Ato Delaquis Brew Henry (yɛbɔ no De-la-kee)[1] yɛ yɛn mmerɛ yi mu mfoniyɛni a ɔyɛ porɔlifik,ɔtwerɛfoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ a wɔagye din pa ara. Saa mfoniyɛni yi a ɔnim de yi, mfoni a ɔyɛ no, ɔnam pentin a ɔyɛ so twe adwene si nsusuiiɛ ne adwene ahododɔ a ɛbɔ abira a atwa nnipa ho ahyia so.
Prof.
Ato Delaquis
Awo bere
Henry Brew Ato-Delaquis
1945
Capecoast, Ghana
Citizenship
Ghanaian
Adesua
Certificate de fin d’Etudes, Ecole ABC de Paris (Dessin-Peinture) - 1964
B.A. (ART) First Class, College of Art., U.S.T., Kumasi, Ghana - 1971
M.F.A. Temple University, Tyler School of Art, Philadelphia, U.S.A, 1975
Sukuu a w'akɔ
Ecole ABC de Paris (Dessin-Peinture)
U.S.T., seisei KNUST Kumasi, Ghana
Temple University, Tyler School of Art, Philadelphia, U.S.A,
N'adwuma
Mfoniyɛni, Ɔkyerɛkyerɛni
Yɛnim no sɛ
Mfoniyɛ wɔ Abibirem, Penta a ɔdi kan wɔ "Ghana Renaissance" mu
Wɔwoo mfoniyɛni afe apem aha nkron ne aduanan nnum (1945) mu wɔ Capecoast, Gaana.
Ɔde bɛyɛ mfe aduanan ne akyire na ayɛ nnwuma ahodoɔ na wɔada no adi ɛde firi akrɛlike pentin, grafite, linokate ne linografi de kɔsi sekerin - printin so.
Nanso, deɛ ɔde n'adwene si so pa ara ne mfoni a wɔdrɔ ne deɛ wɔprinte no.
Wɔnim no sɛ, mfoniyɛni a ɔyɛɛ "colormodulated panoramic sense" mfoni a ɛfa Abrafoɔ a wɔfiri Asante ne hyɛn ahodoɔ ho no.
Afe apem aha nkron ne aduosia nnan (1964) mu no, ɔkɔɔ sukuu wɔ Ecole ABC de Paris (Dessin-Peinture) ɔwieeɛ no, wɔde nwomasua mu abasobɔdeɛ Certificate de fin d’Etudes maa no. Ɔtoaa so kɔɔ University of Science and Technology (U.S.T.) deɛ seisei yɛfrɛ no Kwame Nkrumah University of Science and Technology (KNUST), Kumase,Gaana wɔ afe apem aha nkron ne aduoson baako (1971) na berɛ a ɔwieɛ no wɔde nwomasua mu abasobɔdeɛ B.A ARTS, First Class na ɛhyɛɛ no animounyam. Mfe nnan akyi no, ɔkɔɔ Temple University, Tyler School of Art, Philadelphia, U.S.A. kɔ suaa Master of Fine Arts (M.F.A.).
Ankyɛ na ɔbɛyɛɛ kyerɛkyerɛni wɔ Kwame Nkrumah suapɔn no mu. Na ɛfiri afe mpem mmienu ne mmienu (2002) kɔsi afe mpem mmienu ne nnum (2005) no.
Ɔno ne Mfoniyɛ Kɔlege (College of Art) no baanodani a ɔtwatoɔ wɔ sukuu a ɔwieɛ, KNUST mu ansa na ɛbɛyɛ "Department of Social Sciences."
Ne nua barima Louis Delaquis, a akyire yi ɔbɛyɛɛ pupɛta ne obi ɔsensen nneɛma de yɛ mfoni ne obi a ɔhwɛɛ no suaɛ kane berɛ ɔrefi ase ayɛ mfoni no. Obi foforɔ a na ɔhwɛ suasua no ne Frɛnkye mfoniyɛni Andre Martin ne Bibini-Amɛrikani mfoniyɛni Leroy Mitchell na ɔno na ɔboa twee n'adwene sii nneɛma Abibifoɔ refa mu berɛ ɔde retoto sɛdeɛ na nnipa amammerɛ te ɛfiri berɛ a na nnipa te aboɔ mu no.
Ato anigye jazze nnwom pa ara ɛno nti, berɛ bi atwam, no ɔsuaa sɛdeɛ yɛbɔ ɔgane, gyita ne saksofon no.
Nsɛm a ɛfa n'abusua sɛ ne yere ne ne mma deɛ yɛn nnim ho hwee seisei.
Ato Delaquis too ne bo ase pentii nneɛma wɔatwa ho mfoni wɔ n'adwene mu a ɛfa Ghana ne Abibiman ho ɛde fa abakɔsɛm ɛnkanka deɛ ɛfa adwadie ne nkoasom ho.
Ɔsan nso twa nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ abibirem ha ɛka yɛn abakɔsɛm kyerɛ ho mfoni de yɛɛ mfoni ahodoɔ.
Sɛ nhwɛsoɔ no, sdeɛ n'ani gye apɔnkɔ ho na ɛkaa no maa ɔyɛɛ mfoni a nnipa a wɔfiri atifdo mantan wɔ Ghana ne Nigeria rebɔ abɛn a berɛ korɔ no ara wɔretwi apɔnkɔ no. Ne nnuwma ahodoɔ a wɔayɛ no dɔɔso pa ara.[2]
Ɛbi ne:
Bar Room, Ato Delaquis
Bowman (Acrylic on Canvas), Ato Delaquis, 2014 (Retouched)
Girl from Chinatown, San Francisco (Oil on Maronite), Ato Delaquis, 1974
Grey Wall Painting (Acrylic on Jute Sacking), Ato Delaquis, 1985, Retouched 2005
Hi-Timers (Indian Ink on Paper), Ato Delaquis, 1971
Hornblowers, Ato DelaquisSharpeville Massacre Gouache wɔ krataa so, 1966Market Scene I, Ato Delaquis
Market Scene, Ato Delaquis
Mask Girl (Graphite & Wash), Ato Delaquis, Undated, Circa 1971
Self Portrait (Oil on Maronite), Ato Delaquis, 1969
Sharpeville Massacre (Gouache on Paper), Ato Delaquis, 1966
Spear Throwers (Acrylic on Canvas), Ato Delaquis, 2012
Subchief with Umbrella & Hornblowers (Acrylic on Canvas), Ato Delaquis, 2014
Trotro Station I, Ato Delaquis
Trotro station, Ato Delaquis
Blue Horsemen of the South Sahel
Ɔhemfo ketewa a ɔwɔ kyiniiɛ ne wɔn a wɔrebɔ abɛn ma no, Canvas 2014
“Africa’s Finest Contribution to Mankind”. 2002, Stockholm, Sweden.
“Art & Nonsense in Relation to the African Condition” 2000 Spanga Sweden.
“African Contemporary Art & Critical Appraisal from the West” 2000 Spanga, Sweden.
“Technicalities of Craftsmanship in painting: Relative to the Development of Contemporary African Art”. School of Oriental & African Studies (SOAS, Dept of Art & Archaeology, London University.