Jump to content

Asofitie

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Otitis externa
scholarly article, review article
titleOtitis externa Sesa
author name stringBojrab DI, Bruderly T, Abdulrazzak Y Sesa
publication date1 Ahinime 1996 Sesa
published inOtolaryngologic Clinics of North America Sesa
volume29 Sesa
issue5 Sesa
page(s)761-782 Sesa

Asofiti a Abɔdeɛ mu nyansapɛfoɔ frɛ no Otitis externa, na no yɛ yadeɛ a ɛyɛ obi aso. Edin baako nso a wɔsan de frɛ no ne  swimmer's ear, obi nya bi a ɔwɔ hɔ a na nsuo firi n'asom reba[1]. Ɛnam kuro a ɛwɔ n'aso mu no nti, ɛyɛ a na n'aso mu san nso yɛ ne ya. Nkakrankakra, na afei deɛ obi kasa mpo a ɔnte[2] .Sɛ ɔwɔ hɔ nso a, na naso no ankasa wosowoso[3]. Saa nsuo a ɛfiri n'aso mu ba no wɔ nka bɔne bi [4].

Nsɛnkyerɛnne[sesa]

A mild case of otitis externa.

Nsɛnkyerɛnne titiriw pa ɛwɔ aofitie ho ne sɛ, ɛyɛ a deɛ n'aso afiti no aso tumi yɛ titritii.[5]. Asofitie nte sɛ asoyadeɛ nkaeɛ no. Ɛno deɛ, ɛyɛ a aso no mu no nyɛ tiritii. Mmom honam a ɛwɔ abɔnten no na ɛyɛ saa[5]. Nyɛ ɛno nko, aso no mu ne aso no ankasa tumi yɛ deɛ n'aso atifi no ya pa ara. Sɛ biribi kɔka anaa obi de ne nsa sɔ mu a na aseɛ asɛm no. Wɔn aso no tumi bɔ wɔn wimwim. Yei da nkyɛn a nsukankan bi tumi pue firi nipa no aso mu. Bio, n'aso mu tumi keka no. Ne nyinaa nsunsuansoɔ ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yie a na nipa no aso reyɛ asi.

Esiane sɛ obi aso fiti a nsuo tumi pue firi mu ba no nti, ɛyɛ a, nkorɔfoɔ pre pɛ sɛ wɔbɛpepa nsuo anaa wɔbɛyi adeɛ a ayɛ ne ho te sɛ efi bi hyɛ asom kwan no mu no. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛyɛ a na yei mmom akɔfa ɔhaw foforɔ abrɛ ayarefoɔ no. Wɔn aso no tumi yɛ kuro( hyɛ no nso sɛ, obi aso fiti a, ɛnyɛ kuro. Mmom wɔanhwɛ no yie na wɔde wɔn nsa keka anaa wɔde biribi hyehyɛ mu pɛ sɛ wɔyi mu fi no anaa wɔpepa nsuo no a na ɛtumi yɛ kuro). Ɛtumi mpo hono. Ɛba saa a na yadeɛ no kɔ ara na ɛrekɔ n'anim

Deɛ Ede Ba[sesa]

Ɛnneɛma mmienu a ɛde asofitie ba no bi na ɛdidi soɔ yi. Ɛdi kan no, mmoaawa nketenkete bi wɔ hɔ a yɛmfya yɛn ani nhunu wɔn. Wɔn mu bi wɔ hɔ a, wɔn dwumadie ne sɛ wɔbɛma honam ani nyarewa. Sɛ saa mmoa no bi kɔ obi asom, na wɔdidi hɔ kyɛ a, ɛtumi de asofitie ba. Ɛtɔ so mmienu no, sɛ biribi foforɔ bi ho te kyema wɔ obi asom a, ɛno nso tumi de asofitie ba. Sɛ biribi nso kɔwɔ obi asom na opira na wɔanhwɛ no yie a, ɛno nso tumi ma asofitie ho nsɛnkyerɛnne no ba.[6]

Ɛdin a wɔde frɛ asofitie a saa mmoawa nketenkete de ba no ne otomycosis. Ɛyɛ obi a yaw no hhyɛ aseɛ nketenkete na akyire yi; yaw no tumi bɛyɛ kɛse pa ara nipa no gye ne ho a ɛnnye. Sɛ saa mmoawa yi hyɛ aseɛ wo a, ɛno na ɛma biribi a ɛte sɛ efi (debris) ba nipa no asom no. Afei na yaw no ayi ne ti. Aso no nso hyɛ aseɛ yɛ titiritii. Wɔn a pɔpɛ wɔn ho asɛm de wɔn nsa keka aso no anaa wɔpre pɛ sɛ wɔbɛyi ɛmu fi anaa wɔbɛpepa ɛmu nsuo no anhwɛ no yie a, na wɔn aso no ayɛ kuro anaa ahono. Na wɔanhwɛ no yie na, na ɛde asosie aba.[7][8]

