Seth Adjei Baah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Seth Adjei Baah (wɔwoo no May 18, 1960) yɛ aguadifo ne ɔmanyɔni. Na ɔyɛ kan mmrahyɛbagua no muni ma Nkawkaw mantam a ɛwɔ Ghana Apuei fam mantam mu .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Baah wɔ afe 1960 mu. Ɔfiri Kwahu-Asakraka a ɛwɔ Ghana Apueeɛ mantam mu. Osuaa ade wɔ Trinity College and University, Madrid, Spain baabi a onyaa Bachelor of Arts abodin krataa .

Ankorankoro asetra ne adwuma[sesa]

Baah yɛ Kristoni na waware na ɔwɔ mma baanan. Ɔne Pentekoste Asɔre no som . Ɔyɛ aguadifoɔ ne Shaaba Enterprises Limited kwankyerɛfoɔ panin. Efi Ɔpɛpɔn 2011 kɔsi Ɔpɛpɔn 2016 na ɔyɛ Ghana Aguadi ne Nnwuma Kuo no titrani.  Ɔsan yɛ Pan African Chamber of Commerce and Industry (PACCI) no titrani .

Amanyɔsɛm[sesa]

Baah amammui adwuma fii ase afe 2008 bere a ɔbɛyɛɛ Ghana Aman a Ɛto so Anan no mmrahyɛbagua a Ɛto so Anum no muni maa Nkwakwa mantam no sɛ ɔmannifo a ɔde ne ho. Ɔdii nkoguo wɔ New Patriotic Party mmrahyɛbagua primaries mu wɔ afe 2008 mu wɔ Nkawkaw mantam mu na ɛno nti, ɔsii gyinaeɛ sɛ ɔbɛgyina hɔ sɛ obi a ɔde ne ho na ɔdii nkonim wɔ abatoɔ no mu. Ɔdii nkonim wɔ atenaeɛ no mu a ne nyinaa yɛ 21, 640 wɔ abatoɔ 40, 004 a ɛfata a wɔtoo no mu a ɛyɛɛ 54.1%. Ɔhwere n’akongua wɔ afe 2012 Ghana amansan abatoɔ no mu maa New Patriotic Party’s Eastern Regional sikakorafoɔ, Eric Kwakye Daffour. Ɛno akyi no onu ne ho sɛ ɔkɔɔ Amanyɔsɛm mu.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]