Yɛ ma kwan ada yɛn ne afoforo ntɛm

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Akyire Asɛm[sesa]

Mfie ɔha yi atwa mu yi ahu yareɛ akeseɛ pii etumi trɛ fa wiase afaneɛ pii wo kwan hare so.[1] Yareɛ no ahyeseɛ firi mmoawa bi a wote mmoa mu na. Mmoawa yi tumi fi aboa foforo kɔ foforo mu. ɛnam saa akoneaba die yi so tumi ma mmoawa yi baa nnipa mu. Wofrɛ no zoonotic yareɛ efisɛ ɛfiri mmoa mu.

Sɛ yɛɛ ma kwan ada yɛn ne afoforo ntɛm anaa sɛ yɛn mmɔ mpii so bebree wɔ faako no yɛ adehiasɛm keseɛ a ɛboa ma yɛ so yareɛ no ano. Kyerɛkyerɛ ni a wakwadare wo yareɛ a ɛsai wo suapon a ɛwɔ Toronto a wofrɛ no Dr Jeff Kwong de nsusu yɛ bi aba a ɛkyerɛ sɛ yɛɛ ma kwan ada yɛn ne afoforo ntɛm nkyerɛ sɛ yɛn twe yɛn ho nfi nnipa ho koraa. Na mmom, abre ne abre ano no, ɛwɔ sɛ yɛ ne y’adofo di nkomo.

Sɛ nea ɛbɛboa ama y’ate hia a ehia sɛ yɛ bɛma kwan ada yɛn ne afoforo ntɛm no, yɛ de ahyensodeɛ a yareɛ mu nnimdefoɔ de ato dwa. Yɛ de nimdeɛ a yɛ nim fa kwan a yareɛ no da ne ho adi kane wo china na ɛbe firi aseɛ. Na y’asan ahwɛ kwan a ɛda ne ho adi wo South Africa. Wei boa ma yɛ tumi hunu nsunsuanso pa ɛwɔ sɛ yɛɛ ma kwan ada yɛn ne afoforo ntɛm. Yɛ bɛ san ahwɛ kwan a yɛ betumi de aso nsusuanso bɔne a ɔwɔ saa nhyehyɛ yɛ yi mu.

Nfoni a ɛda ho yi kyerɛ kwan a yareɛ bi ti sɛ COVID-19 fa so.

(inserire grafico)

Yareɛ a ɛsai mu animdefoɔ kyerɛ sɛ, yareɛ a ɛtrɛ kɔ aman ne nnipa bebree no suban ti sɛ nea ye hu wo nfoni a ɛwɔ soro ho no. Nfoni no kyerɛ nipa dodoɔ a w’anya yareɛ no ne mmere a yare no de sai afoforo.

Ahyeseɛ no, kyerɛ mmere a yareɛ no afi ase ada ne ho adi. Nnipa kakra bi pɛ na ɛnya bi wo saa bere yi mu

Gyina pɛn mmienu: Nea edi so no kyerɛ abere a yareɛ no afi ase sɛ ɛtrɛ wo nnipa kuo bi mu. Wɔ saa mmere yi mu no, yareɛ no ahuoden ma ne mu so wo nnipa no mu. Na nnipa no bebree tumi nya yareɛ no na ɛmma no yɛ den sɛ wo be di nnipa wo su su sɛ won aya yareɛ no bi akyi. Ne saa nti no, aban no de taboɔ too ahyɛn a ɛfa nnipa bebree wo nkuro a yareɛ no aduro ho. Wo de nhyehyɛ a efiri dwuma kuo a ɛhwɛ wiase nyinaa apomuden nsɛm mu twerɛ yɛ a ɛkyerɛ kwan a aman nfa so nsi yareɛ no ho kwan senea ɛmma yareɛ no ɛntrɛ nkɔ aman foforo so na edii saa dwuma yi. Nfoni a ɛwɔ aseɛ no da no adi yiye.

(inserire grafico) Figure 2: Flattening the curve

Ofa a ɛto so mmiensa wo yareɛ no suban ne n’akwantuo no kyerɛ ɛbere a, y’atumi aso yareɛ no ano koraa na yareɛ no ntrɛ nkɔ nnipa foforo ho biom. Wei kyerɛ sɛ yareɛ COVID-19 trɛ ohare so wo nnipa ne nnipa nkitahodie so. Sɛ yɛ ma kwan da yɛn ne afoforo ntɛm a, ɛboa ma yɛso yareɛ no ano.

