Akanvariva Lydia Lamisi

Ɛfi Wikipedia
Akanvariva Lydia Lamisi
nnipa
sex or genderfemale Sesa
occupationAmanyɔni Sesa
position heldMember of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa

Lydia Akanvariba Lamisi yɛ Ghana ɔyarehwɛfoɔ, ɔmanyɛfo ne mmarahyɛ baguani ma Tempane Mansin. Ɔsii akan wɔ afe 2020 Ghana Amansan Abatoɔ no mu wɔ ne mansin Mantam mu na ɔdii nkonim wɔ mmarahyɛ bagua no mu.

Mfitiase Asetra ne Nhomasua[sesa]

Wɔwoo no wɔ 7 Ahinime 1973. Wɔwoo no wɔ Tempane na ɔyɛ Kristoni. Ɔsuaa ayarehwɛdwuma ho boafo na ɔsan nso yɛ mmranimni (lɔɔya).

Amanyɔsɛm[sesa]

Lamisi yɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Bagua ( NDC) no muni. Na ne kunu a wawu, David Adakudugu yɛ mmarahyɛ baguani a ɔhwɛ Tempane Mantam mu . Bere a ne kunu wui bere a na ɔresom wɔ dibea mu akyi no, osii gyinae sɛ obesi n’ananmu sɛ mmarahyɛ baguani muni wɔ ɔmansin koro no ara mu. Wɔ December 2020 mu no, wɔpaw no sɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Tempane Mantam no mu bere a osii akan wɔ 2020 Ghana Amansan Abatow no mu wɔ National Democratic Congress tekiti ase. Ɔnyaa abatoɔ 20,939 a ɛyɛ 56.0% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu. Wɔpaw no sen Joseph Dindiok Kpemka a ofi New Patriotic Party a ɔno nso nyaa abatow 16,462 a ɛkyerɛ ase sɛ 44.0% wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu.

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔyɛ David Adakudugu a w'anya ne baabi kɔ yere.[1]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

1.https://www.graphic.com.gh/news/politics/widow-of-parliamentary-candidate-wins-tempane-ndc-primaries.html

2.https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Widow-of-former-NDC-PC-shocks-Deputy-Attorney-General-Kpemka-1128983

3.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2020/parliament/uppereast/tempane/

4.https://www.parliament.gh/mps?mp=274

5.https://www.myjoyonline.com/news/national/deputy-attorney-general-dindiok-kpemka-kicked-out-of-parliament/

  1. https://www.graphic.com.gh/news/politics/widow-of-parliamentary-candidate-wins-tempane-ndc-primaries.html {{citation}}: Missing or empty |title= (help)