Nsuo Mu Adwareɛ[sesa]

Sɛ obi redwarɛ nsufi mu na sɛ nsuo no bi kɔ n'aso mu na ɛwɔ hɔ kyɛ kakra a, ɛkyene bɛyɛ ɛfi. Na ɛnkyɛ na aso fitie no ahyɛ aseɛ[9]. Mpo sɛ nsuo no nyɛ fi na sɛ ɛkɔ deɛ ɔredware no aso mu a, ɛntumi nwe. Afei, na aboaboa ano. Ɛno nso ma obi aso fiti[10][11] [12][8]

Kwan A Wɔfa So Sa Asofitie

Kwan baako a nhwehwɛmufoɔ agye ato mu sɛ ɛboa pa ara ne sɛ nipa no de aduro a nnuruyɛfoɔ agye ato mu. [13] Nnuro a wɔagye ato mu no bi ne acetic acid . Wɔde saa aduro yi gu obi a n'aso afiti aso mu a ɛyɛ ya pa ara. Nanso, ɛtumi ma yaw no gyae, nsuo a ɛfiri mu reba no nso twa. Afei, ekuro nso kɔ. Nnuro a wɔde gu asom no tumi kum mmoawa a wɔde asofitie ba no.


Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Jennifer Wipperman (2014-03), "Otitis externa", Primary Care, vol. 41, no. 1, pp. 1–9, doi:10.1016/j.pop.2013.10.001, ISSN 1558-299X, PMID 24439876, retrieved 2024-06-14 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. Jennifer Wipperman (2014-03), "Otitis externa", Primary Care, vol. 41, no. 1, pp. 1–9, doi:10.1016/j.pop.2013.10.001, ISSN 1558-299X, PMID 24439876, retrieved 2024-06-14 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. Paul Schaefer, Reginald F. Baugh (2012-12-01), "Acute otitis externa: an update", American Family Physician, vol. 86, no. 11, pp. 1055–1061, ISSN 1532-0650, PMID 23198673, retrieved 2024-06-14
  4. Paul Schaefer, Reginald F. Baugh (2012-12-01), "Acute otitis externa: an update", American Family Physician, vol. 86, no. 11, pp. 1055–1061, ISSN 1532-0650, PMID 23198673, retrieved 2024-06-14
  5. 5.0 5.1 Meghanadh, Dr Koralla Raja (2022-01-26). "What are the symptoms of ear infection - inner, middle, outer". Medy Blog (in English). Retrieved 2022-05-30.
  6. Kang K, Stevens SR. Pathophysiology of atopic dermatitis. Clin Dermatol 2003; 21:116–121.
  7. Roland P, Stroman D (2002). "Microbiology of acute otitis externa". Laryngoscope. 112 (7 Pt 1): 1166–1177. doi:10.1097/00005537-200207000-00005. PMID 12169893. S2CID 24612139.
  8. 8.0 8.1 "Otitis Externa". The Lecturio Medical Concept Library. Retrieved 25 August 2021.
  9. Wang MC, Liu CY, Shiao AS, Wang T (August 2005). "Ear problems in swimmers". J Chin Med Assoc. 68 (8): 347–352. doi:10.1016/S1726-4901(09)70174-1. PMID 16138712. S2CID 20037932.
  10. Pierre JJ, Tolisano AM (2023). "What Is Swimmer's Ear?". JAMA Otolaryngol Head Neck Surg. 149 (7): 652. doi:10.1001/jamaoto.2023.0997. PMID 37261805. S2CID 259000499. {{cite journal}}: Check |pmid= value (help); Check |s2cid= value (help)
  11. Zichichi L, Asta G, Noto G (April 2000). "Pseudomonas aeruginosa folliculitis after shower/bath exposure". Int. J. Dermatol. 39 (4): 270–273. doi:10.1046/j.1365-4362.2000.00931.x. PMID 10809975. S2CID 39610780.
  12. Roland P, Stroman D (2002). "Microbiology of acute otitis externa". Laryngoscope. 112 (7 Pt 1): 1166–1177. doi:10.1097/00005537-200207000-00005. PMID 12169893. S2CID 24612139.
  13. Doc Vikingo (March–April 2007). "Swimmers Ear – Additional Advice About A Pesky and Sometimes Painful Problem". Diver's Alert Network: Alert Diver Magazine. Archived from the original on 2008-06-12. Retrieved 2008-07-22.