Shasha Marley

Ɛfi Wikipedia

Julius Amua-Sekyi, a nnipa pii frɛ no Shasha MarleyGhana ntini reggae. Wɔahyɛ no nsow wɔ nnwom te sɛ "Twin City Mafia", "M'ani Nnye Asɛmpa no ho", ne "Maata Abusua" ne afoforo. [1]

Mfitiase asetra[sesa]

Wɔwoo Shasha Marley wɔ Sekondi-Takoradi wɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu, na n’agya yɛ nwomasua ho nimdefoɔ a wakɔ pɛnhyen na ɔyɛ nnwontofoɔ kuo sohwɛfoɔ. Wɔ afe 1979 ne 1983 ntam no, na ɔyɛ osuani wɔ St. John’s Secondary School wɔ Sekondi baabi a ɔne sukuu no nnwontofo kuw a wɔfrɛ wɔn Mathew Chapter 5 bɔɔ nnwom. Bere a owiee ntoaso sukuu pɛɛ no, ɔkɔɔ nnwom atitiriw mu na afei ɔkɔɔ n’anim yii nnwom nhoma ahorow pii adi.

Adwuma[sesa]

Wɔ ne mfitiaseɛ nna mu no, Shasha Marley kaa Bob Marley, Burning Spear, Steel Pulse ne Jimmy Cliff ho asɛm sɛ ne nkɛntɛnsoɔ titire. Ɔyii ne dwom a ɛdi kan, "Tell Freedom", a ɛbɛyɛɛ nnwom kɛseɛ wɔ Ghana ne akyirikyiri. Efi saa bere no wakɔ so ayi nnwom afoforo pii adi.

Ankorankoro asetra[sesa]

Shasha Marley aware a ɔwɔ mma baanu.

Akyinnyegye a ɛfa Maata Abusua ho[sesa]

Ɛwom sɛ na Shasha Marley agye din dedaw wɔ ne kurom ne amannɔne de, nanso dwom biako a akyinnye biara nni ho sɛ ɛmaa ɔdaa no adi kɛse titiriw wɔ Ghana ne "Maata Abusua". Dwom a woyii no adi wɔ afe 2007 mu no, na nsɛmfua a ɛkyerɛ sɛ obi ayɛ akisikuru wɔ Ghana kasa mu. Sɛ nhwɛso no, abodin Maata, wɔ Akan kasa mu no kyerɛ flatulence na nkurɔfo twee no esiane sɛ ɔde nsɛmfua a ɛtete saa dii dwuma wɔ ne dwom mu nti. Afei nso, Maata Tui, Maata Pue ne Mataa Fish a wɔde dii dwuma no maa dwom no ntease yɛɛ nokware wɔ ɔkwan bi so. Nanso efi saa bere no Shasha Marley abɔ asɛm no agu na wakyerɛkyerɛ mu sɛ na dwom no ntease ne flatulence nni hwee yɛ, na mmom ne pals a wɔwɔ Papua New Guinea no din i.e Maata Tuitui, Maata Pue ne Maata Mpataa.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Allman (2016), ""I'm Not Ashamed of Who I Am"", Immigration and Education in North Carolina, Rotterdam: SensePublishers, pp. 81–102, doi:10.1007/978-94-6300-809-9_4, ISBN 978-94-6300-809-9, retrieved 2022-09-20