Catherine Katuni Tedam

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Catherine Katuni TedamGhana ɔkyerɛkyerɛni ne ɔmanyɔni. Ɔyɛɛ mmrahyɛbaguani maa Chiana-Paga mantam no fi 1970 kosi 1972.[1] Na ɔyɛ mmea baanu pɛ a wɔwɔ Republican mmrahyɛbagua a Ɛto so Abien no mu biako.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Tedam wɔ March 15 1944 wɔ Paga .[2] Ɔnyaa ne mfitiaseɛ nwomasua wɔ Local Council Primary School a ɛwɔ Paga firi afe 1951 kɔsi 1956 ne Girls’ Middle Boarding School wɔ Bolgatanga firi afe 1957 kɔsi 1960.[2] Ɔhyɛn Mmea no mu Akyerɛkyerɛfo Ntetee Kɔlege a ɛwɔ Tamale sɛ wɔbɛtete wɔn ho sɛ ɔkyerɛkyerɛfo fi afe 1961 kosi afe 1965.[2]

Adwuma[sesa]

Ne kyerɛkyerɛfo ntetee a odii wɔ Mmea no akyi Akyerɛkyerɛfo Ntetee Kɔlege wɔ 1965 mu no, onyaa adwuma wɔ Local Authority Primary School Paga .[2] Ɔkyerɛɛ ade wɔ hɔ kosii afe 1966 bere a ɔde ne ho bɔɔ Akantome Mfinimfini Sukuu a ɛwɔ Bolgatanga akyerɛkyerɛfo no .[2] Ɔkyerɛɛ ade wɔ hɔ afe biako nso na otu kɔɔ Abiba Mfinimfini Sukuu nso wɔ Bolgatanga akyerɛkyerɛ afe biako bio.[2] Wɔ afe 1969 mu no ɔkyerɛɛ ade wɔ Adabase Mfitiase Sukuu a ɛwɔ Bolgatanga nso kosii sɛ ɔkɔɔ mmrahyɛbagua mu wɔ afe 1970 mu. Bere a na Catherine yɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma no, na ɔyɛ Ɔman Panyin a ɔyɛ Mfitiase Akyerɛkyerɛfo Fekuw no muni fi 1966 kosi 1969.

Amanyɔsɛm[sesa]

Catherine bɛyɛɛ Chiana-Paga Mpɔtam Bagua no Sikasɛm Boayikuw no muni wɔ 1968 mu. Wɔ ɔman a ɛto so abien no mu no, wɔamma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔpaw wɔn no bi ankɔ akansi wɔ 1969 abatow no mu esiane abusuabɔ a na wɔne Republic a Edi Kan no aban wɔ nti. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔpaw wɔn no mu biako ne Clement Kubindiwo Tedam (C. K. Tedam) a ɔyɛɛ mmrahyɛbaguani maa Paga mantam no wɔ First Republic bere so. Na ɛsɛ sɛ C. K. Tedam si akan wɔ Chiana-Paga nkongua no ho nanso nea wɔayi no afi mu no maa nkongua no da mpan.[3] Wɔyɛɛ by-election wɔ March 1970 mu na Catherine a na ɔyɛ C. K. Tedam wɔfase no sii akan wɔ nkongua a ɛwɔ Progress Party no tekiti so no ho na odii nkonim.[4] Bere a na ɔwɔ mmrahyɛbagua no mu no, ɔsom wɔ boayikuw ahorow mu, a emu bi ne; Aban Boayikuw, Nhomasua Boayikuw, Akwahosan Boayikuw, ne Nkuraase ne Asetra mu Nkɔso Boayikuw.[5]

Ankorankoro asetra[sesa]

Catherine yɛ Katolekni.[1] n’ani gye akenkan na otie nnwom wɔ n’ahomegye bere mu.[5] Ná n’ani gye netball ne hockey nso ho.[5]

Hwɛ nso[sesa]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 "Parliamentary Debates; Official Report". Parliamentary Debates. Ghana National Assembly: 438. 1970.
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 Uwechue, Ralph (1991). Africa Who's who. Africa Journal Limited. p. 1712. ISBN 9780903274173.
  3. "Universitas, Volume 10". University of Ghana. 1979: 138 and 143. {{cite journal}}: Cite journal requires |journal= (help)
  4. Ayee, Joseph (16 October 2019). Politics, Governance, and Development in Ghana. p. 274. ISBN 9781793603357.
  5. 5.0 5.1 5.2 Uwechue, Ralph (1991). Africa Who's who. Africa Journal Limited. p. 1712. ISBN 9780903274173.