Collins Owusu Amankwah

Ɛfi Wikipedia
Onuonyamfo
Collins Owusu Amankwah
Member of the Ghana Parliament
for Manhyia North Constituency
Mprenpren
Bere
7 Ɔpɛpɔn 2017
OdikanfoAbatoɔ Mpasua Foforɔ
Ne ho asɛm
Awo bereAugust 21, 1980 (1980-08-21) (age 43)
Ne manGhanani
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔKumasi High School
University of Ghana

Collins Owusu Amankwah yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛbagyadwa a ɛtɔ so nson wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no muni a ɔgyinaa Manhyia North abatoɔ mpasua so anan mu wɔ Asanti Mantam mu wɔ New Patriotic Party amanyɔkuo no din mu.[1][2][3]

Ne Mmɔfrase ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Collins wɔ Ɔsanaa bosome da ɛtɔ so mmienu wɔ afe apem ahenkron aduowɔtwe mu. Na ɔfiri Gyinyase wɔ Asanti Mantam mu. Ɔnyaa ne 'Bachelor of Art' abodin krataa wɔ Asetena mu Adesua mu wɔ Ghana Suapɔn, Legon na ɔsane nso nyaa ne LLB wɔ GIMPA.[4] Ɔyɛ Kumasi ntoaso sukuu sukuuni dada.[5]

Adwuma[sesa]

Collins yɛɛ adwuma sɛ 'General Manager' maa 'All Friends FM' (94.5 MHz), Kumasi firi mfeɛ mpem mmienu ne du-baako kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne du- mmiɛnsa mu ansa na ɔrekɔ Mmarahyɛbadwa no mu.[1] Ɔsan nso yɛ 'Sale manager' wɔ 'Jakwapo Express Limited ' firi Mfeɛ mpem mmienu ne mmienu mu kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne nnan mu. Ɔsane nso yɛɛ 'Executive Director ma Clean City Initiative' firi mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne du- nnwɔtwe.

Amammuo mu adwuma[sesa]

Ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuo ni.[6] [7] Wɔtoo aba maa no kɔɔ Mmarahyɛbadwa mu nea edi kan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- mmiɛnsa mu bere a wɔwiee wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- mmienu Ghana Amansan Abatoɔ no. Bere a ɔdii ne mfeɛ nnan nniso akyi no, wɔsan paa no bio bere a ɔdii n’asɔretiafo no so nkonim a na ɔnyaa mma Ɔha mu nkyekyemu aduoson baako akyire po aduowɔtwe ( 71.80%) wɔ abatoɔ a ɛfata nyinaa mu.[1]

Ankorankoro asetra[sesa]

Collins yɛ Kristoni. Ɔwaree na ɔwɔ abofra.[8]