Jump to content

Clausena anisata

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Clausena anisata
taxon
short nameC. anisata Sesa
taxon nameClausena anisata Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonClausena Sesa
taxon common name香黄皮 Sesa
basionymAmyris anisata Sesa
IUCN conservation statusLeast Concern Sesa
habitatsolutional cave Sesa
maintained by WikiProjectWikiProject Invasion Biology Sesa
taxon rangeChina Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=10807 Sesa

Clausena anisata yɛ dua kɛseɛ bi a ɛka Rutaceae anaa Citrus abusuakuo kɛseɛ no ho. Ɛyɛ dua bi a ɛnyɛ na na wɔ Afrotropical realm anaa Sub-Saharan Africa, nanso ɛho yɛ na wɔ beaeɛ a awia taa bɔ. Wɔkɔ baabi te sɛ Asia Anaafoɔ- apueɛ fam(growing India) ne Sri Lanka de rekɔpem Queensland. Malaysia ne Indonesia nso ɛnyɛ na wɔ hɔ. Ɛso wɔ ntafoɔ pii ma adaaamma. Wɔde sa yareɛ pii nso. Ne tenten tumi yɛ 3000 m. Edin a wɔde frɛ ne nhini no wɔ Afrikaans kasa mu ne 'Horsewood' anaa 'Perdepis', a aseɛ kyerɛ 'horse urine' wɔ borɔfo kasa mu.[1]

Ɛho Abakɔsɛm

[sesa]
Dose-dependent inhibition of migration of Ascaris suum third-stage larvae after exposure to extracts of three different medicinal plants; Clausena anisata in red [2]

Wɔ afe mpem mmienu ne du nsia mu no Williams ne Soelberg kyerɛɛ sɛ ethanol nsuo wɔ mu pa ara.[2]

Ne Dwumadie

[sesa]

Wɔde dua no nyarewa ahodoɔ pii. Wɔde emu nsuo no, n'ahaban ne ne nhini no sa nyarewa bi te sɛ ahoɔhyeɛ, yafunukeka, awɔ, tipaeɛ, mogyaborosoɔ ne anumkuro. Wɔtumi nso yɛ aduro a ɛboa mpa mu agodie. Wɔde yɛ awoɔ aduro, wɔde yɛ aduro ma mmɔfra a wɔyɛ boolɛgɛ. Abɔfra bi sensene a wɔtumi de gye no nkwa. Nyarewa bi te sɛ papu, atiridii, babasokraman ne honam ani yareɛ, ɛtwerɛ ne deɛ ɛkeka ho nyinaa nso wɔdtumi de sa.

N'ahaban mu nsuo.

[sesa]

Wɔposa n'ahaban no a, ɛmu nsuo no, wɔde yɛ nneɛma pii. Wɔde sa ekuro, anumkuro, asofitie , sasaborɔ, honam yaw ne deɛ ɛkeka ho. [3]

Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Quattrocchi, Umberto (3 May 2012). CRC World Dictionary of Medicinal and Poisonous Plants. CRC Press. ISBN 9781420080445.Nhwɛsoɔ:Page needed
  2. 2.0 2.1 Williams, Andrew R.; Soelberg, Jens; Jäger, Anna K. (2016). "Anthelmintic properties of traditional African and Caribbean medicinal plants: identification of extracts with potent activity against Ascaris suum in vitro". Parasite. 23: 24. doi:10.1051/parasite/2016024. ISSN 1776-1042. PMC 4908306. PMID 27301442. Nhwɛsoɔ:Open access
  3. "Clausena anisata". Archived from the original on 2014-03-19. Retrieved 2014-03-19.