Ama Pomaa Boateng

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Ama Pomaa Boateng
MP
Mmrahyɛbadwani ɛma
Juaben Mpɛsoa
Mprenpren
Bere
7 January 2017
Ne ho asɛm
Awo bere
Ama Pomaa Andoh

19 August 1975 (1975-08-19) (age 48)
Juaben, Ghana
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma1
Sukuu a w'akɔWestminster University, London, Uk
N'adwumaIT Consultant
N'adwumaIT Consultant
CabinetMinister
CommitteesGender and Children Committee; Food, Agriculture and Cocoa Affairs Committee

Ama Pomaa Boateng (wɔ oo no wɔ August da etɔ so 19, 1975) yɛ Ghana amanyɔni. Ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuo no mu ni ne mmarahyɛ baguani a ogyin hɔ ma Juaben mpɛsuaso a ɛwɔ Asante mantam mu.

Ne mmɔfrase ne nhomasua[sesa]

Wɔ woo ama pomaa wɔ August da a ɛtɔ so 19, afe 1975 mu wɔ Juaben a ɛwɔ Asante mantam mu. Ɔkɔɔ ntoaso sukuu wɔ Holy Trinity School a ɛwɔ Cape Coast ma no nyaa Abodin krataa firii suapɔn a ne din de Anglia Ruskin. Okura abɔdin krataa a ɛkyerɛ sɛ wanya nimdeɛ wɔ kɔmputa dwumadie mu firii suapɔn Westminster University a ɛwɔ London, UK. Wɔ afe 2012 mu no, onyaa abɔdin kraa wɔ sɛnea wɔnam abɛɛfro mfidie so de nneɛma a asɛi di dwuma firi amanaman nkabom kuo suapɔn a wɔfrɛ no E-waste academy. Ɔsan nso kura abodin krataa firi suapɔn Penn Foster, Wild PCS, Harvard University ne House of Democracy Partnership/NDI.

Nnwuma[sesa]

Ama yɛ ofotufoɔ wɔ abɛɛfro nwumadie mu na ɔyɛ ɔkwankyerɛfo ma Ghana adwumakuo a wɔfrɛ no High-tech Women wɔ Nkran, adwumkuo a ɛnhyɛ aban ase a wɔn dwumadie ne sɛ wɔ kyerɛkyerɛ mmaa sɛnea wɔyɛ abɛɛfro dwumadie

Amanyɔsɛm[sesa]

Ama pomaa sii Akan ma no dii nkunim wɔ mmarahyɛ bagua akongua abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 2016 mu wɔ Juaben mpɛsua so. Afoforo miɛnsa a ɔne wɔn sii akan no ne Nana Prempeh Amankwaah a ogyinaa wɔ amanyɔkuo National Democratic Party din mu ne Gallo Stephen Ayitey a ogyinaa wɔ amanyokuo Conventions Peoples Party din mu. Ɔno koro no ara sii akan wɔ 2016-nkogya abaotoɔ a ɛkɔɔ so wɔ December da a ɛtɔ so 7, afe 2016 wɔ Juaben no. Pomaa de mma a ne dodoɔ yɛ 29,606 no mu 22,323 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 75.40 na edii nkunim

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Ama Pomaa yɛ owarefo a ɔwɔ ba baako. Ɔyɛ Kristoni.

BEAEɛ MENYAA MMOA FIRII[sesa]

1.https://www.parliament.gh/mps?mp=156

2.http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=2530

3.https://www.modernghana.com/news/439490/1/mp-calls-for-proper-management-of-e-waste.html

https://web.archive.org/web/20161220085118/https://ghana.usembassy.gov/pr_042213.html

5.https://www.graphic.com.gh/news/politics/election-2016-know-your-female-parliamentary-candidates-3.html

6.http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=2530

7.https://www.vitalvoices.org/fellow/hon-ama-pomaa-boateng/

8.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/ashanti/309/index.php