Priscilla Hagan

Ɛfi Wikipedia

Priscilla Hagan (wɔwoo no 8 Ayɛwohomumɔ 1996) yɛ Ghana mmaa bɔɔlbɔ animdifo a ɔbɔ ma Slovenia kuo Olimpija Ljubljana . Ɔyɛ Ghana mmaa ɔman kuo no muni .

Adwuma[sesa]

Club[sesa]

Wɔ Ɔpɛpɔn 2019 mu no, Hagan tu kɔɔ Turkey na ɔde ne ho kɔbɔɔ Konak Belediyespor wɔ afe 2018–19 Turlish Women’s First League bere no fa a ɛtɔ so mmienu.

Amansan[sesa]

Wɔfrɛɛ Hagan kɔɔ Ghana mmaa ɔman bɔɔlbɔ kuo mu, nanso, wantumi ankɔbɔ wɔ 2018 Africa Women Cup of Nations no mu ɛnam opira bi a ɔnyaeɛ wɔ nteteeɛ mu wɔ ɔman kuo no akwantuo mu wɔ Zambia ne Kenya nti.

Hagan nyaa ɔfrɛ foforo a ɔfrɛɛ kuw no ma 2020 Turkey Mmea Kuruwa no .

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]