Stephen Hillenburg

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Stephen Hillenburg
Hillenburg in 2011, presenting the original series bible for SpongeBob SquarePants
Awo bere
Stephen McDannell Hillenburg

Ɔsanaa 8,1961
Owu bereObubuo 26,2018
Sukuu a w'akɔ
N'adwuma
  • Animator
  • writer
  • producer
  • director
  • marine biologist
  • storyboard artist
Years active1984–2018
Yɛnim no sɛSpongeBob SquarePants
Nehokani
Karen Umland
(m. 1998)
ChildrenBaako (1)
Nhwɛsoɔ:Infobox scientist
Signature
Stephen Hillenburg

Stephen McDannell Hillenburg (About this soundpronounciation of "Stephen Hillenburg" ) yɛ Amerikani a ɔwoo no (Ɔsanaa 21, 1961- owui wɔ Obubuo 26, 2018) na ɔyɛ sinitwa ho adwuma, afei nso na ɔyɛ abɔdeɛ mu nyansa pɛ kyerɛkyerɛni a na ɔkyerɛkyerɛ asuasua ho nsɛm. Hillenburg na ɔyɛɛ Nickelodeon sini no ho adwuma. Ɛno mu no ɔsom sɛ sini no panin wɔ sini no mprɛnsasoɔ a ɛbaeɛ no mu nyinaa. Seisei, abɛyɛ AmeriKa sini a akyɛ na agye ne din paa yie a ɛtɔ so num.

Ɔwoo Hillenburg wɔ Lawton, Oklahoma aburokyiman mu, nna ɔtetee no wɔ Anaheim, California. Ɛwɔ Hillenburg mmɔfra berɛ mu no, na ɔbɛn asuasua, ɛnam so maa ɔbɛnyaa ɔdɔ maa asuasua na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔde ne nfonini ɛtoto krataa so. Ɔhyɛɛ n'adwuma ankasa ase wɔ afe apem aha-nkron aduowɔtwe nan (1984) mu.

Abrabɔ ahyaseɛ ne Sukuu[sesa]

Ɔwoo Hillenburg wɔ Ɔsanaa bosome a ɛtɔ so aduonu baako, wɔ afe apem aha-nkron aduosia baako mu (August 21, 1961) wɔ Fort sill,[1][2] a ɛyɛ United States Army post a ɛwɔ Lawton, Oklahoma, baabia na ne papa Kelly N. Hillenburg Jr. yɛ adwuma ma U.S Asraafoɔ kuo no. Na ne maame Nancy yɛ ɔkyerɛkyerɛni a ɔkyerɛ mmɔfra a w'adidɛm adeɛ.[3] Hillenburg nyaa afe baako no, abusua no firii hɔ kɔɔ Orange County, California, ɛhɔ na ne papa bɛyɛɛ draftsman ɛna designer.[3]

N'adwuma Ahyaseɛ[sesa]

Hillenburg wiee kɔlegi no, ɔbɛyɛɛ panin wɔ nnwuma bebree so wɔ afe apem aha-nkron aduowɔtwe nan mu, ebi ne, "park service attendant" wɔ Utah ɛne "art director" wɔ San Francisco, ansana ɔrebɛnya adwuma ankasa a ɔpɛ: ɔkyerɛ nkɔdaa adeɛ. Na ɔwɔ gyidie sɛ ɔbɛyɛ adwuma wɔ "National park on the coast".[4]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://web.archive.org/web/20110814094924/http://www.hwwilson.com/Currentbio/cover_bios/cover_bio_4_03.htm
  2. https://web.archive.org/web/20140610170810/http://www.highbeam.com/doc/1P2-484884.html
  3. 3.0 3.1 https://web.archive.org/web/20160224032606/http://bangordailynews.com/2008/09/25/obituaries/kelly-n-hillenburg-jr/
  4. https://web.archive.org/web/20161230182429/http://www.pgfusa.com/news/view/Happy-Birthday-SpongeBob-SquarePants/