Jump to content

Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia nsusɔansoɔ wɔ Kookoo Adwumayɛ mu

Ɛfi Wikipedia

Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia nsusɔansoɔ wɔ Kookoo Adwumayɛ mu (Environmental impact of cocoa production) no bi nye kwae a wotutu, asase a wɔsɛe no, ne nnuru a wɔde hyew wura a wɔde di dwuma. Mprempren kookoo mfuw dodow no ara wɔ Côte d’Ivoire ne Ghana.[1]

Ho Nsɛm

[sesa]

Kookoo aba yɛ ade a wɔhwehwɛ kɛse wɔ wiase nyinaa. Wɔde yɛ nneɛma te sɛ kwokulate(chocolate), tɔfe, anonne ne kookoo powder. Nanso, kookoo a wɔyɛ ne kookoo aba a wɔnya no ho adwumayɛ ɛnda fam na egye adwumayɛfo pii.[2][3] Woyi aba no fi nnuadewa a enyin wɔ kookoo nnua no nkorabata so tẽẽ no mu. Bɛyɛ aba 30 kosi 50 na ɛwɔ pɔɔd biara mu. Sɛ wɔyi aba no wie a, ɛsɛ sɛ ɛfa ɔkwan a egye bere pii mu a ɛne abɔde kwan a ɛyɛ hyew na ɛyow no. Sɛnea wɔyɛ kookoo kua no betumi asɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia gyina okuafo no nneyɛe so, na saa ara nso na nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ankasa nso asiw ne trɛ ano. Sɛ nhwɛso no, Wiase Nyinaa Wim Tebea Nsakrae ma ɔpɛ bere kyɛ na ɛyɛ den ma akuafo sɛ wobedua Cacao nnua foforo na wɔakura dada no so.[4] Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu haw no mu dodow no ara fi mframa bɔne a wɔtow gu no.

N'adwumayɛ

[sesa]

Wotumi yɛ Kookoo kuayɛ bɛyɛ digrii 15 pɛ wɔ Equator atifi fam anaa anafo fam. Ebetumi agye bɛyɛ mfe abiɛsa wɔ ne dua akyi ansa na nnua no asow aba a wɔatwa no. Nwansena nketenkete a wɔfrɛ wɔn midges na ɛma kokoo pɔɔd no sɛe. Afei wɔde sekan twitwa kokoo a abere a ne kɔla yɛ kɔkɔɔ no fi nnua no so. Sekan a wɔde di dwuma wɔ saa kwan yi so, a wɔfrɛ no machete mfiridwuma no, mma nyarewa ntrɛw wɔ kokoo nnua mu, na ɛnam so ma nnuru a ekum mmoawa a ɛho nhia no so tew. Sɛ wɔboaboa ano wie a, wɔtetew mu na woyi kookoo aba no fi ne pɔɔd no mu. Afei wɔtrɛw aba no mu, mpɛn pii no wɔ kwadu nhaban ntam, nna dodow bi ma ɛyɛ hyew. Afei, wɔde aba no gu apa so wɔ awia mu ma ɛyow nna pii bio. Sɛ ɛyow wie a, wɔboaboa ano, de gu nkotoku mu na wɔde kɔ adwumayɛbea ahorow a wɔboaboa kookoo ano.[5]

Beaɛ a menyaa mmoa fii

[sesa]
  1. Research Gate (2008-11-01), Environmental impacts of cocoa production and processing in Ghana: life cycle assessment approach
  2. The Cacao Tree (in English), retrieved 2024-08-01
  3. Cacao tree - Theobroma cacao | Plants | Kew, retrieved 2024-08-01
  4. Climate-change research suggests that pollen seasons will grow longer and more severe, retrieved 2024-08-01
  5. http://www.worldagroforestry.org/treesandmarkets/inaforesta/documents/agrof_cons_biodiv/Ch.3-Growing-Cocoa-Beans.pdf