Prince Oduro-Mensah

Ɛfi Wikipedia
Prince Oduro-Mensah
MP for Techiman South
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Agyekum Kufour
Ne ho asɛm
Awo bereTechiman soiuth, Brong Ahafo Region
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaPolitician

Prince Oduro-Mensah yɛ Ghana amanyɔni ɛne Mmarahyɛbadwani a na ɔka Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtɔso nnan (3rd Parliament of the 4th Republic of Ghana) a ɔgyina hɔ ma Techiman Anaafoɔfam abatoɔ mpɛsoaso (Techiman South Constituency) wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ghana.[1][2][3][4]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Mensah Wɔn woo wɔ afe apem ahankron ne aduonum-nwɔtwe (1958) wɔ Techiman Anaafoɔfam (Techiman South) a ekuro bi wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ghana (Brong Ahafo Region of Ghana).[1] Ɔkɔɔ sukuu wɔ Kwame Nkrumah Abɔdeɛ Nyansapɛ ne nimdeɛ sononko (Kwame Nkrumah University of Science and Technology) na onyaa suapɔn abɔdin krataa a ɛdikan (Degree). Ɔsan nso kɔɔ sukuu wɔ nwomasua ne nimdeɛpɛ suapɔn a ɛwɔ Winneba (University of Education, Winneba) na onyaa suapɔn abɔdin krataa Diploma wɔ Social Science (abɔdeɛ nyansapɛ) ɛne (English Education) brofo nimdeɛpɛ.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mensah wɔn too aba maa no kɔɔ mmarahyɛbedwafie deɛ ɛdikan wɔ New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no tumi krataa so wɔ Ɔpɛnimaa bosome no mu wɔ mfie mpem mmienu Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ a wɔn toɔ no mu. (December 2000 Ghanaian General Elections) wɔ Techiman Anaafoɔfam abatoɔ mpɛsoaso (Techiman South Constituency) wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ghana (Brong Ahafo Region of Ghana). Onyaa mma no mu mpem du-nson aha-mmiensa ne aduonum (17,350 votes) de firii mma mpem aduasa-nkron ɔha ne aduasa-nson (39,137 votes) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu na wei gyina hɔ ma ɔha nkyekyemu aduanan-nnan ne akyiripɔ aduasa (44.30%).[5]Ɔdii nkunim New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no tumi krataa so wɔ Techiman Anaafoɔfam abatoɔ mpɛsoaso (Techiman South Constituency) wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtɔso nnan no mu (3rd parliament of the 4th republic of Ghana). Mensah abatoɔ mpɛsoa no ka mmarahyɛbadwafie nkonwa du-nan (14) a New Patriotic Party (NPP) nyaa de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu-nnan (24) no ho wɔ saa abatoɔ no mu wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ghana (Brong Ahafo Region of Ghana).[6] Ɛyɛ New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no a ɛnyaa mmarahyɛbadwan nkonwa no mu fa kɛseɛ a na ne dodoɔ nyinaa yɛ ɔha (100) de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aha-mmienu (200) wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtɔso nnan no mu (3rd parliament of the 4th republic of Ghana).[5]Wɔn too aba yii no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn ɛdidisoɔ yi so Kwadwo Maama Adam a na ɔfiri National Democratic Congress (NDC) , Joshua Kwame Owusu-Brempong kontenkorɔ (independent candidate), Moses Kofi Boakye of the Convention People's Party (CPP), Afrifa Okyere Benjamin a na ɔfiri United Ghana Movement Party (UGM) ɛne Kofi Boakye Saarah-Mensah a na ɔno nso firi National Reform Party (NRP).[5] Deɛ edidisoɔ yi ne mma a wɔn mu biara nyaaeɛ mpem du-nsia ahankron ne aduasa-nsia (16,936), mpem mmiensa aha-nan ne aduisia-num (3,465), ahankron ne aduokron (990), aha-mmienu ne aduoson-mmiensa (273) ɛne ɔha ne aduonu-mmiensa (123) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu no nyinaa mu. Wei ne ɔha nkyekyemu susupɛn a edidisoɔ yi so na ɛyɛ pɛ aduanan-mmiensa ne akyiripɔ aduasa 43.30%) , nwɔtwe ne akyiripɔ aduokron (8.90%), mmienu ne akyiripɔ aduonum (2 .50%) , hwee ne akyiripɔ aduoson (0.70%), ɛne hwee ne akyiripɔ aduasa (0.30%) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[5]

Adwuma[sesa]

Mensah akane Mmarahyɛbadwani de ma Techiman Anaafoɔfam abatoɔ mpɛsoaso (Techiman South Constituency) wɔ Bono ne Ahafo mantam wɔ Ghana in the (Brong Ahafo Region of Ghana).

Bea me nyaa mmoa firiieɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 [1]
  2. Oduro-Mensah set to become new NSC boss (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2022-10-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. Oduro-Mensah set to become substantive NSC boss (in English), retrieved 2022-10-01
  4. https://www.ghanaonline.com/sports/nsc-boss-preaches-unity/
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Techiman South Constituency, retrieved 2022-10-01
  6. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Brong Ahafo Region, retrieved 2022-10-01