Bintou Keita

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Bintou Keita
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGuinea Sesa
given nameBintou Sesa
family nameKeita Sesa
date of birth1958 Sesa
place of birthGuinea Sesa
occupationofficial Sesa
educated atPanthéon-Assas University, Paris Dauphine University, Faculté des lettres de Sorbonne Université Sesa

Bintou Keita (wɔwoo no wɔ afe apem ahankron ne aduonum nnwɔtwe) yɛ obi a ɔwɔ United Nations a ɔnyaa ne diplomat firii Guinea. Ɔyɛ obi a wako adare wɔ sɛdeɛ yɛsi siesie ntawantawa a ɛwɔ nnipa ntam. Firi ɔpɛpɔn bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako mu no, wayɛ ɔtwerɛtwerɛfoɔ ama UN ntamgyinafoɔ wɔ Democratic Republic of the Congo.

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoooo Keita wɔ Guinea wɔ afe apem ahankron ne aduonum nnwɔtwe. Ɔnyaa degree wɔ Social Economy adesua mu firii University of Paris. Ɔkɔɔ Paris Suapɔn IX kɔnyaa ne Masters degree wɔ Business Administration ne Management mu.[1]

Nnwuma[sesa]

Ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ adwuma maa United Nations wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nkron mu. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nwɔtwe mu no ɔgyae n'adwuma a na ɔyɛ sɛ Joint Special Envoy abɛdiakyire ma (African Union-United Nations Hubrid Operation in Darfur(UNAMID). Ne dwumadie dada a na ɔyɛ no Anita Kiki Gbeho na ɛbɛtoaa so.[2]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron mu no, Keita bɛyɛɛ ɔtwerɛtwerɛfoɔ abɛdiakyire maa abibiman. [3] Wɔ ne nkitahodie bi mu no ɔkaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa ma mmaa dɔɔso wɔ asraadɔmkuo mu. Ne papa wɔ asraadɔmkuo nom a ɔhyɛɛ ne nkuran sɛ ɔmmɛka ho. Seisei ɔrehwɛ asraafoɔ a wɔde wɔn ho ahyɛ saa adwuma nom wɔ abibirem ɛna wahunu sɛ baabi wɔ hɔ a mmaa anaa mmaa ne mmarima a yaka wɔn abom bɛtumi ayɛ adwuma a ɛbɛtumi ama mmarima nkoa adi ntwo. Ɛnkane no na mmaa nkoa yɛ ɔha mu nkyekyɛmu num wɔ asraafoɔ mu.[4]

Keita (on the right) in Kalemie taking COVID-19 precautions in 2021

ɔpɛpɔn bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako mu no,wɔyii no sɛ ɔmmɛdi United Nations Organization Stabilization Mission a ɛwɔ Democratic Republic of the Congo MONUSCO so na ɔnsane nyɛ twerɛtwerɛfoɔ mma UN ntamgyinafoɔ wɔ Democratic Republic of the Congo. [5]Ɔdii nkunim wɔ Algeria UN Leila Zerrougui mu.[6]Oforisuo bosome mu no ɔde nsɛm kɔmaa mpaninfoɔ no. Berɛ a ɔregye atom sɛ nnipa wɔ ho akwannya sɛ ɔbɛka biribi afa MONUSCO ho no, ɔhunuu sɛ nsɛm no bi nyɛ koraa. Ɔtwerɛɛ sɛ "wahunu sɛ nkitahodie a ɛda United Nations ne Democratic Republic of the Congo mu no ano yɛ den na ɛmu trɛ a wahunu no baabi".[7]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]