Yesu Kristo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Yesu a yɛ sane frɛ Yesu a ɔwɔ Nazareth ana Yesu Kristo(About this soundpronounciation of "Yesu Kristo" ), yɛ sɛntri a ɛdikan nsɛmpakafoɔ ne ɔsom no tetenani. [1]Ɔno na ɔda Kristosom a ɛyɛ wiase nyinaa som ano. Akristofoɔ bebree gyidi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ba ne agyenkwa no a na wɔretwɔn no, a yɛahyɛ ho nkɔm wɔ Hebrew twerɛsɛm nom. Ahemfo beberee gyitom sɛ, Yesu ho nsɛm yɛ abakwasɛm.Nsɛmmisa a ɛfa Yesu abakwasɛm yi ho yi ama anka ahotɔsoɔ a ɛwɔ wɔ Nyame asɛm mu no, ɛde adwene ntanta aba mu ɛna sɛdeɛ Yesu daa nnoɔma bi adi wɔ twerɛsɛm foforɔ no mu, ma yɛhunu nsɛm bi a ɛfa Yesu ho a ɛwɔ twerɛsɛm no mu na ɛda adi wɔ n'abakwasɛm mu.[2] Na Yesu yɛ Galilea Jewnii,[1] a John Suboni na ɛbɔɔ no asu ma no hyɛɛ ne nsɛmpaka ase.

Yesu Kristo
Awo bere
Yesu

Bethlehem
Yɛnim no sɛYesu Kristo
Parent(s)Yosef ne Maria

Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn ba baako pɛ a, Ɔbaa wiase a wanyɛ bone da. Saa Ɔbarima yi ne wiase nyinaa Agyenkwa. Sɛdeɛ Twerɛ sɛm ka no, ɛtwa sɛ nipa wu, na owuo akyiri no, atemmuo wɔ hɔ. Anuanom, momma yɛnsakyera yɛn adwene ne yɛn abrabɔ na awieeɛ mmerɛ no abɛn.

Twerɛasɛm sɛ, sɛ Agyenkwa no rebɛba a, aman bɛsɔre atia aman so. Weinom nyinaa kyerɛ yɛn sɛ mmerɛ no abɛn.

Onyankopon mma yɛn nkwa daa. Beberee na wo ne wɔn fitii aseɛ, nanso wɔnni hɔ biom. Wodeɛ Adom bi nti na woda so te nkwa mu. Nyame yɛ, na Ɔyɛ ma yɛn daa!

Nyame Nhyira wo.

