Ɛdɔm kɛseɛ Panin

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛwɔ United State of America amanyɔsɛm mu ne aman foforɔ a wɔde Ɔmanpanin akandie bu ɔman no, Ɛdɔm Kɛseɛ Panin(About this soundpronounciation of "Ɛdɔm Kɛseɛ Panin" ) yɛ diberɛ wɔde ma obi wɔ mmarahyɛbadwam.[1]

United States[sesa]

Ɛwɔ mmarahyɛbadwafie mmienu a wɔ United States, Dɔm kɛseɛ panin dwumadie wɔ mmrahyɛbadwafie ketewa mu no ne dɔm kɛseɛ panin a ɔwɔ mmarahyɛbadwafie kɛseɛ mu no nyɛ pɛpɛɛpɛ. Nsonsoreɛ kakra da wɔ ntam. Ɛwɔ ɔman mu, Dɔm Kɛseɛ Panin wɔ ɔman bi mmrahyɛbadwafie bi taa yɛ dwumadie baako te sɛ deɛ ɔfoforɔ no yɛ.

Senate[sesa]

Ɛwɔ mmrahyɛbadwafie a yɛfrɛ no Senate wɔ America no, Ɔmanpanin abadiekyire na Mmra mu ɔda Senate ano ɛna Ɔmanpanin no ankasa nso tumi bɛdi Senate kan sɛ Ɔmanpanin abadiekyire no nni hɔ a. Nanso sɛ wokɔ mu pa ara Ɔmanpanin abadiekyire no ntaa nkɔ Senate mmrahyɛbadwafie hɔ na pankasɛ Watane adwam ayɛ Mmra ho mpɛnsɛnpɛnsɛmu, gye sɛ wɔn abatoɔ mu ayɛ den a wɔntumi nte mu na wɔhwɛ sɛ ɔbɛto aba. Ɛna Ɔmapanin no nso abɛyɛ Ɔman no dwumadie biara kandifo nti Ɛno mma no saa akwanya no.

Yei kyerɛ sɛ wɔhunu Dɔm kɛseɛ panin no sɛ ' de facto leader' wɔ Senate mmrahyɛbadwafie nkanka nnɛ berɛ mu. Ɛna wɔ Senate Mmra mu no, Onipa a ɔbɛtena pono ti wɔ mmrahyɛbadwa dwumadie biara mu no ma Dɔm kɛseɛ Panin no ahohoahoa sɛ ɔbɛtumi akasa wɔ Senate mmrahyɛbadwafie hɔ na wɔn na wɔkyerɛ Mmra wɔbɛgye ato mu. Wɔhunu Dɔm kɛseɛ panin no sɛ ɔkasamaafoɔ de ma wɔn Amanyɔkuo wɔ Senate mmrahyɛbadwafie ɛna sɛ mmrahyɛbadwafie ketewa wɔfrɛ no 'The House' no yɛ Dɔm Kɛseɛ a ɔda amanyɔkuo no ani wɔ United States mmarahyɛbadwafie no nyinaa.

In the United States Senate, the current Majority Leader is Chuck Schumer, who assumed the office on January 20th, 2021.

House of Representatives[sesa]

Ɛwɔ ' House of Representatives' mmrahyɛbadwafie no, Dɔm Kɛseɛ no wɔ a ɔwɔ ne ne tumi nyinaa ta agyina mmrahyɛbadwa dwumadie so. Ɛwɔ wɔn dwumadie bi mu, Dɔm Kɛseɛ Panin tumi tena mmrahyɛbadwa Kyeamehene anan mu te sɛ Mmrahyɛbadwa Panin ne mmrahyɛbadwa amanyɔkuo Panin sɛ ɛyɛ ɔhyɛ so te sɛ mmrahyɛbadwa Kyeamehene yɛ bɔne bi a anaa sɛ Mmrahyɛbadwa Kyeamehene firi ne pɛ mu sɛ ɔrenyɛ adwuma no bio a ɔde tumi no ma dɔm Kɛseɛ panin no. Ɛwɔ mmrahyɛbadwa dwumadie biara mu no mmrahyɛbadwa Kyeamehene a ɔwɔ 'House' mmrahyɛbadwafie no taa tena pono ti sɛ mmrahyɛbadwa Panin ne Amanyɔkuo Panin na Dɔm Kɛseɛ Panin no ho anhia na ɔnni tumi biara gye sɛ ɔgyina mmrahyɛbadwa Kyeamehene anan mu da bi.

Ɛwɔ United States House of Representatives mmrahyɛbadwafie nnɛ yi dɔm Kɛseɛ panin ne Owura Steny Hoyer a ɔbɛtenaa akonwa so wɔ Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nkron mu.

Beaeɛ me nyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://definitions.uslegal.com/m/majority-floor-leader/