Jump to content

Samata (fashion entrepreneur)

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Samata Pattinson yɛ Ghanani a wɔwoo no wɔ Britania a ɔyɛ adwuma wɔ ntadehyɛ mu, na ɔde ntadehyɛ a ɛbɛkɔ so atra hɔ daa na ɛyɛ yie na ɔda so reyɛ no ho dwuma. Samata aboa The Guardian, EuroNews, Vogue, Huffington Post ne afoforo.[1] Nsɛmma nhoma ahorow akasa afa adwuma a ɔyɛ wɔ ntadehyɛ ne abrabɔ a ɛda so reyɛ ho.[2]

Mfitiase asetra ne nhomasua

[sesa]

Wɔwoo Samata wɔ Cambridge, England. Ɔyɛ Ghanani a wɔwoo no wɔ Britania. N’agya nana yɛ Dagomba man mu ɔhemmaa, Yo Naa III.[3]

Ntadehyɛ adwuma

[sesa]

Samata yɛ ɔwɔyɛni a wantua sukuu mu ntadehyɛ ho adesua. Wɔtoo no gua sɛ ababaawa a ɔyɛ adwuma yie esiane n’adwuma a ɔyɛe wɔ Suzy Amis Cameron Red Carpet Green Dress mu—ntoasoɔ ntadehyɛ nhyehyɛe a wɔda no adi wɔ Oscars red carpet so.[4][5] Wɔnim no nso wɔ ne nwoma a Bloomsbury bɔɔ mu din ‘Fashion Designer’s Resource Book’, ne n’adwuma sɛ ɔkyerɛwfo ne nea ɔbɔɔ abɔdin wɔ video tiawa ‘Designing Change’, a ɛkyerɛ nsɛnsɛnee a ɛwɔ nneɛma a wɔde yɛ adwuma bio mu (circular design).[6][7]

Ntadehyɛ nsɛm ho amanneɛbɔ ne nsɛm ho amanneɛbɔ

[sesa]

N’asɛmka adwuma no kɔ fa ntadeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ne daakye a ɛda ntadehyɛ adwuma anim ho. Wapue wɔ ITV News at Ten, ITV News at Six, ne baabi foforɔ nso.[8][9]

Adwuma a wɔatintim

[sesa]

Bloomsbury Publishing de Samata nwoma a wɔfrɛ no Fashion Designer’s Resource Book bɛtintim.[10]

Baguam ɔkasa

[sesa]

Samata akasa wɔ nhyiam kɛse ne ntadehyɛ sukuu ahorow te sɛ SXSW Eco, Central Saint Martins, London College of Fashion, Berkeley, Ravensbourne, ne Fashion Institute of Technology.[11] Wɔnim no sɛ ɔwɔ adwene a emu yɛ den wɔ nneɛma a ɛbɛkɔ so atra hɔ daa ho, na nsɛm a ɔka fa ho no abɔ mu wɔ nhoma te sɛ Reuters, Business Insider, Business of Fashion, Harper’s Bazaar, Wonderland China, Yahoo Finance ne WWD mu.[12][13][14]

Nsɛm a wɔde gyinaa so

[sesa]
  1. "Samata Pattinson: Moda dotyczy nas wszystkich". Vogue Polska (in Polish). 2020-09-26. Retrieved 2021-01-20.
  2. "Untangling The Confusing State Of Sustainable Fashion At The Global Fashion Summit". Nylon (in English). 5 July 2023. Retrieved 25 November 2023.
  3. "From The Desk Of... Samata Pattinson, of Red Carpet Green Dress". Citizen Femme. 23 April 2021. Archived from the original on 28 November 2023. Retrieved 28 November 2023.
  4. "What Does it Take to Create a Sustainable Gown for the Oscars?". The Frontlash (in English). 2020-03-24. Archived from the original on 13 April 2020. Retrieved 2021-01-20.{{cite web}}: CS1 maint: unfit URL (link)
  5. Colville, Charlie (13 March 2023). "RCGD Global's Samata Pattinson On Creating The 2023 Oscars' Sustainable Style Guide". Country and Town House. Retrieved 17 July 2023.
  6. "Fifteen Minutes with The Frontlash". The Frontlash (in English). 2019-03-28. Archived from the original on 2022-01-29. Retrieved 2021-01-20.
  7. Designing Change (2016) - IMDb, retrieved 2021-01-20
  8. "tommie magazine". tommie (in Australian English). Archived from the original on 2021-01-28. Retrieved 2021-01-20.
  9. "Samata Pattinson — GLOBAL FASHION AGENDA" (in American English). Archived from the original on 2022-01-23. Retrieved 2021-03-04.
  10. "Samata Pattinson". Bloomsbury Publishing (US) (in English). Archived from the original on 25 November 2023. Retrieved 25 November 2023.
  11. "Critical Climate Conversations: Positive actions: the way ahead". Aspen Institute UK. Retrieved 19 February 2024.
  12. Davis, Dominic-Madori. "DJ Steve Aoki and designer Samata Pattinson dig into the impact music has on the clothes we wear — and what it would take to make sustainable fashion the new 'It' look". Business Insider. Retrieved 2021-01-20.
  13. Lue, Di Cecilia (2020-10-15). "Samata Pattinson è l'attivista impegnata per un cambiamento nella moda sostenibile". Harper's BAZAAR (in Italian). Retrieved 2021-01-20.
  14. Feitelberg, Rosemary (2020-09-24). "Red Carpet Green Dress' Samata Pattinson Explains How Small Tweaks Can Make a Huge Difference". WWD (in American English). Retrieved 2021-01-20.