Alhassan Wayo Seini

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Alhassan Wayo Seini (wɔwoo no 12 September 1945) yɛ Ghana amanyɔni na na ɔyɛ mmrahyɛbaguani ma mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan wɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mu .[1]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Wayo na wɔtetee no wɔ Tamale.[1] Ɔwɔ Kuadwuma Nyansahu mu nimdeɛ na ɔsan nso wɔ Nyansahu mu abodin krataa wɔ Kwame Nkrumah Nyansahu ne Mfiridwuma Sukuupɔn mu .[1]

Adwuma[sesa]

Wayo yɛ mmoayɛnfo panin na na ɔyɛ mmrahyɛbaguani wɔ Tamale Central Constituency a ɛwɔ Northern Region of Ghana wɔ afe 2005 ne 2009 ntam [1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdii kan paw Wayo sɛ ɔmmɛyɛ Ghana mmrahyɛbagua no mu wɔ National Democratic Congress (NDC) tekiti so wɔ afe 2004 Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ mmrahyɛbagua no muni ma Tamale Central Constituency . Ɔde abatow 35,635 dii nkonim, na ɛyɛ ɔha biara mu nkyem 58.2 wɔ abatow 61,271 a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Akyiri yi ɔgyaee NDC na ɔgyinaa hɔ sɛ obi a ɔde ne ho nanso ɔdii nkoguo wɔ Inusah Fuseini, a ɔgyinaa NDC ananmu wɔ afe 2008 amansan abatoɔ no mu.

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔyɛ Nkramofni .[1]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 Ghana Parliamentary Register(2004–2008)