Akua Sena Dansua

Ɛfi Wikipedia

Akua Sena Dansua (wɔwoo no 23 April 1958) yɛ Ghana nsɛm ho amanneɛbɔ ne nkitahodi ho ɔfotufo a ne ho akokwaw, amammuifo ne nniso ne akannifo ho ɔbenfo. Na ɔyɛ North Dayi Mmarahyɛ Bagua no muniGhana na na ɔyɛ Germany Ɔman Ba .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Dansua wɔ Hohoe wɔ Hohoe Municipal District wɔ Volta Mantam mu wɔ 23 April 1958. N’abusua fi Botoku, a ɛno nso wɔ Volta Mantam mu. Ɔhyɛɛ ne mfitiaseɛ adesua ase wɔ Kadjebi-Akan Mpɔtam Aban Nsɔhwɛ Mfitiaseɛ ne Mfinimfini Sukuu mu. Afei ɔkɔɔ so kɔɔ ntoaso sukuu wɔ Mawuli Sukuu a ɛwɔ Ho, Volta Mantam no ahenkurow mu.

Adwuma[sesa]

Ɔne Weekly Spectator atesɛm krataa a ɛwɔ Accra, Ghana, yɛɛ adwuma sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo, na awiei koraa no ɔbɛyɛɛ krataa no Features Editor.

Akua Dansua yɛ Abatoɔ Boafoɔ wɔ Abatoɔ Bagua a ɛwɔ Ghana wɔ afe 1979 ne 1980 ntam. Efi 1983 kosi 1987 no na ɔyɛ Nigerian Reporter atesɛm krataa no Amanneɛbɔfo Panyin.

Amanyɔsɛm[sesa]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]