Peter Kwaw

Ɛfi Wikipedia

Peter Kwaw yɛ Ghanani a ɔyɛ amanyɔsɛm. Ɔsomm sɛ mmarahyɛbadwani maa Lower West Akim abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana no wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa ne nan no mu wɔ Ghana Repɔblik a ɛtɔ so nan no mu.[1]

N'abrabɔ mfitiaseɛ ne ne sukuukorɔ[sesa]

Wɔwoo Kwaw wɔ Lower West Akim a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Berɛ a ɛdi kan a wɔtoo aba maa Kwaw yɛ Ɔpɛnima, mfeɛ mpenu ɔman abatoɔ no mu berɛ ɔgyinaa sɛ mmarahyɛbadwani wɔ New Patriotic Party amanyɔkuo no din mu. Ɔnyaa mma mpem aduasa-mmeinu, ahanu ne aduonum-mmienu a wɔtoeɛ no mu mpem dunwɔtwe, ɔha ne mmiɛnsa a na ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu aduonum-nsia akyiri pɔ du.[2] Ne mpasua no ka mmarahyɛbadwa nkonnwa dunwɔtwe a New Patriotic Party, Ɔsono amanyɔkuo no nyaa wɔ mmarahyɛbadwa nkonnwa aduonu-nsia no nyinaa mu no ho wɔ saa afe abatoɔ no mu wɔ Atɔeɛ mantam mu. Nnipa a ɔdii wɔn so nkunim no ne Isaac Nti-Ababio Newton of the National Democratic Congress, Felix Atta-Owusu a na ɔgyina National Reformed Party amanyɔkuo no anan mu, Mark Ayitey Kwablah a na ɔgyina Convention Peoples Party amanyɔkuo no anan mu, Joseph Otoo-Essilfie a na ɔgyina United Ghana Movement amanyɔkuo no anan mu ne Hassan Al-Haji Salisu a na ɔno nso gyina Peoples National Convention amanyɔkuo no anan mu no.[2] Abatoɔ no nyinaa baa awieeɛ no, Isaac Nti-Ababio Newton nyaa mma no mu mpem dumienu, ahanson aduosia-nwɔtwe a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu aduasa nkron akyiri pɔ aduosia, Felix Atta-Owusu nso nyaa mma ahansia ne aduonu-mmiɛnsa a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu baako akyiri pɔ aduokron, Mark Ayitey Kwablah nyaa mma ahasa ne aduanan-mmienu a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu baako akiri pɔ du, Joseph Otoo-Essilfie nso nyaa mma ahanu ne aduasa-mmienu a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu ɔha mu nkyɛmu hwee akyiri pɔ aduoson ɛnna Hassan Al-Haji Salisu nyaa mma no mu ɔha ne aduowɔtwe-mmiɛnsa a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu hwee akyiri pɔ aduosia.[2]

N'adwumasɛm[sesa]

Kwaw yɛ mmarahyɛbadwani dada ma Lower West Akim abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana no firii mfeɛ mpenu ne baako kɔsii mfeɛ mpenu ne num no mu.[1]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 "The Presidential and Parliamentary Elections in Ghana, 7 December 1996", Commonwealth Election Reports, 1997-01-01, doi:10.14217/9781848595958-en, ISSN 2310-1512, retrieved 2022-09-04
  2. 2.0 2.1 2.2 Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Lower West Akim Constituency, retrieved 2022-09-04