Yɛɛ ma kwan ada yɛn ne afoforo ntɛm[sesa]

Yɛɛ ma kwan ada yɛn ne afoforo ntɛm yɛ amansan apomuden nsɛm mu ade hiadeɛ keseɛ a ɛboa ma wote nnipa a wo yare fi nnipa a wonni yareɛ bi. Saa kwan yi boa ma wosi yareɛ ɛbetumi asae kwan ama n’aya afoforo. ɛhia nhyɛ a ɛmu yɛ duru ti sɛ, wɔ de nhyɛ ato nnipa wo oman anaa sɛ kuroo bi so sɛ ma wɔn mpue nfi won fie mu anaa sɛ ma wɔn nhyia faako. Nfatoho ne nea ɛsii wɔ South Africa man mu wo ogyefo bosome da a ɛtɔ so aduonu-nsia kosi  oforisuo bosome da ɛtɔ so du-nsia mu, afe mpem mmienu ne aduonu (2020) mu. Oman no mu npanyinfoɔ gyinaa mmra a ɛfa kwan a wofa so kura kura atowrenkyem mu nsɛm.

  • Wode tabono to kwan a nnipa fa so de pue fi fie kɔ krom. Mmra no ma kwan sɛ nnipa bɛtumi apue sɛ wo hia aduane ne adeɛ titiriw a ɛho hia paa.
  • Wo braa nhyiamuu biaa gye sɛ ayiyɔ na eno mpo no nnipa aduonum pɛ na wotumi ahyia.
  • Wo braa mantem ne mantem mu akwantuo
  • Won a wɔ tɔn nneɛma a ɛho hia paa nkoa na wo maa wɔn ho kwan sɛ wonni dwuma. Wo hyɛɛ won sɛ won nhwɛ sɛ adwadifuo no betete wɔn ntɛm na bio nso, wode nsuo ne samina a wode behohoro won nsa nso besisi ho.

Mmra no nso san de:

  • Tabono too ewiemu ne nsuo so akwantuo
  • Tabono too nsa ne taa adwa tɔn deɛ so.
  • Nhyɛ too nnipa dodoɔ a wotumi fa lorry

Wo saa nhyɛ yi nyinaa akyi no, wo san de tumi maa mansin biara mu mpanyinfoɔ sɛ won nkyi nnipa biara wo susu sɛ ɔwɔ yareɛ no bi nhyɛ dan mu. Saa nhyehyeɛ yi boa ma wosi won a w’anya yareɛ no ho kwan ma won ne nnipa foforo won nni yareɛ di nkitahoo.

South Africa man ne won mmoden bɔ[sesa]

South Africa ayɛ nhweso pa ama wiase nyinaa ɛsan nhyehyeɛ pa a wo dɛ boa ma wo sɔɔ yareɛ no ano. Yareɛ no suban sisa yɛ wo South Africa ne saa nti, yareɛ no ahuoden antumi ampɛ gya keseɛ wo omanfuo no mu. Nea ɛsi yɛ ne sɛ ohare so yareɛ no de trɛ no brɛɛ ase fi oha nkyekyɛmu aduanan-mmienu bɛ duu oha nkyekyɛmu ɛnan esan sɛ wo de nhyɛ to amanfuo so sɛ ma won mpue.

Oman no de apomuden adwuma yɛ foɔ bebree agu abonten a wo kɔ afie ne afie mu kɔ yɛ yareɛ no ho nsohwɛ wo amanfuo no mu. Oman panyin Cyril Ramaphosa kasa kyerɛɛ ne manfuo sɛ wonfa nnidie mma nhyɛ a wode agu fam no na wonni so.

Yareɛ mu animdefoɔ atu fo sɛ yareɛ no ahuoden bɛtumi ama ne mu so keseɛ paa wo amanfuo mu nti ɛwo sɛ nnipa yɛ ahwɛ yie. ɛsan sɛɛ yareɛ no aba fam no nti, wo bɛ firi aseɛ ɛbrɛɛ nhyɛ no ase

Awieyɛ[sesa]

COVID-19 yɛ yareɛ a atumi atrɛ ntɛm ntɛm afa wiase aman nyinaa fi mmere a ɛda ne ho adi kane wo China kuro keseɛ a wofrɛ no Wuhan afe mpem mmienu ne du-nkron (2019) mu wɔ abre a afe mpem mmienu ne du-nkron (2019) ɛreko awieyɛ no mu. Apomuden mu nimdefoɔ huu sɛ okwan mmienu na wo betumi afa so de ako saa yareɛ yi. Nea ɛdi kan ne sɛ, wo de nhyehyeɛ be gu fam a wode bɛ ko atia yareɛ no. Nea ɛtoso ne sɛ, wode abodeɛ mu mpensenpensen mu be nya aduro ama saa yareɛ yi. Abodeɛ mu nimdefoɔ a ne apomuden mu nimdefoɔ a ɛwɔ China boa bebree ma wo tumi huu coronavirus. Wiase mu apomuden adwuma npanyinfoɔ nso de nhyehyeɛ a edi mu gu fam de boa saa dwuma die yi.

