Samuel Nkrumah Gyimah

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Samuel Nkrumah Gyimah
Member of Parliament for Odotobri Constituency
Bere
7 January 1997 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Ne manGhanaGhana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaƆkyerɛkyerɛni

Samuel Nkrumah Gyimah yɛ ɔmanyɔni sane yɛ ɔkyerɛkyerɛni. Ɔsom sɛ mmrahyɛbedwani ma Odotobri mpɛsoa a ɛwɔ Asante mantam wɔ mmrahyɛbedafie a ɛtɔso mmienu ne mmiɛnsa wɔ Ghana adehyeman amanmuo a ɛtɔso nan.

Abrabɔ ne nnwomasua[sesa]

Ɔwoo Nkrumah Gyimah wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonum ne mmienu(1952). Ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Jakobu beaeɛ ɔwoo no, ɔkɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Boa Amponsem na ɔkɔɔ suapɔn sukuu nso wɔ University of Ghana. Samuel Nkrumah ɛwu n'ayiyɔ wɔ Ɔbubuo bosome ne da ɛtɔso nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu wɔ Jakobu a ɛwɔ Amansie mfinifini mansini a ɛwɔ Asante mantam.

Amanyɔsɛm[sesa]

Samuel Nkrumah Gyimah yɛ mmrahyɛbedwani a na ɔka mmrahyɛbedwafie a ɛtɔso mmiɛnsa wɔ Ghana adehyeman amanmuo a ɛtɔso nan wɔ mfeɛ mpem mmienu Ghana abatoɔ kɛseɛ no mu. Ɔgyina mu maa NPP amanyɔkuo wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron nsia(1996) nanso ɔdii nkukuo wɔ afe mfeɛ mpem mmienu ne nan mu de ma Emmanuel Akwasi Gyamfi a ɔno nso wɔ NPP amanyɔkuo no mu. Wɔ Nkrumah Gyimah pɛn so no ɔde adesrɛdeɛ too aban n'anim sɛ ɔnyɛ akwan a aseɛseɛ mma nkurasienkurasie.

Abatoɔ[sesa]

NPP amanyɔkuo no n'adikan de ne baa mmrahyɛbedwafie wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron nsia(1996) Ghana abatoɔ kɛseɛ no ma Odotobri mpɛsoa a ɛwɔ Asante mantam. Ɔnyaa mma mpem du nson ɔha num ne aduosia nan(17,564) firii mma mpem aduonu num ɔha ne aduosia num(25,065) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduonum nnwɔtwe n'akyiri pɔ aduasa(58.30%) de tia George Adu Mensah a ɔwɔ NDC amanyɔkuo no, ɔnyaa mma mpem nson ɔha num ne nson(7,507) ne Veronica Rita Akosuah Nsafoah a ɔfri IDN amanyɔkuo ɔno nso nyaa mma hwee(0). Ɔyii Gyimah sɛ mmrahyɛbedwani ma Odotobri mpɛsoa wɔ mfeɛ mpem mmienu(2000) wɔ Ghana abatoɔ kɛseɛ no. Ɔnyaa no maa NPP amanyɔkuo no. Na ne mpɛsoa ka nkonnwa aduasa baako firi aduasa mmiɛnsa a NPP amanyɔkuo nyaa no wɔ Asante mantam ha. Ne nyinaa mu no NPP amanyɔuo no nyaa mmrahyɛbedwafoɔ ɔha(100) firii ahanu(200) mu. Ɔde mma mpem du nnwɔtwe ahasa ne aduokron num(18,395) wɔ nnipa dodoɔ a ɔtoo aba no. Wei gyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduowɔtwe(80%). Ɔdii nkunim wɔ John A.Frimpong a ɔwɔ NDC amanyɔkuo ɔnyaa mma mpem mmiɛnsa ɔha num ne aduoson nkron(3,579) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn du num n'akyire pɔ nsia(15.6%), Francis A.A Mintah a ɔwɔ CPP amanyɔkuo ɔnyaa mma ɔha nsia ne aduosia nnwɔtwe(668) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn mmienu n'akyire pɔ nkron(2.9%) ne Isaac a ɔwɔ People's National Convention a ɔno nso nyaa mma aha ne aduonum nson(357) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn baako n'akyire pɔ nsia(1.6%).

Beaeɛ menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

1.http://www.ghanamps.com/mps-by-year-group/index.php?group=2463

2.https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/members_parliament.php

3.https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/MP-appeals-for-rehabilitation-of-rural-roads-45888

4.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/ashanti/33/index.php

5.https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/ashanti/33/

6.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/ashanti/index.php

7.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/index.php