Jump to content

Ntehyeewa

Ɛfi Wikipedia
asthma
class of disease
subclass ofbronchospasm, Nyarewa Sesa
health specialtypulmonology, immunology Sesa
symptoms and signscough, chest pain, inflammation, wheeze Sesa
possible medical findingsCurschmann's spirals Sesa
risk factorsmoking, air pollution Sesa
ICD-9-CM493, 493.9 Sesa
ICPC 2 IDR96 Sesa
NCI Thesaurus IDC28397 Sesa
Asthma
Peak flow meters are used to measure the peak expiratory flow rate, important in both monitoring and diagnosing asthma.
Pronunciation
  • UK: /ˈæsmə, ˈæsθmə/
  • US: /ˈæzmə/
Specialty Pulmonology
Symptoms Recurring episodes of wheezing, coughing, chest tightness, shortness of breath
Complications Gastroesophageal reflux disease (GERD), sinusitis, obstructive sleep apnea
Usual onset Childhood
Duration Long term
Causes Genetic and environmental factors
Risk factors Air pollution, allergens
Diagnostic method Based on symptoms, response to therapy, spirometry
Treatment Avoiding triggers, inhaled corticosteroids, salbutamol
Frequency approx. 262 million (2019)
Deaths

Ntehyeewa a wɔfrɛ no asthma wɔ borɔfo kasa mu no yɛ yadeɛ a, nipadua no akwaa a ɛboa ma yɛhome no ho sintɔ de ba. Sɛ obi wɔ bi a, nyɛ daa na ɛba. Mmom sɛ ɛba a ɔntumi nhome yie. Ɔhome a ɛnsisi so. Ɛrekame ayɛ sɛ ne home rete.[1]

Nsɛnkyerɛnne[sesa]

Wɔn a wɔwɔ no taa bɔ wa. Afei nso sɛ ɛba a, ɔhome a ɛnsisi so. Yeinom ntaa mma. Anadwo anaa berɛ a obi retenetene n'apɔ mu pa ara na ɛtaa ba.[2]Sɛ obi ntehyeewa ba na sɛ ɛrekɔtɔ a, saa berɛ no mpo na nsɛnkyerɛnne no ma ne ho so. [3]ɛfiri sɛ, saa berɛ no na mogya mu mmoa a wɔko nyarewa no ma wɔn ho so pa ara. [4][5]Ebinom ntehyeewa nsɛnkyerɛnne no nhyɛ da nyi ne ho, gye sɛ biribi te sɛ mfuturo, wisie anaa biribi a ne hwa ano yɛ den akɔ wɔn mu.

Deɛ Ɛde Ba[sesa]

Nneyɔeɛ bi a ɛkɔ so wɔ nipadua no mu ne abɔdeɛ a atwa yɛn ho ahyia dwumadie na ɛtumi ka bom de ntehyeewa ba. Abɔdeɛ mu nneɛma bi te sɛ mframa a ɛnyɛ taa kɔ obi mu a na sɛ nipa no honam akwaa a ɛboa no ma ɔhome no nso ahoɔden wɔ fam a, ɛno nso tumi de ntehyeewa ba. Adeɛ baako nso ne sɛ, ɛyɛ yadeɛ a wɔtumi de wo. Wɔhwɛ sɛdeɛ nsɛnkyerɛnne no si teɛ na Wɔakyerɛ sɛ ɛyɛ asthma anaa ɛnyɛ asthma. Wɔhwɛ ahrawa dwumadie. Ntehyeewa gu ahodoɔ pii. Ebi ne atopic ne non-atopic a yɛgyina yadeɛ no ano den so de hwɛ.[6][7] Ɛnam sɛ nneɛma a ɛkɔ so wɔ nipadua no mu ne abɔdeɛ a atwa yɛn ho ahyia dwumadie bom de ntehyeewa ba nti, ɛno na ɛkyerɛ sɛdeɛ yareɛ no ano bɛsi ayɛ den afa ne sɛdeɛ wɔsi wɔbɛsi asɔ ano. [8]Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ kɔ a ntehyeewa yadeɛ no akɔ soro no nyinaa taa gyina abɔdeɛ a atwa yɛn ho ahyia dwumadie so sene deɛ yɛde wo no. [9]Sɛ ɛbɛnam awoɔ ntoatoasoɔ abakɔsɛm so ama obi anya yadeɛ no bi a, ɛhyɛ aseɛ mfeɛ du mmienu. Mfeɛ du mmienu akyiri no deɛ, sɛ obi bɛnya bi a, na ɛgyina abɔdeɛ mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia dwumadie so.

