Takai

Ɛfi Wikipedia

Takai yɛ asa a Dagomba abusuakuo a wɔ fri Ghana na ɛsa. Dagomba ahenfo ne oheneba barima na ɛsa. Wɔ sa no bere a wɔɔ di afahyɛ ne amanyɔkuo nhyiamu. Mmarima nkoaa na ɛsa asa wei. Wɔɔ sa a wɔ danedane wɔn ho na wɔ de wɔn nan timtim fɛm.[1][2]

Dagombafoɔ[sesa]

Dagombafoɔ ka abusuakuo ahorow a ɛwɔ Ghana no ho. Dagombafoɔ kasa ne Dagbani wɔ fri atifi mantamu wɔ Ghana. Wɔn kuro pɔn ne Yendi. Wɔn hene ne Ya Na Dagbon abusuakuo no payin. Dagombafoɔ yɛ akuafoɔ wɔ san so yɛn mmoa te sɛ mmponkye, nkokɔ, nantwie ne nkonfɛm. Wɔ san so yɛ nneɛma pii bi te sɛ Fugu ne Batakari.[2]

Sɛneɛ wɔ sa[sesa]

Takai yɛ asa titirew wɔ Dagbonman mu. Asa no ne wɔn ahennie na nam. Asa no hyɛɛ aseɛ berɛ a wɔ fri aseɛ kyekyeree Dagbon kuro no foforɔ ne abusuabɔ a ɛwɔ wɔn ne Mossifoɔ ntam. Akofoɔ ne ohene ba barima na sa saa asa yi.

Saa Asa yi wɔn naa wɔ bɔ ntwene gyina mfinfini na asafoɔ no atwa wɔn ho ahyia. Asafoɔ no kita dade3 abaa wɔ wɔn nsa nifa mu, na ɔde dade3 abaa no akyerɛ nipa ogyina na nim so na w'adane ne ho, ɔdane ne ho ma ne Fugu ataadeɛ nu pagya fɛfɛɛfɛ wɔ san so hyɛ mpaboa a ɛduru wɔn kotodwe. Wɔ dane wɔn ho na wɔ de wɔn nnan timtim fɛm.[2]

Wɔn a wɔ bɔ ntwene ne asafoɔ keka wɔn ho pɛ. Ntwene a wɔ de sa asa wei yɛ frɛ no Lunga ne Gungon.[3]

Ntotoho[sesa]

  1. https://tradancestudio.wordpress.com/2020/04/27/the-takai-dance-of-the-dagbon-kingdom/
  2. 2.0 2.1 2.2 https://ghanagoods.co.uk/category/ghana/ghana-culture-history/dagomba/
  3. http://music.africamuseum.be/instruments/pic/ghana/frafra/gungon-nu2.jpg