Theophilus Tettey Chaie

Ɛfi Wikipedia
Theophilus Tetteh Chaie
Member of Parliament for
Ablekuma Central Constituency
Bere
7 January 2009 – 6 January 2017
OdikanfoVictor Okuley Nortey
AnanmusiniEbenezer Gilbert Nii Narh Nartey
Ne ho asɛm
Awo bere4 April 1972 (1972-04-04) (age 52)
Osudoku, Greater Accra Region Ghana)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma1
Sukuu a w'akɔChartered Institute of Marketing, UK
N'adwumaPolitician
N'adwumaEducationist

Theophilus Tetteh Chaie (wɔwoo no Ayɛwohomumɔ 4, 1972) yɛ Ghana amammuifoɔ ne Ɔman a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so nsia no muni a ɔgyina Ablekuma Mfinimfini Mansin ananmu wɔ Nkran Mantam mu wɔ Ghana.[1]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Chaie wɔ Ayɛwohomumɔ 4, afe 1972. Ɔfiri Osudoku, kuro bi a ɛwɔ Kurowpɔn Nkran Mantam mu wɔ Ghana. Owiee Chartered Institute of Marketing, UK, na onyaa ne Abodin krataa wɔ aguadi mu wɔ afe 1981 mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdii kan paw Chaie anaa wɔtoo aba yii no sɛ ɔmmɛyɛ Mmarahyɛ Baguafo wɔ National Democratic Congress (NDC) tekiti so maa Ablekuma Mfinfini mantam mu wɔ Ɔpɛpɔn 2009 mu. Onyaa abatow no mu 43,253, a egyina hɔ ma ɔha biara mu 51.01.[2] Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan sɛ wɔbɛsan apaw no bio wɔ Ablekuma Mfifini mantam mmarahyɛ bagua atenaeɛ no so wɔ NDC mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ ɔman a ɛtɔ so nnan no tekiti so na ɔdii nkonim nyaa abatoɔ 43,253 wɔ abatoɔ 84,785 a ɛfata a wɔtoo wɔ ne Mansin mu no mu.[1][3][4]

Ankorankoro Asetra[sesa]

Chaie yɛ Kristoni na ɔyɛ Methodist Asɔre no muni. Wɔaware na ɔwɔ abofra baako.[1]

Adwuma[sesa]

Na Chaie yɛ St. Charles Ahosiesie Sukuu a ɛwɔ Nkran no Panyin na ɔyɛ nhomasua ho ɔbenfo, ansa na ɔregye penee no sɛ Mmarahyɛ Bagua no muni.[1]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  2. Peace FM (2014-12-17), Parliament - Ablekuma Central Constituency Election 2008 Results, retrieved 2023-10-01
  3. Peace FM, 2012 Election - Ablekuma Central Constituency Results, retrieved 2023-10-01
  4. Theophilus Chaie Tetteh, Biography, retrieved 2023-10-01