Adesua a efiri South Africa ama y’ahunu no sɛ yɛɛ ma kwan ada nnipa ne nnipa ntɛm no boa paa wɔ kwan a yɛ fa so de sɔ yareɛ no ano. Nnwuma a ɛhwɛ yareɛ ho banbo atu yɛn fo sɛ, yɛn fa abɛɛfo kwan so ne yɛn adofo nni nkitahodie. Ye betumi de telephone ne neɛ ɛkeka ho adi nkommo. Yɛɛ ti yen ho afi afoforo ho tumi de adwen mu nsunsuanso bɔne brɛ nnipa bi nti yɛn nhwɛ kwan a ye be tumi afa so a yen nya saa nsunsuano bɔne yi wo bre a yɛn ne nnipa nni ahyiamu.








BEAƐ A MENYAA MMOA FIRI YƐ[sesa]

  1. World Health Organization. Global Influenza Programme. Pandemic Influenza Preparedness and Response. Available at: https://www.who.int/influenza/resources/documents/pandemic_guidance_04_2009/en

[ii] Centers for Disease Control. Keep your distance to slow the spread. Available at: https://www.cdc.gov/coronavirus/2019-ncov/prevent-getting-sick/social-distancing.html

[iii] Pearce Katir. What is social distancing and how can it dliw the spread of COVID-19? 13 March 2020. The Hub. Johns Hopkins University. https://hub.jhu.edu/2020/03/13/what-is-social-distancing. Accessed on 12 April 2020

[iv] Graphic accessed at: https://thespinoff.co.nz/society/09-03-2020/the-three-phases-of-covid-19-and-how-we-can-make-it-manageable. Accessed on 10 April 2020.

[v] Wiles S. The three phases of Covid-19 and how we can make it manageable. TheSpinoff. Available at:

https://thespinoff.co.nz/society/09-03-2020/the-three-phases-of-covid-19-and-how-we-can-make-it-manageable. Accessed on 10 April 2020

[vi] See: https://www.who.int/ihr/publications/9789241580496/en

[vii] Image accessed at https://web.archive.org/web/20181211073414/https://m.greatandhra.com/ on 11 April 2020

[viii] Republic of South Africa. Disaster Management Act 57 of 2002. Available at: https://www.gov.za/documents/disaster-management-act

[ix] Republic of South Africa. Government Gazette No. 11062. 25 March 2020. Available at: https://www.greengazette.co.za/documents/regulation-gazette-4138-of-25-march-2020-vol-657-no-11062_20200325_GGR-43148

[x] Hollington M and Bennet M. South Africa's world-class fight against COVID-19:The data tells the story. Coronavirus Op-Ed. Daily Maverick. Available at :https://www.eailymaverick.co.za/article/20020

[xi] National Department of Health. Press release, 15 April 2020. Available st:

	https://sacoronavirus.co.za/category/press-releases-and-notices. Accessed on 16 April 2020

[xii] South African Government. President Cyril Ramaphosa: Extension of Coronavirus COVID-19 lockdown to the end of April. Available at: https://www.gov.za/speeches/president-cyril-ramaphosa-extension-coronavirus-covid-19-lockdown-end-april-9-apr-2020-0000. Accessed on 16 April 2020

[xiii] Professor S. Karim. South Africa's Covid-19 epidemic: Trends and next steps. Presentation by the Chairperson of the Ministerial Advisory Group on Covid-19 prepared for the Minister of Health , Dr. Zweli Mkhize. Available at: https://sacaronavirus.co.za/2020/04/13/sas-covid-19-epidemic-trends-next-steps/. Accessed on 15 April 2020.

[xiv] Wang Jian-Wei, Cao Bin and Wang Chen. Science in the fight against the novel coronavirus disease. China Medical Journal: 2019 novel coronavirus disease (COVID-19) collection. Available at: https://ncbi.nlm.nih.gov/pmc/journals/2337/. Accessed on 11 April 2020.

[xv] Centers for Disease Control. Keep your distance to slow the spread. Available at: https://www.cdc.gov/coronavirus/2019-ncov/prevent-getting-sick/social-distancing.html. Accessed on 16 April 2020.