Benjamin Osei Kuffour

Ɛfi Wikipedia

Benjamin Osei Osei Kuffour yɛ Ghana amanyɔni a na ɔyɛ mmarahyɛbadwani wɔ akane no Bono ne Ahafo mantam a ɛwɔ Ghana. Na ɔyɛ mmarahyɛbadwani a ɔka mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amamuo a ɛtoso nan no mu (4th Republic of Ghana)

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔpaw Kuffour sɛ mmarahyɛ baguani ma Wenchi Apuei fam amansin no wɔ afe 2000 Ghana amansan abatow no mu . [1] Wɔpaw no wɔ New Patriotic Party no tekiti so . [1] Na ne mansin no yɛ mmarahyɛ bagua nkongua 14 no fa wɔ nkongua 21 a New Patriotic Party no dii wɔ saa abatow no mu maa Brong Ahafo Mantam no mu. New Patriotic Party no nyaa dodow no ara a ɛyɛ mmarahyɛ bagua nkongua ɔha wɔ nkongua 200 a ɛwɔ mmarahyɛ bagua a ɛto so 3 a ɛwɔ Ghana man a ɛto so 4 no mu. Wɔde abatow 20,784 paw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 36,814 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 57.5% yɛ pɛ. [2] Wɔpaw no sen Christiana Atakora Mensah a ofi National Democratic Congress, Francis Amofah a ofi Convention People's Party, Michael Mahama Nabila a ofi People's National Convention, Yeboah Kwasi Eric a ofi United Ghana Movement ne Asare Bediako a ofi National Reform Party [2] Eyinom nyaa abatow 14,326, 359, 245, 207 ne 200 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtowee nyinaa mu 57.5%, 39.7%, 1.0%, 0.7%, 0.6% ne 0.6% yɛ pɛ. [2]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 Electoral Commission of Ghana Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 16.
  2. 2.0 2.1 2.2 Electoral Commission of Ghana -Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 11.