Princella Adubea

Ɛfi Wikipedia

Princella Adubea (born December 1998) yɛ Ghanani bɔɔlobɔni a osi n'akan sɛ atenatofo wɔ Spain bɔɔlobɔkuo a w'ato din Racing Santander na afei, Ghanaman mmaa bɔɔlobɔkuo a ɛde Ghana Women's national football team. Osii akan maa ɔman Ghana bre a onni mfie 20 prennu wɔ akansie ɛde World Cup no wɔ afe 2016 ne 2018. Osii akan maa bɔɔlobɔkuo a ɛde Sporting de Huelva[1][2].

Bɔɔlobɔkuo[sesa]

Adubea hyɛɛ ne bɔɔlobɔ nnwuma ase wɔ bɔɔlobɔkuo a ɛde Ampem Darko Ladies a ɛwɔ Techiman, wɔ afe 2014 mu. Odii bɔɔlobɔkuo no anim maa wodii nkunim nea edikan wɔ mmaa bɔɔlobɔ akansie a ɛde Ghana Women's Premier League, bre a wɔtoo atena baako tiaa Hascacas Ladies a w'antumi ante ka no. ɔtoo atena mpɛn 19 wɔ akansie 11 a onyaa mu akwanya no na eyi maa no begyina hɔ maa nea w'ato atena dodoɔ wɔ saa bɔɔlobɔ akansie afe no mu[3][4]. ɔsan nso dii nkunim sɛ nea ɔtoo atena dodoɔ wɔ afe 2016 Ghana's women FA Cup akansie no mu [5]. Onyaa abasobɔtde a w'ato din SWAG Female Footballer of the year no mu bre a ɔpaa n'akansifo a wtn ne Elizabeth Addo ne Sandra Owusu-Ansah ho no[6][7].

ɔboaa ne bɔɔlobɔkuo no maa wokoraa won nkunimde no so bre a otoo atena baako de tiaa Lady Strikers wɔ Baba Yara agopramma so[8]. ɔsan nso too atena mpɛn 16 na eyi maa no koraa ne nkunimdie a ɛne atena dodoɔ tofoɔ ne mprennu soɔ[9].

Honours[sesa]

Ampem Darkoa

Ghana

Ankoreankore

  • SWAG Female footballer of the Year: 2016, 2017
  • African U-20 Women's World Cup Qualifying Tournament Top goal scorer: 2018
  • Ghana Women's FA Cup Atena dodoɔtofoɔ:: 2016

Ntotoho[sesa]

  1. Adubea: Ghana striker joins Equatorial Guinea's Olanrewaju at Racing Santander | Goal.com
  2. Princella Adubea - Soccer player profile & career statistics - Global Sports Archive
  3. Priscilla Adubea wins top scorer award in National Women's League (modernghana.com)
  4. Princella Adubea Aims Higher in Her Career | News Ghana
  5. Prisons Ladies beat Police to lift Sanford Women's FA Cup trophy - Ghana Football Association (ghanafa.org)
  6. 42ND SWAG AWARDS: Priscilla Adubea wins Female Footballer of the Year - Ghana Latest Football News, Live Scores, Results - GHANAsoccernet
  7. List Of Nominees & Winners For The 42nd MTN Swag Awards (modernghana.com)
  8. https://ghanasoccernet.com/ampem-darkoa-beat-lady-strikers-1-0-to-retain-national-womens-league-title
  9. https://ghanasoccernet.com/ampem-darkoa-beat-lady-strikers-1-0-to-retain-national-womens-league-title