Grace Bediako

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Grace Afua BediakoGhanani a wabene wɔ nkontabuo mu yie. Mmerɛ bi a atwa mu no, ɔbaa yi dii dwuma sono sɛ ɔpanin kɛseɛ a ɔda ɔman yi atenaeɛ a ɛhwɛ akontabuo nsɛm so (Ghana Statistical Service) ano.[1] Mprenpren yi a merekasa yi, ɔka ɔman yi abadwakuo a wɔapaw wɔn sɛ wɔnwenenwene ɔman yi mpuntuo no ho (National Development Planning Commission).[2][3]

Nwomasua Mu Abakɔsɛm[sesa]

Maame Bediako kɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Achimota Sukuu a ɛwɔ Nkran pumpuni mantam no mu. Ɛno akyire no, ɔtoaa so kɔgyee n'abɔdin krataa a ɛdi kan (First Degree) wɔ sikasɛm mu ntotoeɛ ne nkontabuo firii ɔman yi suapɔn kɛseɛ, University of Ghana mu. Ɔgyee n'abɔdin krataa a ɛdi kan yi wieɛ no, ɔde n'ani kyerɛɛ Amɛrikaman mu, sukuu bi a ɛde 'University of Pennsylvania' kɔgyee n'abɔdin krataa kɛseɛ a ɛfa 'Nnipa Akenkanakenkan ne ho Akontabuo' mu (PhD in Demography). Ansa na ɔbaapanin yi rebɛnya n'abɔdin kɛseɛ wei no, na wɔadi nkan anya abɔdin krataa a wɔfrɛ no 'diplɔma' yi bi a, ɛfa Nnipa Kenkan ho Adesua afiri Ɔman yi Suapɔn Kɛseɛ, Legon, ne fa a wɔkyerɛ Nnipa Kenkan ne ho Akontabuo mu nsɛm no. Wei akyire no, Maame yi kura abɔdin krataa firi 'University of Michigan' a ɛno nso fa ɛdom mu nsɛmmisa.[2][4]

Adwumayɛ Mu Abakɔsɛm[sesa]

Grace Bediako hyɛɛ n'adwuma ase sɛ aban nkontabuni. Wɔ afe mpem mmienu ne nan mu, kɔ si afe mpem mmienu ne dummienu (2004-2012) mu no, Bediako yɛɛ adwuma sɛ ɔpanin Kɛseɛ a ɔda Ɔman yi atenaeɛ a ɛhwɛ akontabuo nsɛm so (Head of Ghana Statistical Service).

Ansa na ɔreba abɛdi saa dwuma sono yi no, na wɔadi nkan ayɛ adwuma wɔ Anansankuo Baatan (United Nations) mu sɛ ɔpanin a ɔda nnipa kenkan mu akontabuo wɔ n'asoeɛ a ɛhwɛ akontabuo nsɛm so.[5] Mprenpren yi, Ɔbaapanin yi ka abadwakuo a wɔapa wɔn sɛ wɔnwenenwene ɔman yi mpuntuo ho no ho (National Development Planning Commission). Ɔsane nso ka apamfo a wɔda SADA anoɔ no ho.[5][6][7]

Abasobɔdeɛ Ahodoɔ[sesa]

Ɛnam Maame yi dwuma sono nti no, wɔagye abasobɔdeɛ bebree na afiri ɔman yi ne ne ntwea so.

Wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe mu sei, wɔde ɔman yi abasobɔdeɛ kɛseɛ a ɛdi mu, '' Order of the Volta for Public Service'' maa Ɔbaapanin yi wɔ ne som pa a ɔde asom ɔman yi.[2] Wɔ amansan mu nso no, ɔbaapanin yi ka abadwafoɔ a wɔato aba ayi wɔn sɛ wɔnna amansan atenaeɛ a ɛhwɛ nkontabuo ho nsɛm no ho (International Statistical Institute)

Nwoma Ahodoɔ W'atwerɛ[sesa]

Deɛ ɛdi kan no, Bediako twerɛɛ afe-ano afe-ano anodisɛm ahoroɔ bebree wɔ mmerɛ a na ɔredi dwuma sɛ ɔpanin a ɔda ɔman yi akontabuo nsɛm ano no. Saa anodisɛm yi bi ne nea na ɛfa mmaa ne mmarima akontabuo nsɛm ho; ɔkwan a wɔbɛfa so akenkan adan ne nnipa, ne titire, sɛnea wɔbɛhu wɔn sikasɛm ne asetenam gyinaberɛ ne nea ɛkeka ho.

As a government statistician, she led numerous surveys, including the Ghana Living Standards Survey, 2005/06; Crime Victimization Survey, 2009; and National Population and Housing Census, 2010. She also formulated the five-year Ghana Statistics Development Plan, which sought to strengthen the institutional and human resource capacity of the different ministries, departments and agencies with linkages as well as sources of data for the compilation of national statistics.[4]

Nhwehwɛmu[sesa]

  1. https://www.newsghana.com.gh/ndpc-urges-political-parties-to-adopt-40-year-development-plan/
  2. 2.0 2.1 2.2 "Archive copy". Archived from the original on 2017-12-01. Retrieved 2020-01-27. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. "Archive copy". Archived from the original on 2020-01-27. Retrieved 2020-01-27. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. 4.0 4.1 https://web.archive.org/web/20160911214305/http://femaleachievers.org/dir_profile_details.cfm?dowdirID=633&prof_categoryid=81&category_id=1
  5. 5.0 5.1 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Let-s-support-the-40-year-dev-t-plan-Grace-Bediako-373367
  6. https://www.ghanalive.tv/2015/08/06/grace-bediako-urged-ghanaians-to-support-40-year-devt-plan/
  7. https://web.archive.org/web/20160911090238/http://www.presidency.gov.gh/node/535