Porɔɛe

Ɛfi Wikipedia

Porɔeɛ yɛ atorɔdie anaa abɔnefosɛm a onipa bi anaa ɛkuo bi a wɔde tumidie bi ahyɛ ne nsa yɛ de nya mfasoɔ anaa ɔde saa tumi no yɛ de nya no ara ankasa ho. Porɔeɛ wɔhɔ yi ɛne nneyɛeɛ bi te sɛ Kɛtɛasehyɛ ne dwirim ne sika die basabasa. Ɛbɛtumi ayɛ nneyɛeɛ a wɔagye atom wɔ ɔman bi so[1]. Amanyɔsɛm mu porɔeɛ taa kɔ so berɛ a obi a ɔwɔ tumidie bi anaa aban adwumayɛni ne nnipa bi yɛ adwuma sɛ wɔbɛnya sika anaa biribi wɔ wɔn ara yiedie mu. Porɔeɛ taa wɔ 'kleptocracies, oligarchies, narco-states, ne,mafia man mu.

Porɔeɛ ne bɔne yɛ nnoɔma ɛtaa kɔ so wɔ ɔman biara mu mprenpren wɔ wiase afana nyinaa a ɛbi deɛ boro ɛbi so saa wɔ nnidisoɔ nnidisoɔ. Ɔman biara de sika ne mmra bi ato hɔ sɛ ɔde reko porɔeɛ ne abɔnefosɛm wɔne man mu. Akwan a wafa so de reko porɔeɛ no nyinaa tɔfa bɔm no wɔfrɛ no porɔeɛ ano sie[2]. Bio, ɛwiase nhyehyɛeɛ tee sɛ 'United Nations Sustainable Development Goal 16' nso yɛ botaeɛ a wɔde rete porɔeɛ ahodoɔ nyinaa so[3].

  1. http://siteresources.worldbank.org/INTWBIGOVANTCOR/Resources/Legal_Corruption.pdf
  2. https://www.sciencedirect.com/science/article/pii/S0263786322000576
  3. https://www.un.org/ruleoflaw/sdg-16/