Ne nkyerɛkyerɛ no trɛɛ kɔɔ akyiri maa na wɔfrɛ no "rabbi" Yesu ne Jewfoɔ no nyaa anobaabaeɛ wɔ sɛdeɛ ɔbɛsi adi Onyankopɔn akyi. Ɔsaa nyarewa pii bi te sɛ; kyerɛɛ wɔ abɛbuo mu na ɔboa asuafoɔ pii. [1] Jew asɔfo mpanimfoɔ no kyee no sane sɔɔ no hwɛeɛ na ɔde no maa Pontius Pilate a ɔda Roman aban ano wɔ Jersalem.[1] Ne wuo akyi no N'asuafoɔ no gyee ne wusɔreɛ diiɛ ɛna kuro a wɔyerɛ no bɛyɛɛ asɔre a ɛdikan wɔ hɔ.[3] Wɔ Akristofoɔ nkyerɛkyerɛ mu no, wɔgyedi sɛ honhom kronkron na ɛyinsɛn Yesu, na ɔbaabunu Maria na ɛwoo no. Ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne pii bi te sɛ; ɔdaa akristofoɔ asafo ano, ɔbɔɔ no asɛnnua ma ɔbɛwu gyee yɛn nkwa, ɔsɔre firii awufoɔ na ɔkɔɔ soro beaɛ a ɔbɛfiri aba.[4] Akristofoɔ gyedi sɛ ɛna Yesu so na ɛma yɛ ne Onyankopɔn ntam yɛ kama. Nicene creed kyerɛɛ sɛ Yesu bɛbu owufoɔ ne ateasefoɔ atɛn sɛ wɔwu anaa sɛ wannwu a ,[5]wɔ ne mmaeɛ s ɛtɔ so mmienu no mu wɔ akristofoɔ nkyerɛkyerɛ fa wiase a ɛbɛba awieeɛ no ho.[6] Akristofoɔ pii noa som nyame basakoro. Ebi nso nnyetom saa sɛ ɛwɔ twerɛsɛm no mu. Wɔdi Yesu awoda ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu num biara a ɛyɛ bronya. Wɔhyɛ ne wuo no animounyam fiada ɛna ne wusɔreɛ no nso kwasiada. Wiase nyinaa calɛnda a yɛwɔm seisei wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmienu (2022AD/CE) no gyina Yesu awoda so.[7]Wɔ ɔsom foforɔ mu Yesu ho asɛm yɛ soronko wɔ hɔ. Wɔ Islam som mu no, Yesu (a wɔfrɛ no wɔ QuranʿĪsā ) mu no yɛ kɔmhyɛni ma Onyankopɔn na ɔsane yɛ agyenkwa. Kramofoɔ gyedi sɛ ɔbaabunu na ɛwoo Yesu nanso ɔnnyɛ Onyankopɔn anaa Onyankopɔn ba.[8] Quran no kyerɛ sɛ Yesu anka sɛ ɔyɛ kronkron.[9] Kramofoɔ pii noa nnyenni sɛ wɔbɔɔ Yesu asɛnnua anaa sɛ kumm no, nanso wɔgyedi sɛ Onyankopɔn maa no kɔɔ soro wɔberɛ a ɔte ase.[10]Judaism nnyentom sɛ Yesu ne agyenkwa no, wɔdi ho akyinnyeɛ sɛ wɔammɛhyɛ ne nkwageɛ nkɔmhyɛ no kena, na ɔnnyɛ kronkron ɛna wannwu ansɔre.[11]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 Vermes 1981, pp. 20, 26, 27, 29. Mfomsoɔ wɔ beaɛ hɔ:Invalid <ref> tag; name ":0" defined multiple times with different content
  2. Powell 1998, pp. 168–73
  3. Sanders 1993, pp. 11, 14.
  4. Grudem 1994, pp. 568–603.
  5. Metzger, Bruce M.; Coogan, Michael D. (1993). Oxford Companion to the Bible. Oxford University Press. p. 649. ISBN 978-0-19-974391-9.
  6. Garrett, James L. (2014). Systematic Theology, Volume 2, Second Edition: Biblical, Historical, and Evangelical. Wipf and Stock Publishers. p. 766. ISBN 978-1-62564-852-5. Archived from the original on January 25, 2020. Retrieved December 5, 2019.
  7. "anno Domini". Merriam Webster Online Dictionary. Merriam-Webster. 2003. Archived from the original on December 22, 2007. Retrieved November 3, 2016. Etymology: Medieval Latin, in the year of our Lord
  8. "Surah Al-Kahf - 4". quran.com. Retrieved June 24, 2021.
  9. Morgan, Diane (2010). Essential Islam: A Comprehensive Guide to Belief and Practice. ABC-CLIO. pp. 45–46. ISBN 978-0-313-36025-1.
  10. Some medieval Muslims did believe that Jesus was crucified, as do the members of the modern Ahmadiyya movement
  11. Jacobs, Joseph; Kohler, Kaufmann; Gottheil, Richard; Krauss, Samuel. "Jesus of Nazareth". Jewish Encyclopedia. Archived from the original on February 26, 2016 See Avodah Zarah 17a:1, Sanhedrin 43a:20, Gittin 57a:3-4, and Sotah 47a:6