Benjamin Bonsu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Benjamin Bonsu ka adesuafoɔ a wɔyɛɛ Afidie a wɔde yɛ okyinsromma mu nhwɛhwɛmu a wɔfrɛ no Ghanasat-1[1], eyi ne berɛ a edin kan a ɔman Ghana de afidie firii asaase yi so kɔɔ okyinsromma no mu[2]. Adesuafoɔ a na wɔka Owura Benjamin Bonsu ho ne Owura Ernest Matey ne Owura Joseph Quansah. Saa berɛ no na Owura Benjamin Bonsu reyɛ ne Ph.D. wɔ Mfidie a wɔde yɛ abɔde3 mu nhwehwɛmu. Na ɔkyerɛkyerɛni a wɔaben yie paa wɔ mfiedie a wɔde yɛ okyinsromma mu nhwɛhwɛmu, Professor Mengu Cho, na ɛhwɛ no so[3].

Nhomasua[sesa]

Wɔ afe 2013, Benjamin nyaa abodin a edi kan wɔ 'Electronics and Communcation Engineering' firii suapɔn All Nations University a ewɔ ɔman Ghana. Wɔ afe 2016, onyaa abodin a ɛtɔ so mmienu wɔ 'Space Systems Engineering' firii suapɔn Kyushu Institute of Technology wɔ Japan na afei ɔyɛɛ ne Ph.D. toaa so wɔ suapɔn koro no ara mu[4].

Adwuma[sesa]

Benjamin adi nnwuma ahoroɔ a agye din pii mu te sɛ CANSAT a wɔyɛɛ no afe 2013, 'Ground Station Project' wɔ afe 2014 na afei GhanaSat-1 a wɔdaa no adi 2017, Kitawonsa da ɛtɔ so nson. Nhwehwɛmu ahoroɔ a ɔreyɛ no fa kɛseɛ no ara fa  mfidie a ne bo nyɛ den na afie ɛho adwuma da fam a wɔde yɛ abodeɛ mu nhwɛhwɛmu. N'atirimpɔw kɛseɛ paa ne sɛ wɔde nneɛma soronko mmienu a woka si ani a ɔfa baako yɛ hye na ɔfa a aka nu yɛ nwunu berɛ a anyinam ahoɔden refa mu bɛyɛ adwuma wɔ mfidie a wɔde okyinsromma ahoroɔ so no mu.

Benjamin Bonsu ka kuo ketewaa bi a ɛwɔ SGAC mu a wɔfrɛ no SSPG-SGAC ne SLPG-SGAC. Afei nso, Owura Benjamin ka kuo a emufoɔ firi aman ahoroɔ so a wɔyɛɛ HORYU-4 afidie a wɔde kyerɛɛ sɛnea ayinam ahoɔden ano den firi ase wɔ soro[5].

Nea w'ayɛ[sesa]

Owura Benjamin Bonsu dii kuo a ɛfiri Ghana nu anim de wɔn ho kɔkaa dwumadie a na edin a ɛda so ne Joint Global Multi-Nation Birds satellite a na suapɔn Kyushu Institute of Technology (KIT) , Japan, na na asɔ  adwumadie no asene. Na wɔyɛ dwumadie yi ma aman ahoroɔ a wontumi mfaa afiri biara nkɔɔ okyinsromma mu anaa nimdeɛ a wɔwɔ fa mfidie a ɛte saa ho sua. Aman ahoroɔ nnan na ɛde wɔn ho hyɛɛ dwumadie yi mu; Ghana, Mongolia, Nigeria ne Bangladesh. Hyɛ no nsow sɛ GhanaSat-1 ne okyinsromma mu nhwɛhwɛmu afiri a edin kan a ɔman Ghana atumi ayɛ. Suapɔn All Nations University na ɛfaa dwumadi no ho ka nyinaana eyi maa wɔbɛyɛɛ ankorankorɛ (private) suapɔn a edi kan a ɛde afidie akɔ onkyinsromma mu wɔ Africa.

Beaɛ A Minyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. https://face2faceafrica.com/article/ghanasat-1
  2. https://face2faceafrica.com/article/ghanasat-1
  3. https://face2faceafrica.com/article/ghanasat-1
  4. https://atlarge.sspi.org/profiles/benjamin-bonsu
  5. https://atlarge.sspi.org/profiles/benjamin-bonsu