Banovci (Nijemci)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Banovci

Banovci yε kuro ketiwa bi a ɛwɔ Krowehyia man mu.[1] Efi hɔ rokɔ Serbia hyeɛso no yɛ kilomita nson (7).[2]Sɛ ibutum afi akura no ase aba kurom a, gyedɛ ɛfa D46 kwantenpɔn noso na saa kwan yi bɛfa Vinkovci toa so kɔfa Serbia kɔsi Sid, keteke kwan no ho.

Din[sesa]

Banovci akura no, wɔfrɛɛ no "Novi Banovci" a bɛsii afe apem ahankron (1900) mu ne "Šidski Banovci" nso wɔ afe apem ahankron ne du (1910) mu kosi apem ahankron ne aduokron baako (1991).[3]Woyii asɛmfua a odi kan no fii mu de sesaa kurow ne din wɔ afe apem ahankron ne aduokron baako (1991) mu aber na kurow no ka Eastern Slavonia, Baranja and Western Syrmia hu a bɛsii apem ahankron ne aduokron nwɔtwe (1998) AD bere UNTAES amanmuo no baa awieɛ. Nnipa a na wɔtete akura no ase kɔɔ so de saa edin no frɛɛ akura no abɛsi nnɛ. Nanso ɔman no mmra ɔfa abatow ho no da so de edin Šidski Banovci no yɛ adwuma emfa ho sɛ edin Banovci wɔhɔ no.[4]kurow a wɔfrɛ no Sid mu na wonyaa edin "Šidski" no fii, na na efri Banovci rokɔ hɔ yɛ kilomita du-mmienu (12). Sɛ mpo wɔkɔ Krowehyia man no mu a, Keteke adwumadibea no daso frɛ keteke gyinabea no Šidski Banovci keteke gyinabea. Wɔ nhwehwɛ mu a "The New York Times" amaneɛbɔ krataa no yɛɛ wɔ afe mpem mmienu ne num (2005) mu no, wɔde edin dada no dii dwuma.[5]

Kasa[sesa]

Ɛmfa ho sɛ Serbiafo a wofi Krowehyia no na wɔdoo so paa wɔ akura no ase no, Nijemci mantam no ma kwan ma wɔde kasa no di dwuma pɛpɛɛpɛ emfa ho sɛ wonka Krowehyiafo kasa anka saa no, afei nso wɔsan de serbiafo kasa ne akyerɛwba so di dwuma.

N`abakɔsɛm[sesa]

Habsburg Monarchy[sesa]

Nnɛ sɛ wokɔ akura no ase a, senea ɛhɔ te ne adan ahorow a ɛwɔ hɔ no, wofii ase kyekyer no afe apem ahanson aduasa (1730s) mmerɛ no mu na wɔfrɛɛ no Banovci Fofor. wɔkyekyer bɛn akura dada bi a nnɛ wɔfrɛ no Vinkovački Banovci a wɔkyekyer no sentri du-num (15) mu.[2]Serbiafo akwantufo kɛtenaa hɔ aber a na Roman mankronkron no hwɛfo Charles VI di ade.[2]Saa serbia akwantufo yi fi kurow nnɛ yɛfrɛ hɔm Montenegro na ɛkɔɔ hɔ.

Wiase ko II[sesa]

Wɔ wiase ko II mu no, wɔn wonyaa wɔn tirdidii mu no kɔtenaa Banovci.[6]Banovci hɔ a nso na Yugoslav Partisans a na ɛwɔ Syrmia no hyiam faa adwen sɛ wobeyi Nazi aban no ama. Wɔ Ahinime bosom no da ɔtɔ so nwɔtwe (8), wɔ afe apem ahankron aduanan mmiensa (1943) no, Atuatew kuw a wɔfrɛ wɔn Syrmia NOP no seɛ Zagreb–Belgrade keteke kwan no, keteke no efidie a ɛma no yɛ edwuma ne beaɛ a wode nneɛma gu no mu Nsia (6). Adekyee no, Ustasha apolisifo no nso sɛn nnipa aduonu (20) a wɔfi Šid wɔ dua so de yɛɛ nsɛnnahɔ maa Atuatewfo no.[7]Wɔ afe apem ahankron aduanan mmiensa (1943), Ahinime bosome no da a ɛtɔ so du-nkron (19) no, kɔtuu fam agudiɛ wɔ hɔ aber wɔseɛ Germanfo keteke no.[8]

