Bobiri Butterfly Sanctuary

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Bobiri forest Deserve ne Butterfly Sanctuary yɛ nsrahwɛbea a ɛwɔ Ghana ne Afranfrantɔ kronkronbea baakopɛ a ɛwɔ abibire atɔeɛ.[1] Ɛwɔ afranfrantɔ bɛyɛ ahanan. Ɛwɔ Nkran-Kumase kwantenpɔn so wɔ Kubease akurase, bɛyɛ kwansini aduasa sɛ worefiri kumase akɔ hɔ a. Sɛ worefiri KNUST akɔ hɔ nso a ɛbɛyɛ sima aduonu num. Ɛkata mpɔtam nsia so, ɛno ne Krofrom, Kubease,Ndobom, Koforidua, Nkwankwaduam ne Tsteteseakasum. Bobiri kwaeɛ no nso yɛ beaɛ a wɔde asie yɛ nhwehwɛmu wɔ hɔ na ɛwɔ afranfrantɔ abusua pii wɔ Ghana.[2] Wɔtee saa beaɛ no wɔ afe apem ahankron ne aduasa baako na ne kɛseɛ bɛyɛ 54.65km.[3]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://books.google.com/books?id=cP72M7EMdzAC&dq=bobiri+butterfly+sanctuary+ghana&pg=PA169
  2. https://www.ncrc-ghana.org/bobirihome/
  3. "Archive copy". Archived from the original on 2013-10-20. Retrieved 2022-05-31.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)