Theresa Lardi Awuni

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Theresa Lardi Awuni
Member of Parliament for
Okaikwei North Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
OdikanfoFuseini Issah
Ne ho asɛm
Awo bere2 January 1979 (1979-01-02) (age 45)
Ne man Ghanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔGhana Institute of Management and Public Administration
N'adwumaPolitician
CommitteesSubsidiary Legislation Committee and Trade, Industry and Tourism Committee

Theresa Lardi Awuni (wɔwoo no 2 Ɔbɛnem 1979)[1]Ghana ɔmanyɛfo a ɔyɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ (NDC) Bagua no muni.[2][3][4] Ɔyɛ mmarahyɛ baguani ma Okaikwei North Constituency a ɛwɔ Greater Accra mantam mu wɔ Ghana.[5]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Ɔfiri Winkongo a ɛwɔ Upper East Region. Ɔnyaa Bachelor of Science abodin krataa wɔ Project Management mu wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration wɔ afe 2018 mu.

Adwuma[sesa]

Ɔyɛɛ adwuma wɔ National Disaster Management Organization of Ghana sɛ atoyerɛnkyɛm ho ɔpanyin titiriw ne Langdi Enterprise (sɛ owura).

Amanyɔsɛm[sesa]

Awuni yɛ obi a na anka ɔyɛ Ghana Institute of Management and Public Administration TEIN Mmea Komisafo. TEIN (Tertiary Education Institutions Network) yɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ (NDC) Bagua no fa a ɛwɔ soro.[4]

Ɔsan nso yɛ Ɔmansin Mmea Nhyehyɛefo mprɛnsa wɔ Okaikwei Atifi Fam Mantam mu.[6]

Wɔ Oforisuo 2019 mu no, ɔsii akan maa National Democratic Congress primaries maa Okaikwei North Constituency na ɔdii nkonim sɛ ɔkannifoɔ a ɔde party no bɛkyerɛ wɔ December 2020 Abatoɔ no mu.[7][8] Awuni dii nkonim wɔ abatow 342 mu wɔ abatow 866 a wɔtow no nyinaa mu bere a ne akansifo afoforo Richard Kwarshie Kudjordjie, Abdul Nasiru Abass ne Malik Adama nyaa abatow 220, abatow 179 ne abatow 12.

Wɔpaw no sɛ mmarahyɛ bagua muni maa Okaikwei Atifi Fam Ɔmansin wɔ December 2020. Ɔne mmarahyɛ baguani a ɔwɔ hɔ mprempren Fuseini Issah a ofi New Patriotic Party no sii akan na odii nkonim bere a ɔtoo abatow 29,281 a egyina hɔ ma ɔha biara mu nkyem 51.07 tiaa ne abatow 27,242 a egyina hɔ ma ɔha biara mu nkyem 47.52 akyi.[9] Ɔyɛ mmaa 40 a wɔgyina wɔn amansin ananmu wɔ Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so 8 firi 7 Ɔbɛnem 2021 no mu baako.[10]

Ɔyɛ Subsidiary Legislation Committee ne Aguadi, Nnwuma ne Nsrahwɛ Boayikuw a ɛwɔ Ghana Mmarahyɛ Bagua no mu no muni.[1]

Ankorankoro asetra[sesa]

Awuni yɛ Kristoni a ɔwɔ ahofama.[1]

Beaɛ menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://www.parliament.gh/mps?mp=57
  2. Archive copy, archived from the original on 2021-08-12, retrieved 2023-05-19{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. https://www.thepublisheronline.com/onma-ncce-debate-ndc-cpp-candidates-push-votes/
  4. 4.0 4.1 https://ghanaguardian.com/theresa-awuni-donates-to-okaikoi-north-constituents
  5. https://citinewsroom.com/2020/12/list-of-new-entrants-into-ghanas-eighth-parliament/
  6. https://www.theghanareport.com/theresa-lardi-awuni-wins-okaikoi-north-ndc-primaries-promises-victory-for-2020/
  7. https://www.gbcghanaonline.com/news/politics/theresa-rashid-to-lead-ndc-in-okaikwei-north-central-constituencies/2019/
  8. https://www.dailymailgh.com/ndc-pc-for-okaikoi-north-files-nomination/
  9. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2020/greateraccra/okaikwei_north/
  10. https://www.myjoyonline.com/meet-the-40-female-mps-elect-of-8th-parliament/