Portia Boakye

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Portia Boakye (wɔwoo no 17 April 1989) yɛ Ghana amanaman ntam bɔɔlbɔni a ɔbɔ sɛ forward /defender ma Djurgården wɔ Sweden. Wobu no sɛ obi a ɔde nan benkum bɔ bɔɔl a eye sen biara wɔ Afrika asasepɔn no so.

Club adwuma[sesa]

Östersunds DFF 2016[sesa]

Wɔ May 2016 mu no ɔde ne nsa hyɛɛ aseɛ maa Östersunds DFF na ɔyɛɛ ne debut a ɛdi kan maa Östersunds DFF wɔ AIK a ɔbaa mu sɛ obi a ɔbɛsi ananmu wɔ simma 46 mu na ɔbɔɔ bɔɔl baako pɛ wɔ saa akansi no mu ne AIK wɔ simma 67 mu.

Wɔ Oforisuo 2016 mu no, Portia san bɔɔ bɔɔl baako pɛ wɔ Elitettan akansi a wɔne AIK dii wɔ Stockholm no fa a ɛtɔ so mmienu no mu.

Ɔsan toaa so de ne su a ɛyɛ nwonwa maa Östersunds DFF wɔ Sunnanå SK, ɔbaa mu sɛ obi a ɔde ne ho besi ananmu wɔ simma 55 mu bere a Östersunds DFF de bɔɔl bɔɔ fam no, ɔde bɔɔl no yɛɛ pɛ wɔ simma 60 mu, na ɔsan nso kɔɔ so bɔɔ bɔɔl a ɛto so abien wɔ agorudi no mu wɔ simma 70 mu de Östersunds DFF dii kan a ɛboaa Östersunds DFF ma wodii nkonim wɔ agorudi no mu 3–1 wɔ Sunnana so, wɔ agorudi no akyi no wɔmaa no Ɔbea a ɔsen biara wɔ akansi no mu abasobɔde. Ɔde afe no baa awiei a Östersunds DFF bɔɔ League bɔɔl ason na ɔsan nso bɔɔ bɔɔl abien wɔ kuruwa akansi ahorow no mu.

Trabzon İdmanocağı[sesa]

Wɔ afe 2017 mu no, ɔne Trabzon İdmanocağı yɛɛ bere apam sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ Turkey Mmea Bɔɔlbɔ Kuw a Edi Kan no mu .

Amanaman ntam adwuma[sesa]

Ghana[sesa]

Wɔ June 2010 mu no, Boakye bɔɔ bɔɔl wɔ Ghana nkonim a wodii wɔ Senegal so 3–0 wɔ Accra Sports Stadium . Nkonimdie no maa Ghana nyaa baabi wɔ afe 2010 African Women’s Championship finals no mu.

Boakye kaa ɔman kuo a wɔsii akan wɔ 2014 African Women’s Championship qualification ne 2014 African Women’s Championship, na ɔdii agorɔ wɔ ekuo no akansi nson no nyinaa mu. Ɔdii agorɔ wɔ adamfofa akansi bi mu ne South Africa wɔ May 2014 mu na ɔbɔɔ bɔɔl a ɛdii nkonim. Ɔsan nso bɔɔ nkonimdi botaeɛ wɔ afe 2015 All-Africa Games final no mu, a na aka simma mmiɛnsa kɔsi simma 90 regulation time no awieeɛ, de nyaa sika kɔkɔɔ a ɛdi kan wɔ Ghana wɔ akansi no mu.

Wɔ December 2015 mu no wɔpaw no sɛ Afrika Mmea Bɔɔlbɔfo a Ɔsen Biara wɔ Afe no mu, na ɔne Paris Saint-Germain bɔfo Ngozi Ebere, Gabrielle Onguene, Gaelle Enganamouit . Ɔhweree saa abasobɔde yi maa Gaelle Enganamouit a ɔwɔ FC Rosengård .

Wɔ June 2016 mu no, Sport Writers Association of Ghana too aba too no sɛ ɔbaa bɔɔlbɔfoɔ a ɔsen biara wɔ afe no mu.

Nidi a wɔde ma[sesa]

Amansan[sesa]

Ghana

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]