Sefwi-Akontombra(Ghana Parliament Constituency)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Sefwi-Akontombra(About this soundpronunciation of"Sefwi-Akontombra")  yɛ mpɛsoa no mu baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa no so a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Sefwi-Akontombra wɔ Sefwi-Akontombra mansini a ɛwɔ atifi atɔeɛ mantam a ɛwɔ Ghana.[1] Sefwi-Akontombra abatoɔ mpesua no yɛ abatoɔ mpesua nkron a ɛwɔ Western North mantam no mu wɔ Ghana. Nkane no na wɔhyɛ Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mu firi afe apem aha nkron aduowɔtwe nwɔtwe (1988) mu a wɔte firii Sefwi-Bibiani mansini no abatoɔ mpesua no mu de kɔ si sɛ wotee mansini no anaafoɔ fam firii mansini no mu maa yɛnyaa Sefwi-Akontombra abatoɔ mpesua no wɔ ogyefuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe abatoɔ mu. Sefwi-Akontombra abatoɔ mpesua no ahenkron ne Akontombra.[2]

Ɛhyeɛ.[sesa]

Akonnwa no wɔ Sefwi-Akontombra mansini wɔ atifi atɔeɛ mantam, a ɛka Ghana atɔeɛ mantam ho. Wɔtee saa mpɛsoa yi wɔ berɛ a wɔrebɛto mfeɛ mpem mmienu ne nan ɔpɛnimaa amanpaninfoɔ ne mmarahyɛbedwafoɔ aba wɔ berɛ a wɔrekyɛ ankane sefwi-wiawso mpɛsoa de akɔ seisei sefwi-Akontombra ne sefwi-wiawso mpɛsoa mu.[3]

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Sefwi-Akontombra aboatoɔ no mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no, wɔ afe mpem mmienu ne nan abatoɔ mu no, amannyɔkuo akɛseɛ mmienu a ɛwɔ ɔman Ghana mu no nyinaa ne wɔn ananmusifoɔ bɛgyinaa bi. NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no de owura Herod Cobbina na ɛbaeɛ, saa ara nso NPP ɔsono amannyɔkuo no nso de owura Baidoo Appiah Kubi na ɛbɛgyinaa wɔn anan mu wɔ Sefwi-Akontombra mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu. Abatoɔ no baa awieɛ wɔ afe mpem mmienu ne nan mu no, na NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini owura Herod Cobbina na adi nkunim wɔ afe no mu.

Abatoɔ Ekuoba Amanyɔkuo
Mfeɛ mpem mmienu ne nan Herod Cobbina Kyineeɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress"

Abatoɔ.[sesa]

Mfeɛ mpem mmienu Ghana mmarahyɛbedwam abatoɔ:Essikado-Ketan

Wɔ afe mpem mmienu ne nan abatoɔ mu no wɔ Sefwi-Akontombra aboatoɔ no mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no mu no, kyiniiɛ amannyɔkuo NDC ananmusini a wɔde no baeɛ ne owura Herod Cobbina. Abatoɔ no baa awieɛ no ɔnyaa mma no mu Mpem dunan, ahanan ne aduoson nson (14,477), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a, owura Herod Cobbina nyaa mma no mu Ɔha mu nkyekyɛmu aduonum nkron (59%). Owura Herod Cobbina de mma Mpem dunan, ahanan ne aduoson nson (14,477) a ɔnyaeɛ no na ɛdii nkunim wɔ Sefwi-Akontombra aboatoɔ no mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

Saa ara nso na, wɔ afe korɔ no ara abatoɔ mu no wɔ Sefwi-Akontombra aboatoɔ no mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no mu no, ɔsono amannyɔkuo NPP ananmusini a wɔde ne baeɛ no owura Baidoo Appiah Kubi. Abatoɔ no baa awieɛ no ɔnyaa mma no mu Mpem du, ne aduosia (10,060), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a, owura Baidoo Appiah Kubi nyaa mma no mu Ɔhamu nkyekyɛmu aduanan baako (41%). Owura Baidoo Appiah Kubi de mma Mpem du, ne aduosia (10,060) a ɔnyaeɛ no na ɛtɔɔ so mmienu wɔ Sefwi-Akontombra aboatoɔ no mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

Amanyɔkuo Anamsini Mma Ɔhamu nkyekyɛmu +-%
Kyineeɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress" Herod Cobbina Mpem dunan, ahanan ne aduoson nson Ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nkron N/A
Ɔsono amanyɔkuo"New patriotic party" Baidoo Appiah Kubi Mpem du, ne aduosia Ɔhamu nkyekyɛmu aduanan baako N/A
DƆM Mpem nan, ahanan ne du nson Ɔhamu nkyekyɛmu du nnwɔtwe N/A
NNIPA DODOƆ A ƐTOO ABA NO Mpem aduonu nan, ahankron ne aduonum Ɔhamu nkyekyɛmu aduowɔtwe nkron akyirepɔ nsia

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Bureau, Communications. ""Sefwi Wiawso Is Capital Of Western-North Region" – President Akufo-Addo". presidency.gov.gh. Retrieved 2020-09-04.
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Sefwi_Akontombra_District
  3. Electoral Commission of Ghana (November 2005). "The 2004 Presidential and Parliamentary Elections" (PDF). Elections 2004:Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Electoral Commission of Ghana, with support of the Friedrich Ebert Stiftung, Accra. pp. Page 11. Retrieved 2007-08-14.