ɔne Baba Oluntunji[4] ne Charlie Parker bɔɔ nnwom. Kobla Ladzekpo, C.K.’s akyerɛkyerɛfoɔ a wɔdii kan wɔ Ghana no mu baako, san kɔtenaa California na ɔtoo nsa frɛɛ Onua C.K. kɔɔ California Sukuupɔn a ɛwɔ Los Angeles ne CalArts Institute a ɛwɔ Valencia sɛ ɔnyɛ adwuma sɛ mfoniniyɛfoɔ/ɔkyerɛkyerɛfoɔ.

Kobla nuabarima kumaa C.K. Ladzekpo baa U.S. mfe pii akyi sɛ ɔrebɛkyerɛ ade wɔ California Sukuupɔn, Berkeley. Wɔbom yɛ C.K. Ganyo, Kobla Ladzekpo, ne C.K., na wɔyɛ adwuma wɔ hɔ. Ladzekpo na ɔhyehyɛɛ fapem a Afrika Atɔe Fam nnwom ne asaw ho adesua fii mu nyaa nkɔso wɔ U.S.

Wɔ afe 1987 mu no, Owura Ganyo baa Phoenix, Arizona, na ɔhyehyɛɛ asaw ne nnwom ho ɔyɛkyerɛ kuw Adzido. Nea ɛda nsow ne sɛ, Adzido, mmusuakuw adwinni kuw bi a Arizona Commission for the Arts apene so no, de kɔnsɛt bi a wɔyɛe wɔ Coconino Center for the Arts wɔ 1991. Ná Owura Ganyo nso yɛ akyerɛkyerɛfo boafo wɔ Arizona State University’s Department of Dance fi 1990- 2002, a wɔde Afrika Atɔe Fam amammerɛ mu asaw ne nnwom adesua a edi kan mae wɔ saa asoɛe no mu.

Onua C.K. Ganyo agyapade no da so ara wɔ hɔ denam sukuufo mpempem pii a onyaa wɔn so nkɛntɛnso wɔ wiase nyinaa no so. Ɔgyaa ne yere, Florence A. Ganyo a ɔfiri Tempe, Arizona, ne mma baawɔtwe, ne ne mmanana dubiako. Wɔsiee Owura Ganyo ne abusua mufoɔ foforɔ wɔ Denu Amusiei, Ghana, wɔ Oforisuo 20, 2003.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Cornelius Kweku Ganyo的发音 (in Chinese), retrieved 2023-11-28
  2. peoplepill.com, Cornelius Kweku Ganyo: Musician, Percussionist, Educator (1937 - 2003) | Biography, Facts, Information, Career, Wiki, Life (in German), retrieved 2023-11-28
  3. Uncle C.K. – Cornelius Kweku Ganyo – Connie Lee Marie Graphic Design, retrieved 2023-11-28
  4. Advisory Team, retrieved 2023-11-28