Nsɔano[sesa]

Wɔnnim aduro biara a wɔtumi de sɔ ano. Mmom, wɔtumi di ho dwuma. Wɔn a wɔwɔ bi no nso bɛtumi abɔ wɔn ho ban, sɛ wɔtwe wɔn ho firi nneɛma a ɛde ba no ho a. Berɛ biara nso, ɛsɛ sɛ aduro a yadeɛ no ba a wɔtwe kɔ wɔn mu no ka wɔn ho. Wɔn a wɔwɔ ntehyeewa, nkanka wɔn a wɔn deɛ no reyɛ ayɛ koankorɔ no fa akwan ahodoɔ bebree so bɔ wɔn ho ban; nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, nnipa no mu ɔha nkyekyɛmu aduonum fa apɔmutenetene adwumayɛfoɔ so ma wɔboa wɔn. Wɔwɔ kwan a wɔfa so tenetene wɔn mpɔ mu a, ɛboa ma wɔbɔ wɔn ho ban firi yadeɛ no ho. Yei ho adanseɛ sua pa ara. [10][11]

Yɛadi kan aka sɛ ɛbinom fa vitamins de bɔ wɔn ho ban deɛ, nanso adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ saa nnuanennuro yi tumi tu yadeɛ no ase no nnɔɔso koraa.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Guidelines for the Diagnosis and Management of Asthma 2007 (EPR-3) | NHLBI, NIH (in English), 2020-12-03, retrieved 2024-06-09
  2. Lee Goldman, Andrew I. Schafer (2019-08-16), Goldman-Cecil Medicine (in English), Elsevier Health Sciences, ISBN 978-0-323-55087-1, retrieved 2024-06-09
  3. Archived Reports - Global Initiative for Asthma (in American English), retrieved 2024-06-09
  4. Chest Medicine: Essentials of Pulmonary and Critical Care Medicine - Google Books, 2016-05-05, archived from the original on 2023-01-12, retrieved 2024-06-09{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  5. Textbook of Pulmonary and Critical Care Medicine Vols 1 and 2 - SK Jindal, PS Shankar, Suhail Raoof, Dheeraj Gupta - Google Books, 2016-04-24, archived from the original on 2023-01-12, retrieved 2024-06-09{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  6. Lee Goldman, Andrew I. Schafer (2019-08-16), Goldman-Cecil Medicine (in English), Elsevier Health Sciences, ISBN 978-0-323-55087-1, retrieved 2024-06-09
  7. Robert F. Lemanske, William W. Busse (2010-02), "Asthma: Clinical expression and molecular mechanisms", The Journal of Allergy and Clinical Immunology, vol. 125, no. 2, pp. S95–S102, doi:10.1016/j.jaci.2009.10.047, ISSN 0091-6749, PMC 2853245, PMID 20176271, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  8. Shweta Choudhry, Max A. Seibold, Luisa N. Borrell, Hua Tang, Denise Serebrisky, Rocio Chapela, José R. Rodriguez-Santana, Pedro C. Avila, Elad Ziv, William Rodriguez-Cintron, Neil J. Risch, Esteban González Burchard (2007-07), "Dissecting Complex Diseases in Complex Populations", Proceedings of the American Thoracic Society, vol. 4, no. 3, pp. 226–233, doi:10.1513/pats.200701-029AW, ISSN 1546-3222, PMC 2647623, PMID 17607004, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  9. Redirecting, retrieved 2024-06-09
  10. Redirecting, retrieved 2024-06-09
  11. G Shenfield, E Lim, H Allen (2002-06), "Survey of the use of complementary medicines and therapies in children with asthma", Journal of Paediatrics and Child Health (in English), vol. 38, no. 3, pp. 252–257, doi:10.1046/j.1440-1754.2002.00770.x, ISSN 1034-4810, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)