Jump to content

Ekuro

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
wound
subclass ofmajor trauma, skin trauma Sesa
has useTraumatic insemination Sesa
health specialtyemergency medicine Sesa

Sɛ nneɛma nkete(tissue) a ɛkeka bom ma yɛn honam no tumi yɛ honam no bi sɛe a na ɛtumi yɛ ekuro.[1][2] Nipaduano fa baabi anaa honam no bɛtumi ate kyema mpofirimu ma ɛde ekuro aba. Nhwɛsoɔ ne sɛ adeɛ bɛtwa obi. Ɛbi wɔ hɔ nso a, ɛmma mpofirimu. Ɛno deɛ, ɛyɛ a nyarewa bi na ɛde ba. Nkakrankakra, nyarewa bi te sɛ asikyireyareɛ, tumi de biribi a ɛte saa ba. Ekuro tumi yɛ honam honamani. Saa ara nso na ɛna yadeɛ anaa akwanhyia bi so, yɛtumi nya no nipadua no mu. Sɛ ebia, yɛn tiri mu[3]. Ekuro gu ahodoɔ bebree. Ebara ne sɛdeɛ ɛte. Sɛdeɛ ɛsi teɛ no taa gyina deɛ ɛde baeɛ ne baabi a ɛwɔ so.[1][2] Ɛwɔ obi ho hyɛ na sɛ wɔanyɛ ho hwee a, Ɛtu. Tu a Ɛtu no nyinaa ne sɛ, ɛyɛ kɛseɛ sene sɛdeɛ na ɛte dada no. Ɛba obi ho nso a ɛtumi hyɛ anaa ɛtumi nso kɔ ntɛm. Akwan a wɔfa so sa kuro no yɛ bebree, na ɛgyina kuro korɔ anaa baabi a ɛwɔ so .[4]

Nkekyɛmu[sesa]

Ekuro wɔ nkyekyɛmu atitriw mmienu. Ɛbinom ne; deɛ ɛnkyɛ, ne deɛ ɛkyɛ. Deɛ ɛdi kan no ne sa nyɛ ya koraa. . Na deɛ ɛdi hɔ no deɛ, ɛyɛ a ɛyɛ den sɛ wɔbɛsa. Yɛbɛtumi akyekyɛ ne mmienu no nyinaa nso mu. Deɛ yɛgyina so ne kyekyɛ mu mo ne kwan a ekuro no faa so baeɛ, sɛdeɛ kuro si fa teɛ( sɛ ɛso anaa ɛsua) ne baabi ɛwɔ. Yɛgyina yei so a yɛtumi nya ekuro ahodoɔ bebree. Ɛhia sɛ yɛhunu ahodoɔ yi nyinaa esiane sɛ ɛno na ɛbɛma yɛn akwankyerɛ a ɛfa ne sa ho.[2][5] Nkyekyɛmu no bi na ɛdidi soɔ yi.

Deɛ Ɛkyɛ[sesa]

Wɔfrɛ yei acute wound. Ɛyɛ ɛkuro a akyɛ pa ara. Na ne sa ayɛ den. Ekuro sa no yɛ nnidisoɔnnidisoɔ. Yɛwɔ ekuro a ne sa no wɔ gyinapɛn baako, mmienu, mmeɛnsa, ne deɛ ɛkeka ho. Gyinapɛn biara ne aduro a yɛtumi de sa. Sɛ ekuro no sa pa gyunapɛn baako no ho a, gye sɛ aduro foforɔ. Deɛ wɔfrɛ no acute woun yi. deɛ, ne sa no aduru gyinapɛn nnan. Ekuro a ne sa nyɛ den koraa( deɛ ɛwɔ) gyinapɛn baako no, wɔfrɛ no hemostasis. [6]Sɛ wɔresa a, ɛdi dɔnhwere kakra bi na ani ahyɛ aseɛ sɛ ɛrekyene. Deɛ ɛdi hɔ no, ɛdi bɛyɛ nna mmeɛnsa ansa na awu. Deɛ ɛwɔ gyinapɛn mmeɛnsa a ɛwɔ inflammatory phase no nnawɔtwe kakra de rekɔ bosome ansa na akɔ. Deɛ ɛtɔ so nnan no ɛtumi di afe baako ansa na akɔ. Ɛno mpo deɛ, ɛyɛ a ɛtumi boro afe baako no. [7][8] Ekuro a akyɛ no gu ahodoɔ mmienu. Yɛwɔ deɛ wɔfrɛ no closed ɛna deɛ yɛfrɛ no open.[9] Open wounds yɛ ekuro a ɛwɔ honam no ani, ɛma closed wound nso yɛ deɛ ɛwɔ nipadua no mu.[10]

Deɛ ɛwɔ honam ani.[sesa]

Deɛ ɛde open wound ba no bi na ɛdidi soɔ yi.

