Charles Bintin Binipon

Ɛfi Wikipedia

Nhwɛsoɔ:Use Ghanaian English Nhwɛsoɔ:Use dmy dates

Charles Binipom Bintin
Member of the Ghana Parliament
for Saboba Constituency
Ne ho asɛm
Awo bere22 August 1964 (1964-08-22) (age 59)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

Charles Binipom Bintin yɛ Ghana amamnyɔni ne Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu ni a ɔgyina Saboba abatoɔ mpɛsoa ananmu wɔ Atifi Mantam mu wɔ Ɔsono kokroko ammanyɔkuo New Patriotic Party no tekiti so.

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Charles Binipom Bintin wɔ Kuntuli-Saboba wɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu wɔ 22 Ɔsanaa afe Apem Ahankron ne Aduosia -nan (1964).[1] Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn mu na ɔnyaa Diploma wɔ Mpanimfoɔ Nwomasua mu wɔ afe 1999 mu na akyire yi, ɔkɔɔ Cape Coast Suapɔn mu kɔyɛɛ ne post graduate adesua wɔ Arts mu wɔ afe 2007 mu.[2][3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Charles Binipom Bintin hyɛɛ mmarahyɛdwa mu wɔ 7 Ɔpɛpɔn 2005 wɔ New Patriotic Party no tekiti so na wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani ma Saboba Mantam no wɔ afe 2004 Ghana amansan abatoɔ mu wɔ ɔpɛnimaa mu. Wɔpaw no sɛ mmarahyɛbadwani ma Saboba Mantam no wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nan a ɛwɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu. Ɛyɛ Ɔmanpanin dada J.A Kufour abrɛ so. Ɔnya mma a wɔtoeɛ no nyinaa mu mpem-du, Ahanan ne aduanan baako10,441 a ɛgyina hɔ ma 53.60% berɛ a wɔn a wɔbe no sii akan no, Bilijo Nayon a ɔfiri National Democratic Congress no nyaa mma 7,892 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ no 40.50% na Kenneth Wujangi a ɔfiri People’s National Convention no nyaa 1,157 nso gyina hɔ ma abatoɔ no nyinaa mu 5.90% to. Charles Binipom Bintin na ɔnyaa nkunimdie abotire no wɔ Saboba Mantam no mu.[4][5]

Adwumayɛ[sesa]

Charles Binipom Bintim ne Ghana Nnomasua Dwumadibea yɛɛ adwuma sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Evangelical Presbyterian Ntoaso Sukuu mu wɔ afe 1999 kosi 2001. Ɔyɛ Ɔmantam Panin ma Sababa-Chereponi Mantam wɔ afe 2001 kosi 2003. Na ɔyɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyire wɔ Atifi Mantam mu wɔ afe 2003 kɔsi 2005 na ɔyɛ Mmarahyɛbadwa no mu ni wɔ Saboba Mantam mu wɔ afe 2005 kɔsi afe 2009. Ɔsan nso yɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Mpɔtam Aban so wɔ afe 2005 kɔsi 2009.

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Charles Binipom Bintim aware a ɔwɔ mma baasa na wɔrekyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni.

  1. MPs (in American English), retrieved 2 October 2023
  2. MPs (in American English), retrieved 7 October 2023
  3. MPs (in American English), retrieved 7 October 2023
  4. Peace FM (17 December 2014), Parliament - Saboba Constituency Election 2004 Results, retrieved 7 October 2023
  5. MPs (in American English), retrieved 2 October 2023