Jump to content

Anumkuro

Ɛfi Wikipedia
mouth ulcer
subclass ofsymptom, ulcer, mouth disease, lesions in mouth, ulcer Sesa
health specialtygastroenterology Sesa
drug or therapy used for treatmentbenzocaine, levonordefrin Sesa

Anumkuro,( borɔfo kasa, mouth ulcer anaa aphtha yɛ ekuro a ɛba yɛn anum. Beaeɛ a yɛfrɛ hɔ mucous membrane wɔ yɛn anum no na saa anumkuro yi taa si.[1] Anumkuro nyɛ na koraa na ɛne nyarewa nkaeɛ bi na ɛba bom. Ɛba wɔ akwan ahodoɔ bebree so. Ɛyɛ a saa nyarewa yi nhyɛ da nyɛ nyarewa a ɛyɛ hu biara. Ɛba a ɛnkyɛ na ɛsan kɔ. Nanso sɛ anumkuro yi ba na sɛ ɛkyɛ na ɛbɛyɛ koankorɔ a, na kyerɛ sɛ nipa no anya anum kokoram. Saa kokoram yi bɛtumi ayɛ baako pɛ anaa ahodoɔ bebree. Nneɛma atitire mmienu a ɛde anum kuro ba ne mu baako gyina nneɛma a ɛde anum kokoram ba so. Baako nso ne sɛ ɛbia nyarewa bi te sɛ atiridii bɛma obi anum ne n'ano ho nyinaa ayɛ kuro.

Mfonini yi kyerɛ deɛ anu kuro yɛ wɔ yɛn anum.

Asɛmfua ulcer firi Latin asɛmfua ulcus mu a aseɛ kyerɛ ekuro[2] . Ɛyɛ ekuro a ɛtotɔ nipa anum no fa a ɛyɛ mmerɛ pa ara no. Sɛ ekuro yi bi tɛtotɔ obi anum a, na kyerɛ sɛ nhoma nketenkete a ɛkaka bom ma honam a ɛwɔ yɛn anum no.yɛ honam no ho ate kyema. Saa nhoma yi bi ne necrosis a ɛka epithelial tissue no ho. [3]

Ayarehwɛfoɔ bɛkyerɛ wo sɛ, ɛkuro yi ase firi yɛn anum nnwoma a ɛho te kyema no mu. Ekuro yi wura beaeɛ a wɔfrɛ no epithelial-connective tissue, didi kɔ mu a sɛ wɔanhwɛ a ɛbɛkyɛ. Ekuro no yɛ ya na ɛwɔ nipa no anum kyɛ a, ɛma n'anum tumi bɔn.[4]

Deɛ Ɛde Ba.[sesa]

Deɛ ɛde anunkuro ba no na ɛdidi soɔ yi.

  • Nnuro bi te sɛ SLS nyɛ na wɔ nnuro ahodoɔ a yede pɔ yɛn sɛ mu. [5] Nhwehwɛmufoɔ akyerɛ sɛ saa nnuro yi taa de anumkiro ba.[6] Apɔmuden adwumayɛfoɔ a eɔwɔvwiase afa nnan nyinaa no mu fa kɛseɛ no ara agye ato mu sɛ SLS yi ka nneɛma ahodoɔ a ɛde anumkouro ba no ho.[7]
  • Nyarewa bi te sɛ atiridii tumi ma obi ano ho ne n'anum nyinaa yɛ kuro.
  • Epira nso ma obi anum tumi yɛ kuro. So obi redidi na sɛ ɔka ne tɛkyerɛma anaa n'anum baabi a, ɛtumi ma n'anum yɛ kuro. Nnuane bi nso wɔ hɔ a ɛyɛ den pa ara. Nnuane bi te sɛ ahwedeɛ tumi twitwa obi tɛkyerɛma so ma ɛbɛdane kuro.
  • Nnuane nnuro mu sintɔ nso yɛ nneɛma a ɛde anumkuro ba no mu baako. Sɛ nnuane nnuro bi te sɛ vitamins nni obi aduane a ɔtaa di mu a, ɛtaa de anumkuro ba.[8][9]
  • Nhwehwɛmu akyerɛ sɛ ɔbrɛ dodoɔ nso ka nneɛma a ɛde anumkuro ba no ho. [10][11]

Kwan a Wɔfa so Fii[sesa]

Kwan a wɔfa so fii wɔn a wɔanya anumkuro no ne sɛ wɔdi kan hwɛ abakɔsɛm a ɛfa ɔyarefoɔ no ho, sɛ ebia, aduane a ɔdiiɛ, nnuro bi a wadi kan anom, sɛ yadeɛ bi wɔ hɔ dada anaa yadeɛ baiara nni, sɛ ebia wayare atwam nso a ɛno nso wɔhwɛ. Yei akyi ansa na wɔahwɛ n'anum ahunu sɛdeɛ ekuro no ankasa teɛ.

