Andrews Adjei-Yeboah

Ɛfi Wikipedia

Andrews Adjei-Yeboah na ɔyɛ mmarahyɛ badwani de ma Tano South abatoɔ mpesoaso wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtoso num(5) wɔ Adehyeman Ghana amanmuo a ɛtoso nan ( 4th Repblic of Ghana ).

Abrabɔ Ahyaaseɛ ne Adesua.[sesa]

Adjei-Yeboah yɛ woo no wɔ bosome 26 Ɔbɛnem no ne da a ɛtoso aduonu nsia wɔ mfie apem aha nkron ne aduonum num no mu(26th November 1955).[1] Ɛkuro a ofiri so ne Techimantia a ɛwɔ Ahafo Mantam no mu wɔ Ghana.[2] Owiee sukuu wɔ Ghana Suapɔn mu (University of Ghana) a onyaa suapɔn abɔdin krataa a ɛdi kae wɔ abɔdeɛ nyansa pɛ mu sɛ ɔpanin kɛseɛ anaa sɛ ɔhwɛfoɔ a ɔtwerɛtwerɛ na ɔyɛ ntotoeɛ wɔ abɔdeɛ nyansa pɛ mu.(Bachelor of Science in Administration) wɔ afe apem aha nkron ne aduowɔtwe mmienu no mu (1982).[2]

Adwuma[sesa]

Adjei-Yeboah yɛ ɔpanin a na wɔ Farest Wood Products Company Limited.[2] adwumakuo no mu ansa na ɔbɛyɛɛ Mmarahyɛbadwani.[3]

Adjei Yeboah dii kan yii no sɛ mmarahyɛbadwani ma Tano South abatoɔ mpɛsoaso a ɛwɔ Brong ne Ahafo mantam mu wɔ Ghana ma mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mu. 

Wɔ mfie mpem mmienu (2000) mu no, Adjei-Yeboah dii nkunim wɔ Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ mmarahyɛbadwani de ma Tano South mpesoaso a ɛwɔ Brong ne Ahafo Mantam mu wɔ Ghana. Ɔdii nkunim wɔ ɔsono amanyɔ kuo no (New Patriotic Party) no tekiti anaa sɛ tumi krataa so. Na ne mpɛsoa no ka mmarahyɛbadwa nkonwa du nan (14 ) a wɔn nyaa de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu baako (21) a ɔsono amanyɔ kuo (New Patriotic Party) dii nkonim wɔ saa abatoɔ no mu maa Brong ne Ahafo Mantam no mu.[4] (New Patriotic Party) ɔsono amanyɔkuo no dii nkunim nyaa mma no mu dodoɔ no ara a na nyinaa yɛ mmarahyɛbaswam nkonwa no (100) de firii mmarahyɛbadwa nkonwa aha mmienu (200) wɔ mmerahyɛbadwa a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amanmuo a ɛtoso nan no mu.[5] Wɔn de abatoɔ no mu mpem du nan ne mmiensa (14,003) a onyaa de firii mpem aduonu nan, aha nkron ne aduonu no mu a wɔn gyetomu sɛ ɛyɛ no na ɛyii no sɛ nkunimdifoɔ wɔ abatoɔ no mu. Waei gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum nson ne akyiripo mmiensa (57.3) wɔ abatoɔ no neɛ wɔn gyetomu sɛ ɛyɛ no mu.Wɔn too aba yii no sɛ nkunimdifoɔ wɔ Owura Kwadwo Owusu Agyeman a na ofiri kyenie amanyɔkuo (New Democratic Congress ) ( NDC) mu no so,Owura Yaw Amankwaa a ɔno nso firi (Convention People's Party) (CPP) amanyɔkuo no mu, John Arthur a ofiri (National Reform Party ), ne Owura Osman Asante-Bonsu a ofiri (people's National Convention ) (PNC) amanyɔkuo no mu.waei dii nkunim ne mma mpem nkron, aha nwɔtwe ne aduowɔtwe num, aha mmienu ne du, ɔha ne aduokron nwɔtwe ɛne ɔha ne aduasa nan wɔ ne kwanso de firii abatoɔ a wɔn tooeɛ no ne dodoɔ a wɔn gyetomu sɛ ɛyɛ no no mu.Na waei gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan ne akyiripo num, hwee ne akyiripo nkron,hwee ne akyiripo nwɔtwe ɛne hwee ne akyiripo num wɔ ne kwanso ne kwanso wɔ a mma a wɔn gyetomu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.

