Bukari Nikpe Joseph

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Bukari Nikpe Joseph
MP
MP for Saboba
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Kufour
Ne ho asɛm
Awo bere3 October 1969 (1969-10-03) (age 54)
Saboba, Northern Region Ghana)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma2
Sukuu a w'akɔUniversity of Education, Winneba
N'adwumaPolitician
N'adwumaEducationist

Joseph Nikpe Bukari (wɔwoo no afe Apem Ahankron ne Aduosia Nkron 1969) yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so Nsia a ɛwɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu ni a ɔgyina Saboba Mansin ananmu wɔ Ghana Atifi Mantam mu.

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Joseph yɛ Kristoni na ɔyɛ Evangelical Presbyterian kuo no mu ni. Ɔwareeɛ na ɔwɔ mma mmienu.

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Joseph Bukari Nikpe wɔ afe Apem Ahankron ne Aduosia Nkron 1969. Ɔfiri Saboba, kuro bi a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam mu. [1] Wɔ afe 2006 mu no, ɔnyaa kwan kɔɔ Sukuupɔn a ɛhwɛ Nhomasua so, Winneba na ɔnyaa ne Bachelor of Education abodin krataa wɔ Mfiridwuma mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdii kan paw Joseph sɛ ɔmmra mmarahyɛbadwa mu wɔ kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress- NDC ) tekiti so wɔ Ɔpɛnimaa, mfeɛ Mpem Mmienu ne Nwɔtwe 2008 Ghana amansan abatoɔ mu sɛ Mmarahyɛbadwani ma Saboba mantam a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam mu. Wɔ abatoɔ no mu no, ɔnyaa mma 10,331 wɔ mmamu 20,839 a wɔtoeɛ a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduanan nkron ne akyiri pɔ aduonum nwɔtwe 49.58%.[2]Ɔsan sii akan wɔ mfe Mpen Mmienu ne Du-mmienu 2012 Ghana amansan abatoɔ akansie no mu. Ɔyaa mma 13,409 wɔ abatoɔ 26,058 a ɛfata a wɔtoo no mu a ɛgyina hɔ ma 51.09%.[3]Wɔdii no so nkonim wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu wɔ Charles Binipom Bintin a ɔgyinaa New Patriotic Party ananmu no so.[4]

Adwumayɛ[sesa]

Bukari yɛ nhomasua ho ɔbenfo. Ansa na ɔrebɛyɛ Mmarahyɛbadwa no mu ni no, ɔyɛɛ adwuma sɛ Ɔmantam Nteteɛ sohwɛfo wɔ Ghana Nwomasua dwumadibea a ɛwɔ Saboba. Ɔde ne ho kɔbɔɔ Adwumayɛ, Asetena mu Akodie ne Ɔman fie abadwakuo no. Ɔyɛ Mmarahyɛdwa no mu ni firi afe 2009 kɔsi afe 2013 de ma adehyeɛ a wɔwɔ Saboba mansini no no. Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so du-mmeɛnsa (2013)

Bukari yɛ ɔman somfoɔ a onni pɛsɛmenkominya koraa. Ɔhwehwɛ ne nkurɔfoɔ yiyedie aberɛ nyinaa. Ɔbɛyɛ, ayɛ nea obetumi biara ama ne manfoɔ ani agye. Ne dwumadie no bi ne sɛ Onimuonyamfoɔ Joseph Bukari Nikpe daa no adi sɛ ɔne Ministry of Health (WOH) rebɔ nkɔmmɔ denneennen sɛ wɔbɛma mmoa bi akɔ anim de ahyɛ X’ray block ne amusie dan a wɔde bɛma A/G aduruyɛbea a ɛwɔ mpɔtam hɔ no mu den.

Bio nso ɔkaa sɛ, ɔbɛhwɛ sɛ wɔde nnwinnadeɛ pii besisi hɔ na wasan ayɛ wards no nnwinnadeɛ foforɔ de ayɛ adwuma a ɛbɛma wɔabue beaeɛ no ama akwahosan ho nhyehyɛeɛ a ɛyɛ papa a wɔde ma ɔmanfoɔ no no akɔ anim.

A/G aduruyɛbea no yɛ beaeɛ kɛseɛ a ɛwɔ ɔmantam no mu a ɛtrɛ akwahosan ho dwumadie mu kɔ mmeaeɛ ahodoɔ a ɔwɔ Saboba mpɔtam nyinaa . Na obiaa anya so mfasoɔ.

Saa akwahosan ho nnwuma yi a X’Ray block ne mortuary ka ho no, wɔyɛɛ no ​​titire wɔ adwumayɛkuo a ɛkɔɔ so wɔ MP no ne Saboba mantam nhyiamu no ntam.

Hon. Bukari Nikpe kyerɛɛ sɛ wɔawie adwumayɛbea ahodoɔ no nyinaa, nanso na ɛho hia sɛ wɔsan yɛ nnwinnade foforo na ama nnwuma a etu mpɔn anya nkɔsoɔ wɔ saa adan ahodoɔ no nyinaa mu .

Ɔkaa sɛ, adwuma no nyinaa hwehwɛ sɛ nhyiamu no na ɛbɛyɛ n’asɛdeɛ sɛ wɔde ɔdan no besi hɔ berɛ a ɔno nso bɛboa wɔ nnwinnadeɛ ne nneɛma a wɔde besisi hɔ no mu.

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  2. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2008 Results - Saboba Constituency, retrieved 2023-10-01
  3. Peace FM, Saboba Constituency Results - Election 2012, retrieved 2023-10-01
  4. Peace FM, 2016 Election - Saboba Constituency Results, retrieved 2023-10-01