Anthony K Gyapong-Mensah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Anthony K. Gyapong-Mensah yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛbadwani wɔ Ghana mmarahyɛbadwa ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu[1]. Na ɔgyina hɔ sɛ mmarahyɛbadwani de ma Juabeso abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu (Western Region)[1].

Onionyamfoɔ
Anthony K. Gyapong Mensah
OdikanfoKingsley Asoah-Apima
AnanmusiniSampson Ahi
Mmarahyɛbadwani ma Juabeso Abatoɔ mpasua so
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 2001 – Ɔpɛpɔn 6, 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Ne manGhanaGhana 
AmanyɔkuoNational Democratic Congress

Na ɔka National Democratic Congress amanyɔkuo a ɛwɔ Ghana ha no ho.

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Gyapong-Mensah ka mmarahyɛbadwa aɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa wɔ Ghana adehyeman nnan no ho. Wɔtoo aba yii no kane sɛ mmarahyɛbadwani wɔ Ghanafoɔ abatoɔ a Wɔtoo no wɔ afe apem ahenkron aduokron nsia no mu. Ɔnyaa mma ni mpem aduasa nwɔtwe, ahanum ne aduasa - nkron( 38,539 votes) firii mma mpem aduanan -nsia ahanan ne aduonu- nson a wɔtoeɛ no mu a ɛkyerɛ ɔha mu abupɛn aduosia baako akyire po aduonum. Bere a Owura Aborampah Aseidu-Mensah a ɔgyina ma,New Patriotic Party no nso nyaa mma no mpem nson ahenwɔtwe ne aduowɔtwe - nwɔtwe (7,888 votes ) ɛna Owura Ayuba Tank a ɔgyina ma People's National Convention no nso nyaa hwee( 0 Votes)[2].

Owura Kingsley Asoah-Apima firii akonwa no so na ɔbɛdii n'adeɛ ɛna ɔno so firii mmrahyɛbadwa nkonwa no so Owura Sampson Ahi na ɔbɛtenaa so. Na,ɔyɛ Kyiniiɛ amanyɔkuoni ( National Democratic Congress) na ɔgyina hɔ ma Juabeso abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam( Western Region) wɔ Ghana ha[3] Na amanyɔsɛm adwuma no hyɛɛ aseɛ bere a ɔgyina maa Wɔtoo ne so aba wɔ mfeɛ mpem mmienu Ghanafoɔ abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress din mu.[4]

Abatoɔ[sesa]

Wɔtoo aba yii Gyapong-Mensah sɛ mmarahyɛbadwani de ma amanfoɔ wɔte Juabeso mantam mu wɔ mfeɛ mpem mmienu Ghanafoɔ abatoɔ no mu. Ɔdii nkunim wɔ National Democratic Congress din mu. Na ne mpasua ka mpasua nkron a National Democratic Congress dii nkunim wɔ mu ni ho firii mpasua du-nkron no mu wɔ abatoɔ a wɔtoo no wɔ Atɔeɛ Mantam(Western Region). National Democratic Congress amanyɔkuo no bɛyɛɛ dɔmkumaa wɔ mmarahyɛbadwafie bere a wɔnyaa mmarahyɛbadwa nkonwa no aduokron -mmienu firii mmarahyɛbadwa nkonwa ahanu no mu wɔ Ghana mmarahyɛbadwa ɛtɔ so mmiɛnsa no mu wɔ Ghana Adehyeman nnan mu. Ɔnyaa mma no mpem aduonu mmiɛnsa ahenkron aduanan- nnum (23,945 votes) firii mma mpem Ahasa nson, ahenkron ne baako (37,901 total votes ) a,wɔtoeɛ no mu. Yei ne Ɔha mu abupɛn aduosia mmiɛnsa akyire po nsia yɛ pɛ.

Wɔtoo aba no maa gyaa Christopher Sakpaku a na ɔgyina,hɔ ma New Patriotic Party, Andoh Tandoh Michael na ɔgyina hɔ ma National Reformed Party, Samuel Alex A. Larbi na,ɔgyina hɔ ma Convention People's Party, Sharif Abubakar Nkrumah na ɔgyina hɔ ma People's National Convention and Minnah Kenndey na ɔgyina hɔ ma United Ghana Movement. Wɔnom nyaa mma no mpem du ahenan aduokron baako( 10,491), apem ahenson aduanan nnum(1,745), ahenson ne aduokron mmiɛnsa ( 793), ahenum ne du-baako(511) ne ɔha ne aduoson mmienu ( 172) sɛ deɛ wɔn din didi soɔ no equivalent to 27.9%, 4.6%, 2.1%, 1.4% and 0.5% respectively of total valid votes cast.

Beaɛ A Me Nyaa Mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/western/221/
  2. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/western/221/index.php
  3. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/western/
  4. Electoral Commission of Ghana -Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 61.