Annan Cato

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei wɔ Asante Kasa mu

Annan Arkyin Cato
Ghana’s High Commissioner to the United Kingdom
Bere
27 June 2006 – 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoIsaac Osei
AnanmusiniKwaku Danso-Boafo
Ne ho asɛm
Awo bere
Annan Arkyin Cato

6 May 1939 (1939-05-06) (age 84)
Gold Coast
Ne manGhanaian
AdesuaAchimota School
Sukuu a w'akɔ
N'adwuma

Annan Arkyin Cato (wɔwoo no 6 Kotonimma 1939) yɛ Ghana ɔman nanmusifo.[1][2] Ɔyɛɛ Ghana Ɔmanpanyin wɔ United Kingdom firi afe 2006 kɔsi afe 2009. Kan no, na ɔyɛ Ɔkyerɛwfoɔ wɔ Kabinet no mu wɔ John Kufuor ɔmampanyin berɛ a ɛdi kan mu firi afe 2001 kɔsi afe 2005.[2][3]

Abrabɔ mfitiaseɛ ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Annan Cato wɔ 6 May 1939. Ɔkɔɔ Achimota Sukuu firi afe 1953 kɔsi afe 1959, na ɛno akyi no ɔde ne din kɔhyɛɛ Ghana Suapɔn mu baabi a ɔnyaa B. A. wɔ Abakɔsɛm mu wɔ afe 1963.[2] Cato toaa n’adesua so wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration ( GIMPA) faako a onyaa Diploma wɔ Ɔman Adwumayɛ ne Amanaman Ntam Nsɛm mu wɔ afe 1964 mu.[1]

Adwumayɛ[sesa]

Afe 1964 mu no, Cato kɔkaa Ghana Amannɔne Dwumadibea. Ɔsomm wɔ Ghana aman ntam nkitahodi adwuma mu wɔ Addis Ababa, Rome, New York, Geneva ne London.[1] Wɔ London no, Annan dii dwuma sɛ Deputy High Commissioner ansa na ɔrefa Acting High Commissioner dibea wɔ 1985 ne 1987 ntam.[1] Wɔ afe 1987 mu no, wɔde Cato kɔɔ Osu Castle (saa bere no na ɛyɛ Ghana aban no atrae) sɛ Ɔman Apam no sohwɛfo.[1] Wɔ afe 1992 mu no, Jerry Rawlings san de Cato yɛɛ Ghana Ɔmanpanyin wɔ Canada.[1] Wɔ afe 1997 mu no, Cato wiee saa dwumadi yi na wɔpaw no sɛ Ɔkwankyerɛfo Panyin wɔ Amannɔne Nsɛm Ho Dwumadibea. Bere a ɔwɔ saa dibea yi mu no, ɔyɛɛ Ghana Ɔmanpanyin wɔ United Kingdom fi June 2000 kosi February 2001.[1] Saa afe no ara mu no, Cato kɔhyɛɛ pɛnhyen wɔ Ghana Amannɔne Dwumadibea.[1]

Wɔ afe 2001 mu no, John Kufuor paa Cato sɛ Ɔkyerɛwfo wɔ Kabinet no mu.[4] Cato dii tumi kosii afe 2005.[1] Afe 2006 mu no, John Kufuor paw Cato sɛ Ghana Ɔmanpanyin wɔ United Kingdom. Ɔfaa adwuma sɛ Ɔpanin wɔ United wɔ 27 June 2006. Saa dwumadi yi baa awiei wɔ afe 2009 mu.[1]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.00 1.01 1.02 1.03 1.04 1.05 1.06 1.07 1.08 1.09 Annan Cato assumes post as High Commissioner to UK (in English), 2006-06-29, retrieved 2023-12-11
  2. 2.0 2.1 2.2 ANNAN ARKYIN CATO (in English), retrieved 2023-12-15
  3. Court circular (in English), 2023-12-15, ISSN 0140-0460, retrieved 2023-12-15
  4. Irving L. Weissman, 2009-02-27, retrieved 2023-12-11