Saratu Atta

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Saratu Atta yɛ obi obi a ɔtoto nnoɔma yie wɔ Ghana sane nso mmaranim nii. Ɔyɛ ekuoba wɔ ɔsono amanyɔkuo"New patroitic party" mu na ɔsane yɛ Ghana manpanin boafoɔ.

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne Nnwuma.[sesa]

Saratu maame yɛ Ghanani ɛna ɔpapa nso yɛ Nigeriani, Ɔpapa Adamu Atta a ɔfiri "Adavi Local Government" a ɛwɔ "Kogi State" yɛ obi a ɔdikan baa "Kwara State" a ɔtoto nnoɔma yie a ɔwuiɛ. Ɔsuaa amanyɔsɛm ne amanɔne adesua wɔ suapɔn a ɛwɔ"Warwick" ɛna ɛno akyire no ɔbɛyɛɛ adwuma sɛ dwadifoɔ bambɔfoɔ wɔ "First securities Discount House" wɔ Lagos wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa ne ne afe apem ahankron ne aduokron nson ntam, ɛno akyire na ɔkɔbui ɔno ankasa"security printing company" wɔ Lagos ansa na wɔreyi no ama no ayɛ twerɛtwerɛfoɔ ama ɔsono amanyɔkuo"New patroitic party" wɔ wɔn aborɔbɛ mu wɔ mpem mmienu ne nnwɔtwe. Ɔbɛyɛɛ obi a ɔtoto nnoɔma yie wɔ n'adwuma mu sane nso yɛɛ ɔmanpanin a Wɔyii no baa aban, mu, Nana Akuffo-Addo boafoɔ, ɔnyaa saa diberɛ no firii afe mpem mmienu ne nkron mu.[1]

N'abrabɔ.[sesa]

Wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nson mu no, Saratu waree Nigeria amanyɔnii, Femi Fani-Kayode, nanso awarefoɔ yi ntam teeɛ bɛyɛ mfeɛ mmienu a wɔwareɛ wɔ afe apem ahankron ne aduokron mu. Na wɔwɔ ba baako pɛ.[2]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. "Akufo-Addo 'clearly' knows what he's about - Jinapor". www.ghanaweb.com. Retrieved 2017-11-21.
  2. Farida. "Revealed! Nana Addo's Personal Assistant is Daughter of Former Nigerian Governor". Ghana Guardian. Retrieved 15 September 2020.