  • Sɛ biribi bɛtwa obi. Sɛ adeɛ bi ano yo yɛ nam te sɛ sekan anaa mpentoa twa obi a ɛde kuro ba
  • Sɛ honam no baabi bɛte. Sɛ adeɛ bi a ɛnyɛ nam ti obi a, ɛtumi wae nipa no honam baabi. Ɛnyɛ ɛno nko, adwuma bi te sɛ adɔ ne fufuwɔ tumi ma obi nsa Waewae. Saa ekuro a yei de ba no yɛ open wound. rregular tear-like wounds Ɛsono yei na ɛsono sɛ adeɛ bɛtwa obi.[11][12][13]
  • Sɛ honam ani nnwoma a ɛwu nyɛ duru no bi bɛwae. – Deɛ ɛtaa de yei ba ne nnwuma a yɛtaa yɛ. Nnwuma bi te sɛ adɔ anaa folufuwɔ tumi ma obi nsam was. Yei tumi yɛ ekuro. Sɛ obi te hwe adeɛ bi a ɛyɛ den, sɛ ebia ɛboɔ dua anaa deɛ ɛtete saa so na ne baabi wae a ɛtumi de kuro ba.
    • Sɛ biribi bɛti obi. Sɛ biribi ti obi a ɛno nso tumi de kuro ba. [14]
    • Deɛ etuo de ba- sɛ etuo abobaa kɔhyɛ obi honam mu na sɛ wɔyi wie a, beaeɛ a na akoraboɔ no hyɛ no bɛyɛ ekuro.
    • Sɛ obi bɛhyehye – Sɛ egya anaa nsuohyeɛ ka obi honam a ne honam nnwoma a ɛwɔ ani pa ara no tumi worɛlɔ. Yei tumi gya ekuro yayaaya bi wɔ honam no ani.


Deɛ ɛwɔ nipadua no mu[sesa]

  • Hematomas (anaa blood tumor) – Yei yɛ kuro a ɛba ntokuro a mogya fa mu no mu.
    • Sɛ biribi wɔ obi kɔ mu a, mpɛn pii no, ɛyɛ a na ekuro a ɛwɔ honam no mu no so sene deɛ ɛwɔ honam no ani.

Sɛ obi dompe mu bɛka

Sɛ obi dompe baabi ho ka a, ekuro a ɛde ba no bɛtumibayɛ deɛ ɛwɔ honam no ani anaa deɛ ɛwɔ honam no mu. Mpɛn pii no, te sɛ deɛ adeɛ awɔ obi no, ɛwɔ honam no ani ne emu nyinaa.[15]

Kwan a Wɔfa so Sa Kuro[sesa]

Wound, sewn with four stitche

Wɔwɔ akwan ahodoɔ bebree a wɔfa so di kuro ho dwuma wɔ ayaresabea ne fie nyinaa. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ ayaresabea deɛ no na wɔagye ato mu pa ara .[1] Sɛ wɔfii kuro wie a, wɔto wɔn bovase hohoro so yie pa ara. Ɛho hia sɛ wɔbɛhohoro so ama abɔ nipa a ɔwɔ kuro no ho ban afiri nyarewa bi ho. Afei, ɛboa ma kuro no tumi wu ntɛm. [16]

Botaeɛ titiriw a wɔgyina so hohoro ekuro anim no yɛ mmienu. Deɛ ɛdi kan ne sɛ wɔbɛhwɛ ama ekuro no awu. Deɛ ɛtɔ so mmienu nso ne ne nkorabata na sɛ;

. Ntini no bɛtoa.[sesa]

Sɛ ekuro tu obi a, ɛyɛ a ne ntini nketenkete anaa ne nneɛma nketenkete a ɛkeka bobom yɛ honam no mu tumi tete ɛba saa a, mogya ne nsuo ntumi nni mu aforosiane. Sɛ wɔhohoro kuro no anim a, ɛtumi ma mogya ne nsuo tumi di mu aforosiane. Ɛmma anim nkyenkyene. Sɛ daa ekuro anim kyenkyene a, ɛntumi nwu ntɛm. .[17] Irrigation can also be achieved with a diluted 1% povidone iodine solution, but studies have again shown no difference in infection rates when compared to normal saline.[18] [16]

Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Nagle SM, Stevens KA, Wilbraham SC (2023). "Wound Assessment". StatPearls. Treasure Island (FL): StatPearls Publishing. PMID 29489199. Retrieved 2024-01-12.
  2. 2.0 2.1 2.2 Herman TF, Bordoni B (2023). "Wound Classification". StatPearls. Treasure Island (FL): StatPearls Publishing. PMID 32119343. Retrieved 2024-01-12.
  3. Kujath P, Michelsen A (March 2008). "Wounds - from physiology to wound dressing". Deutsches Ärzteblatt International. 105 (13): 239–248. doi:10.3238/arztebl.2008.0239. PMC 2696775. PMID 19629204.
  4. Guo S, Dipietro LA (March 2010). "Factors affecting wound healing". Journal of Dental Research. 89 (3): 219–229. doi:10.1177/0022034509359125. PMC 2903966. PMID 20139336.
  5. van Gennip L, Haverkamp FJ, Muhrbeck M, Wladis A, Tan EC (September 2020). "Using the Red Cross wound classification to predict treatment needs in children with conflict-related limb injuries: a retrospective database study". World Journal of Emergency Surgery. 15 (1): 52. doi:10.1186/s13017-020-00333-0. PMC 7501687. PMID 32948211.
  6. Nursing guidelines : Wound assessment and management, retrieved 2024-06-18
  7. Wallace HA, Basehore BM, Zito PM (2023). "Wound Healing Phases". StatPearls. Treasure Island (FL): StatPearls Publishing. PMID 29262065. Retrieved 2024-01-19.
  8. Raziyeva K, Kim Y, Zharkinbekov Z, Kassymbek K, Jimi S, Saparov A (May 2021). "Immunology of Acute and Chronic Wound Healing". Biomolecules. 11 (5): 700. doi:10.3390/biom11050700. PMC 8150999. PMID 34066746.
  9. Chhabra S, Chhabra N, Kaur A, Gupta N (December 2017). "Wound Healing Concepts in Clinical Practice of OMFS". Journal of Maxillofacial and Oral Surgery. 16 (4): 403–423. doi:10.1007/s12663-016-0880-z. PMC 5628060. PMID 29038623.
  10. Nursing guidelines : Wound assessment and management, retrieved 2024-06-18
  11. Rae L, Fidler P, Gibran N (October 2016). "The Physiologic Basis of Burn Shock and the Need for Aggressive Fluid Resuscitation". Critical Care Clinics. 32 (4): 491–505. doi:10.1016/j.ccc.2016.06.001. PMID 27600122.
  12. Mecott GA, González-Cantú I, Dorsey-Treviño EG, Matta-Yee-Chig D, Saucedo-Cárdenas O, Montes de Oca-Luna R, et al. (April 2020). "Efficacy and Safety of Pirfenidone in Patients with Second-Degree Burns: A Proof-of-Concept Randomized Controlled Trial". Advances in Skin & Wound Care. 33 (4): 1–7. doi:10.1097/01.ASW.0000655484.95155.f7. PMID 32195729. S2CID 213193146.
  13. Nielson CB, Duethman NC, Howard JM, Moncure M, Wood JG (2017). "Burns: Pathophysiology of Systemic Complications and Current Management". Journal of Burn Care & Research. 38 (1): e469–e481. doi:10.1097/BCR.0000000000000355. PMC 5214064. PMID 27183443.
  14. "Cuts and puncture wounds". MedlinePlus Medical Encyclopedia (in English). U.S. National Library of Medicine. Retrieved 2023-11-08.
  15. Ibrahim DA, Swenson A, Sassoon A, Fernando ND (February 2017). "Classifications In Brief: The Tscherne Classification of Soft Tissue Injury". Clinical Orthopaedics and Related Research. 475 (2): 560–564. doi:10.1007/s11999-016-4980-3. PMC 5213932. PMID 27417853.
  16. 16.0 16.1 Nicks, Bret A.; Ayello, Elizabeth A.; Woo, Kevin; Nitzki-George, Diane; Sibbald, R. Gary (December 2010). "Acute wound management: revisiting the approach to assessment, irrigation, and closure considerations". International Journal of Emergency Medicine (in English). 3 (4): 399–407. doi:10.1007/s12245-010-0217-5. ISSN 1865-1372. PMC 3047833. PMID 21373312.
  17. Fernandez, R.; Griffiths, R. (2008-01-23). "Water for wound cleansing". The Cochrane Database of Systematic Reviews (1): CD003861. doi:10.1002/14651858.CD003861.pub2. ISSN 1469-493X. PMID 18254034.
  18. Khan, Muhammad N.; Naqvi, Abul H. (November 2006). "Antiseptics, iodine, povidone iodine and traumatic wound cleansing". Journal of Tissue Viability (in English). 16 (4): 6–10. doi:10.1016/S0965-206X(06)64002-3. PMID 17153117.