Jump to content

Patience Peterson-Kundok

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Patience Peterson-Kundok (wɔwoo no 29 September 2001) yɛ Ghana bɔɔlbɔni a ɔyɛ adwumaden, a ɔbɔ sɛ mfimfini bɔɔlbɔfo ma Hakkarigücü Spor wɔ Turkey Mmea Bɔɔlbɔ Super League . Na ɔyɛ Ghana ɔman U-17 ne U-20 akuw no muni.

Club adwuma[sesa]

Peterson-Kundok bɔɔ bɔɔl maa Ampem Darkoa Ladies FC wɔ ne man Premier League mu . Wɔ afe 2020-21 berɛ mu no, ɔbɔɔ bɔɔl anum wɔ agodie 28 a ɔdiiɛ mu.

Ɔkɔɔ Armenia wɔ August 2021 mu, na ɔde ne ho kɔbɔɔ Noravank SC . Wɔ October 2022 mu no, otu kɔɔ Turkey na ɔde ne nsa hyɛɛ afe biako apam ase ne Hakkarigücü Spor sɛ ɔbɛbɔ wɔ Women’s Super League .

Amanaman ntam adwuma[sesa]

Peterson-Kundok yii ne ho adi mpɛn pii wɔ Ghana ɔman U-17 (Black Maidens) ne U-120 (Black Princesses) akuw mu. Ɔbɔɔ bɔɔl maa Ghana U-20 kuw no wɔ 2018 FIFA U-20 Mmea Wiase Kupɔn a wɔyɛe wɔ France no mu. Wɔfrɛɛ no bio kɔɔ U-20 kuw no mu bio maa 2020 FIFA U-20 Mmea Wiase Kupɔn a wɔde bɛkɔ no.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]