Nsɛntitire a ɛdidi soɔ yi fa kwan awɔfa so fii obi a wanya anum kuro. Ɛho hia pa ara. Wɔhwɛ nneɛma bi te sɛ: berɛ a ekuro no hyɛɛ aseɛ, beaeɛ a ɛwɔ wɔ ɔyarefoɔ no anum hɔ, akuro dodoɔ a ɛwɔ n'anum hɔ, ekuro biara kɛseɛ, n'ahosuo, sɛ ɛyɛ den anaa ɛyɛ merɛ, sɛ mogya anaa nsuo bi firi mu ba anaa hwee mfiri mu mma, sɛ ekuro no ano atwe anaa ɛntweeɛ.

Sɛ anumkuro bi wɔ hɔ boro nnawɔtwe mmienu anaa mmeɛnsa a, ayarehwɛfoɔ a wɔdi ho dwuma no ni ne wɔn a wɔhwɛ ɛseɛ, wɔn a wɔakwadare wɔ nnipa anum apɔmuden ho ne wɔn a wɔyɛ oprehyɛn.[1][12][13][4]

Nsɔano[sesa]

Kwan pɔtee a wɔfa so sa anumkuro no gyina ade korɔ pɔtee a ɛde kuro no baeɛ so. Ebi wɔ hɔ a ɛyɛ den sɛ wɔbɛhunu deɛ ɛde baeɛ. Mmoam, adeɛ baako a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nso ne sɛ, sɛ obiara anyɛ yadeɛ no ho hwee koraa mpo a, ɛno ankasa tumi kɔ, gye sɛ deɛ kokoram de aba no nko

  • Ɛsɛ sɛ deɛ n'anum ayɛ kuro no taa nom nsuo.
  • Wɔtu ɔyarefoɔ no fo sɛ mma ɔmfa aduro a SLS wɔ mu ntwitwi wɔn se.
  • Ɛsɛ sɛ ɔdi n'anum ni.
  • Ɛsɛ sɛ wɔdi nnuane a nnuane nnuro wɔ mu.
  • Aduruhyew a wɔhwe kɔ wɔn mu no nso boa ma anumkuro wu.[4][1]
  • Nnuro a wɔde hohoro wɔn anum no nso bi boa ma anumkuro wu.


Ekuro no bi Mfoni[sesa]

A "crop" of trauma-induced ulcers on the labial mucosa
A small ulcer on the frenum on the lower inside lip




Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Vorvick LJ, Zieve D. "Mouth ulcers on MedlinePlus". A.D.A.M., Inc. Retrieved 27 December 2012.
  2. Nhwɛsoɔ:Dictionary.com
  3. "Ulcer on Merriam-Webster medical dictionary". Merriam-Webster, Inc. Retrieved 27 December 2012.
  4. 4.0 4.1 4.2 Scully, Crispian (2008). "Chapter 14: Soreness and ulcers". Oral and maxillofacial medicine : the basis of diagnosis and treatment (2nd ed.). Edinburgh: Churchill Livingstone. pp. 131–39. ISBN 978-0-443-06818-8.
  5. Lippert, Frank (2013). "An Introduction to Toothpaste—Its Purpose, History and Ingredients". In van Loveren, Cor (ed.). Toothpastes. Monographs in Oral Science. Vol. 23. Series Eds.: Huysmans, M.C., Lussi, A. & Weber, H.-P. Basel, CHE: Karger. pp. 1–14, esp. 12. doi:10.1159/000350456. ISBN 978-3-318-02206-3. PMID 23817056.
  6. Some of the published studies, from latest to earliest, are as follows. (i) A 2012 double-blind crossover study of 90-patients failed to find a significant difference in number of ulcers between groups using SLS-containing toothpaste, versus a group using an SLS-free toothpaste, but did suggest significant reduction in ulcer duration and improvement in patient pain scores, see Shim, Y. J.; Choi, J. -H.; Ahn, H. -J.; Kwon, J. -S. (2012). "Effect of sodium lauryl sulfate on recurrent aphthous stomatitis: A randomized controlled clinical trial". Oral Diseases. 18 (7): 655–60. doi:10.1111/j.1601-0825.2012.01920.x. PMID 22435470., a study also cited in the Lippert (2013) book chapter. (ii) A 1999 double-blind crossover study of 47 patients failed to find any statistically significant difference in the number, episodes, and duration of such ulcers between these two groups, and of pain scores between them, see Healy CM, Paterson M, Joyston-Bechal S, Williams DM, Thornhill MH (January 1999). "The effect of a sodium lauryl sulfate-free dentifrice on patients with recurrent oral ulceration". Oral Dis. 5 (1): 39–43. doi:10.1111/j.1601-0825.1999.tb00062.x. PMID 10218040. (iii) A 1997 studyNhwɛsoɔ:Clarify suggested a significantly higher number of ulcers after SLS toothpaste use, versus its control group, see Chahine L, Sempson N, Wagoner C (December 1997). "The effect of sodium lauryl sulfate on recurrent aphthous ulcers: a clinical study". Compend. Contin. Educ. Dent. 18 (12): 1238–40. PMID 9656847., a study also cited in the Lippert (2013) book chapter. (iv) A 1996 follow-up 30-patient double-blind crossover study and a 1994 preliminary 10-patient crossover study by the same authors suggested significantly higher numbers of aphthous ulcers after using SLS-containing toothpaste, compared with an SLS-free toothpaste, see Herlofson BB, Barkvoll P (June 1996). "The effect of two toothpaste detergents on the frequency of recurrent aphthous ulcers". Acta Odontol. Scand. 54 (3): 150–53. doi:10.3109/00016359609003515. PMID 8811135. and Herlofson BB, Barkvoll P (October 1994). "Sodium lauryl sulfate and recurrent aphthous ulcers. A preliminary study". Acta Odontol. Scand. 52 (5): 257–59. doi:10.3109/00016359409029036. PMID 7825393.
  7. "Mouth ulcers". NHS. 18 October 2017. do not use toothpaste containing sodium lauryl sulphate
  8. Öner, F.; Akdeniz, N. (6 February 2020). "Do Heavy Metals Accumulated in Saliva Involve in the Etiopathogenesis of Recurrent Aphthous Stomatitis?". Biological Trace Element Research. 198 (1): 46–50. doi:10.1007/s12011-020-02058-2. PMID 32030633. Retrieved 27 June 2023.
  9. "European Union debates controversial plans to limit cadmium in fertilizer". Science.org. 10 April 2018. Retrieved 27 June 2023.
  10. Verma, Saumya; Srikrishna, K; Soumya, Srishti; Shalini, Kumari; Sinha, Gunjan; Srivastava, Parul (13 February 2023). "Recurrent Oral Ulcers and Its Association With Stress Among Dental Students in the Northeast Indian Population: A Cross-Sectional Questionnaire-Based Survey". Cureus. Springer Science and Business Media LLC. 15 (2): e34947. doi:10.7759/cureus.34947. ISSN 2168-8184. PMC 10019935. PMID 36939443. {{cite journal}}: Check |pmc= value (help); Check |pmid= value (help)
  11. R, Handa; DN, Bailoor; VD, Desai; S, Sheikh; G, Goyal (2012). "A study to evaluate the impact of examination stress on recurrent aphthous ulceration in professional college students in Jaipur district". Minerva Stomatologica. Minerva Stomatol. 61 (11–12): 499–507. ISSN 0026-4970. PMID 23207675. Retrieved 15 March 2024.
  12. Scully C, Shotts R (15 July 2000). "ABC of oral health. Mouth ulcers and other causes of orofacial soreness and pain". BMJ (Clinical Research Ed.). 321 (7254): 162–65. doi:10.1136/bmj.321.7254.162. PMC 1118165. PMID 10894697.
  13. Keogan MT (April 2009). "Clinical Immunology Review Series: an approach to the patient with recurrent orogenital ulceration, including Behçet's syndrome". Clinical and Experimental Immunology. 156 (1): 1–11. doi:10.1111/j.1365-2249.2008.03857.x. PMC 2673735. PMID 19210521.