Aisha Yesufu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Aisha Yesufu
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipNigeria Sesa
given nameAisha Sesa
date of birth12 Ɔpɛnimma 1973 Sesa
place of birthKano State Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Nigerian Pidgin Sesa
occupationbusinessperson, social activist Sesa
educated atUthman dan Fodiyo University, Ahmadu Bello University, Bayero University Kano Sesa
religion or worldviewIslam Sesa
award receivedBBC 100 Women Sesa
official websitehttps://www.aishayesufu.org/ Sesa

Aisha Somtochukwu Yesufu (wɔwoo no wɔ Ɔpɛnimaa bosome a ɛtɔ so du mmienu wɔ afe apem ahankron ne aduoson mmiɛnsa mu) yɛ Nigerianii ɔbaa a ɔboa ma dwumadie bi kɔ so ɛna ɔsane yɛ nnwuma pii. Ɔka ho na wɔtee #BringBackOurGirls anamɔtuo, a Boko Haramfoɔ bɛfaa mmaa pii bɛyɛ ahanu a wɔwɔ ntoasoɔ wɔ Chibok, NigeriaOforisuo bosome da a ɛtɔ so du nan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan mu. Ɔde ne ho hyɛɛ anamɔtuo bia wɔfrɛ no End SARS mu a wɔsɔre tiaa Nigeria Polisifoɔ a wɔde ɔhyɛ baa wɔnsoɔ.[1]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Aisha Somtochukwu Yesufu wɔ Kano States na wɔtetee no wɔ hɔ, [2]na ɛwɔ Agbede a ɛwɔ Edo State. [3]Ɔbɛbrɛɛ ɛnam sɛ ɔyɛ ɔbaa wɔ mpɔtam a na mmarima nkoa wɔ.[4] Ɔkaa sɛ berɛ a na wadi mfeɛ du baako no, na ɔnni nnamfonom a wɔyɛ mmaa ɛfiri sɛ na wɔ nyinaa aware na ebi nso awu wɔn mmɔfra berɛ mu, ɛna berɛ a ɔdii mfeɛ aduonu nan s ɔwareeɛ no na na ne nnamfonom pii noa yɛ mmerewa. [4]Ɔse ɛnam na ɔpɛ nnwoma nti ɛboa no ne mmɔfra berɛ mu, ɛna akenkan nso boaa no hunuu sɛ " yɛwɔ wiase a ɛboro tokuro bi a na ɔnyini wɔm ɛna na ɔpɛ saa abrabɔ no". [5]Ɔpɛɛ kwan wɔ Nigerian Defence Academy wɔ afe apem ahankron ne aduokron baako, nanso ɛnam sɛ na ɔyɛ ɔbaa nti wɔbɔɔ no san yɛ. [5]Afei deɛɔkɔɔ Usmanu Danfodiyo suapɔn wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu, nanso wɔtoo sukuu nom no, ɔkɔɔ Ahmadu Bello suapɔn kɔsuaa medicine. Yesufu firii Ahmadu Bello suapɔn berɛ a wɔsane too saa suapɔn nom biom, ɛnam sɛ wɔkuu okunini bi wɔ afe apem ahankron ne aduokron nan. Ɔwiee ne nnwomasua wɔ Bayero University Kano a ɔwiee ne degree wɔ microbiology mu.[6]

Abasobɔdeɛ[sesa]

Na ɔka BBC mmaa ɔha wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu.[7]Na Yesufu ka abibifoɔ mmaa ɔha a wɔdi mu wɔ New African koowa nkrataa mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu.[8]

N'abrabɔ ankasa[sesa]

Yesufu waree ne kunu Aliu wɔ afe apem ahankron ne aduokron nnwɔtwe. [9]Wɔm wɔ mma mmienu.[10]

Ntotoho[sesa]

  1. "Aisha Yesufu: 100 Most Influential Africans"
  2. "Aisha Yesufu a Profile in Courage"
  3. "Aisha Yesufu, the hijab-wearing revolutionary"
  4. 4.0 4.1 "Most of my mates were almost grandmothers when I married at 24 – Aisha Yesufu"
  5. 5.0 5.1 "Aisha Yesufu: The Voice Of Humanity"
  6. "Aisha Yesufu: The Voice Of Humanity"
  7. "BBC 100 Women 2020: Who is on the list this year?"
  8. "Aisha Yesufu: 100 Most Influential Africans"
  9. "Aisha Yesufu: The Voice Of Humanity"
  10. "Aisha Yesufu dey wear hijab protest SARS Nigeria and police brutality"