Alex Tettey-Enyo

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Alexander Narh Tettey-Enyo
Member of the Ghana Parliament
for Ada
Mprenpren
Bere
Jan 2005
OdikanfoAmos Lawerh Buertey
Ɛdɔm keseɛ12,695
Minister for Education
Bere
Feb 2009 – Jan 2011
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoDominic Fobi
AnanmusiniBetty Mould-Iddrisu
Ne ho asɛm
Awo bere6 June 1940 (1940-06-06) (age 83)
Akuse, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma5
Sukuu a w'akɔPresbyterian Boys' Secondary
University of Cape Coast
N'adwumaEducationist

Alexander Narh Tettey-Enyo yɛ nhomasua ho nimdefo ne ɔmanyɔni . Ɔyɛ Ada mmrahyɛbagua no muni firi afe 2005 na ɔyɛ Ghana Ɔmanpanyin a ɔhwɛ nwomasua so wɔ afe 2009 ne afe 2011 ntam.[1][2]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Alex Tettey-Enyo wɔ ayɛwohomumɔ da ɔto so nsia(6), 1940 wɔ Akuse wɔ Greater Accra Mantam mu wɔ Ghana.[2] Ɔhyɛɛ ne mfitiaseɛ adesua ase wɔ Akuse Methodist Mfitiaseɛ Sukuu mu wɔ afe 1946 mu. Wɔ afe 1948 mu no, ɔkɔɔ so wɔ James Town Accra Methodist Mfitiaseɛ Sukuu mu na ɔwiee wɔ Somanya Methodist Mfitiaseɛ/Mfinimfini Sukuu a ɔsuaa adeɛ wɔ afe 1949 ne 1953 ntam hɔ. Ne ntoaso sukuu fii ase wɔ Volta Mantam Ntoaso Sukuu, Odumase Krobo wɔ afe 1954 mu. Ɔtoaa so wɔ Presbyterian Boys’ Secondary nso wɔ Odumase Krobo wɔ 1956 ne 1957 ntam hɔ. Ɔwiee ntoaso sukuu akyi akyerɛkyerɛfoɔ adesua wɔ Wesley College, Kumasi wɔ afe 1959 ne 1960 ntam Ɔkɔɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so wɔ afe 1961 ne 1962 mu na afei ɔkɔɔ Cape Coast Suapɔn mu baabi a ɔsuaa adeɛ wɔ afe 1962 ne 1965 ntam, na ɔnyaa Bachelor of Arts abodin krataa wɔ nwomasua mu. Ɔkɔɔ Nyansahu ne Mfiridwuma Sukuupɔn, Kumasi (1961-1962) ne Sukuupɔn Kɔlege a ɛwɔ Cape Coast (1963-1965).[2]

Adwuma[sesa]

Nwomasua[sesa]

Ɔhyɛɛ n’akyerɛkyerɛ adwuma a edi kan ase wɔ Yilo Ɔman Sukuu a ɛwɔ Somanya no mu wɔ afe 1958 mu. N’adwuma a edi hɔ ne Ghanata Ntoaso Sukuu, Dodowa . Ne sukuupɔn adesua akyi, bere a na ɔyɛ ɔman sohyialist sukuufo ahyehyɛde (Ghanaso) no Titenani no, ɔde ne ho kɔbɔɔ sukuufo kuw bi a wofi Kwame Nkrumah Adwene Ho Asoɛe a wɔkɔɔ GDR mfinimfini kuw sukuu a ɛwɔ Berlin kɔsuaa ade tenten no ho. Bere a ɔwɔ hɔ no, Kwame Nkrumah asehwe akyi no, wɔn a wɔtaa Ɔmampanyin a wɔatu no afi n’ahengua so no akyi no kɔɔ ne nkyɛn sɛ ɔmmɛsan nkɔyɛ adwuma wɔ ne din mu, nanso wampene. Adanse a ɛkyerɛ bere a ɔtraa Berlin no wɔ Bundesarchiv, Berlin Lichterfelde, SAPMO-BArch, DY 30, IV A 2/ 9.09/ 125. Ɔsan kɔɔ ne kan sukuu mu wɔ 1966 mu, na awiei koraa no ɔbɛyɛɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Panyin Boafo fi 1971 kosi 1974. Wɔ afe 1982 mu no,wɔpaw no sɛ Ada Ntoaso Sukuu panyin, dibea a odii mu kosii afe 1990. Wɔyɛɛ no Nhomasua sohwɛfoɔ maa Dangme Apueeɛ Mantam wɔ Ghana Nhomasua Dwumadibea (GES) wɔ afe 1990 mu. Wɔ afe 1991 mu no, ɔbɛyɛɛ Ntoaso Nhomasua sohwɛfo wɔ GES adwumayɛbea ti wɔ afe 1991 mu. Mfeɛ nnan akyi no, na ɔyɛ Adwumayɛfoɔ ne Nteteeɛ sohwɛfoɔ wɔ GES adwumayɛbea ti. Wɔ afe 1996 mu no, ɔbɛyɛɛ Ghana Nhomasua Dwumadibea no Ɔkwankyerɛfo Panyin Abadiakyiri na afei ɔyɛɛ Ɔkwankyerɛfo Panyin a ɔyɛ adwuma fi afe 2001.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Tettey-Enyo yɛɛ adwuma sɛ Ɔmantam Ɔkyerɛwfo maa Dangme Apuei Fam Ɔmantam Nhyiam no wɔ afe 1990 mu. Odii kan gyinaa mmrahyɛbagua mu wɔ Ghana mmrahyɛbagua abatow mu wɔ December 2004 mu wɔ National Democratic Congress tekiti so, ɔkɔɔ mmrahyɛbagua no mu wɔ January 2005 mu.[3] Wɔ afe 2009 mu no, Ɔmampanyin John Atta Mills paw Tettey-Enyo sɛ Ɔsoafo a ɔhwɛ Nhomasua so wɔ n’aban mu.[4] Tettey-Enyo bere sɛ ɔsomfo no baa awiei wɔ afe 2011 mu wɔ nsakrae a Ɔmanpanyin Mills yɛe wɔ aban mpanyimfo kuw mu no akyi.[2][5]

Abusua[sesa]

Tettey-Enyo aware a ɔwɔ mma baanum.

Nneɛma a wɔde gye wɔn ani[sesa]

Nneɛma a Tettey-Enyo ani gye ho ne akenkan, stamp a wɔboaboa ano, asuguare ne akyinnyegye.

Hwɛ nso[sesa]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. About: Alex Tettey-Enyo, retrieved 2023-10-01
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 Hon. Alex Tettey-Enyo, 2010-11-25, archived from the original on 2010-11-25, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  3. Wayback Machine (PDF), archived from the original (PDF) on 2011-01-12, retrieved 2023-10-01
  4. First batch of Ministers Sworn In (in English), 2009-02-13, retrieved 2023-10-01
  5. Tetteh-Enyo prevented from laying a paper in Parliament (in English), 2011-01-19, retrieved 2023-10-01