Wɔn Danso too aba yii no sɛ mmarahyɛbadwaani wɔ Tano South mpɛsoa no so wɔ mfie mpem mmienu ne nan (2004) wɔ Ghana amansan abatoɔ no mu. Ɔnam saa kwan yi so gyinaa mpɛsoa no ananmu wɔ Ghana mmarahyɛbadwa a ɛtoso nan wɔ Adehyeman Ghana amanmuo a ɛtɔ so no mu.[6][7] Wɔde abatoɔ 14997 na wɔpaw no wɔ abatoɔ 27,844 a ɛfata a wɔtowee nyinaa mu.[6][7] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtowee nyinaa mu 53.9% yɛ pɛ.[6][7] Wɔpaw no wɔ Boateng Frederick a ɔyɛ Nnipa Ɔman Nhyiam no ne Kwadwo Owusu Agyeman a ɔyɛ Ɔman Demokrasi Bagua no so.[6][7] Eyinom nyaa abatow 301 ne abatow 12,546 wɔ abatow a ɛfata a wɔtowee nyinaa mu.[6][7] Eyinom ne 1.1% ne 45.1% yɛ pɛ wɔ abatow a ɛfata a wɔtowee nyinaa mu.[6][7] Wɔpaw Adjei Yeboah wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[6][7] Na ne mansin no yɛ amansin 14 a ɛwɔ amansin 24 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii nkonim wɔ Brong Ahafo Mantam mu wɔ saa abatow no mu no fa. Wɔ ne nyinaa mu no New Patriotic Party no nyaa dodow no ara a ɛyɛ mmarahyɛ bagua ananmusifo 128 wɔ mmarahyɛ bagua nkongua 230 a ɛwɔ Ghana man a ɛto so 4 no mmarahyɛ bagua a ɛto so 4 no mu.[8]

Wɔpaw Adjei-Yeboah sɛ Mmarahyɛ Bagua no muni wɔ Tano South amansin no mu wɔ afe 2008 Ghana amansan abatow a ɛkɔɔ so wɔ Ghana man a ɛto so 4 no mmarahyɛ bagua a ɛto so 5 no mu . Ɔnyaa abatoɔ 15,242 wɔ abatoɔ 28,822 a ɛfata a wɔtowee no mu, a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 52.88% yɛ pɛ.[2] Wɔpaw no sɛ Boateng Fredrick a ɔyɛ Ɔmanfo Ɔman Nhyiam no mu, Kwadwo Owusu Agyemang a ɔyɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Bagua no mu ne Josephine Ataa Oppong a ɔyɛ Nhyiam no mu Nnipa Kuw no so .[9] Eyinom nyaa 1.00%, 43.49% ne 2.63% wɔ abatoɔ a wɔtowee wɔ abatoɔ no nyinaa mu.[9]

Ankorɛankorɛ[sesa]

Adjei-Yeboah aware a ɔwɔ mma mmiensa Mfomsoɔ wɔ beaɛ hɔ:The opening <ref> tag is malformed or has a bad name. Ɔyɛ Kristoni (Methodist).

Bea me nyaa mmoa firii yɛ[sesa]

  1. Odekro | What has your MP done for you?, retrieved 2022-09-01
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 Ghana MPs - MP Details - Adjei-Yeboah, Andrews, 2016-05-06, archived from the original on 2016-05-06, retrieved 2022-09-01{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  3. "Wayback Machine", Wikipedia (in English), 2022-08-27, retrieved 2022-09-01
  4. Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2022-09-02
  5. {{cite web}}: Empty citation (help)
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 6.4 6.5 6.6 Mfomsoɔ wɔ beaɛ hɔ:Invalid <ref> tag; no text was provided for refs named :2
  7. 7.0 7.1 7.2 7.3 7.4 7.5 7.6 Mfomsoɔ wɔ beaɛ hɔ:Invalid <ref> tag; no text was provided for refs named :3
  8. Mfomsoɔ wɔ beaɛ hɔ:Invalid <ref> tag; no text was provided for refs named :4
  9. 9.0 9.1 Mfomsoɔ wɔ beaɛ hɔ:Invalid <ref> tag; no text was provided for refs named :1