Nwomasua[sesa]

Banovci School

Elementary School Ilača-Banovci (Nhwɛsoɔ:Lang-hr) yɛ mmɔfra sukuu a ɛwɔ Ilača, ɛwɔ Banovci ɛne Vinkovački Banovci. Kasa a wɔde kyerɛ adeɛ wɔ hɔ ne Croatian kasa ne Serbian kasa.

Slobodan Bajić Paja

Saa Banovci sukuu yi mu ara na na wɔhwɛ yɛ sukuu no daadaa mu ntotoeɛ de ma sukuu no ansa na wɔreyi sukuu no akɔ Ilača wɔ afe mpem mmienu ne mmienu (2002) mu.[9]

Agokansie[sesa]

NK Borac yɛ bɔɔlobɔ kuo a ɛwɔ Banovci. Wɔtee saa bɔɔlobɔkuo yi wɔ afe apem ahankron aduanan mu (1940), a ɛyɛ kuromanfoɔ no ara na wɔtee saa bɔɔbɔkuo yi. Bɔɔbɔkuo yi din no asekyerɛ ne "ɔkofoɔ" a yɛka no wɔ borɔfo kasa mu sɛ "Fighter" no, a ɛkyerɛ asraafoɔ a wɔfri kuro no mu kɔkoo wɔ wiase amansan ko a ɛtɔ so mmienu no mu (World War II). Agoprama a ɛwɔ Banovci no yɛ bɔɔlobɔkuo no dea. Berɛ ano berɛ ano biara no bɔɔbɔkuo no tumi yɛ biribi wɔ 3 County League akansie no mu ɛna berɛ biara no nso wɔka wɔn a wɔda atwedeɛ no kan de bɛsi mmiensa no so. ɛyɛ kuromanfoɔ no mmoa ne wɔn ntoboa na wɔtee NK Borac bɔɔbɔkuo no, municipality no nso ka ho ɛna afei ɔmanfoɔ no daadaa dwadie mu. wɔn a wɔsi akan ma Borac no nyinaa bɔ bɔɔlo de kyɛ a wɔnnye sika biara mfiri bɔɔlobɔkuo no hɔ.


Nnipa titirew bi a wɔtete hɔ[sesa]


Beaɛ menyaa mmoa fii[sesa]

  1. http://www.maphill.com/serbia-and-montenegro/vojvodina/novi-banovci/location-maps/
  2. 2.0 2.1 2.2 https://web.archive.org/web/20180621170736/http://deutsche-gemeinschaft.eu/wp-content/uploads/2013/10/Jahrbuch-2016-WEB.pdf
  3. https://en.wikipedia.org/wiki/Banovci,_Vukovar-Syrmia_County#cite_note-6
  4. https://narodne-novine.nn.hr/clanci/sluzbeni/1997_02_22_304.html
  5. https://www.nytimes.com/2005/06/13/world/europe/on-tv-serbs-violent-pastcatches-up-with-him.html
  6. https://wikizero.com/www//Ivanci_massacre
  7. https://allthatsinteresting.com/ustase
  8. https://www.feldgrau.com/WW2-German-State-Railway-Deutsche-Reichsbahn/
  9. https://web.archive.org/web/20110722195117/http://www.vukovarsko-srijemska-zupanija.com/upload/paragrafi_upload/2010-2-19_6076842_vjesnik05-02.pdf
  10. https://en.wikipedia.org/wiki/All_European_Academies